< Nnwom 116 >

1 Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne. Ɔtee me mmɔborɔsu.
I love the Lord because he listens to me, he hears my calls for help.
2 Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti, mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi.
Because he pays attention to what I say I will pray to him as long as I live.
3 Owu ahama bebaree me, ɔda ho yawdi baa me so, ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so. (Sheol h7585)
I was caught in the snares of death; I was trapped by terrors of the grave. All I experienced was suffering and grief. (Sheol h7585)
4 Afei mebɔɔ Awurade din kae se, “Awurade, gye me nkwa!”
Then I cried out to the Lord, “Lord, please save me!”
5 Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni; ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma.
The Lord is so kind and good! Our God is so compassionate!
6 Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban; bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me.
The Lord takes care of those who are powerless; when I was brought down he saved me.
7 Nya abotɔyam bio, me kra, efisɛ Awurade ne wo adi no yiye.
I can once again be at peace because the Lord has been good to me.
8 Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu; woamma mʼani amporow nisu, na woamma mʼanan anhintiw
For you have saved me from death, my eyes from crying, and my feet from stumbling.
9 sɛ mɛnantew Awurade anim wɔ ateasefo asase so.
Now I can walk with the Lord in the land of the living.
10 Migye dii; ɛno nti mekae se, “Mewɔ ahohia kɛse mu.”
I trusted in you, so I told you, “I'm suffering terribly!”
11 Na mʼahokyere mu mekae se, “Nnipa nyinaa yɛ atorofo.”
I was so upset that I said, “Everyone's a liar!”
12 Dɛn na metumi de atua Awurade ka wɔ ne papa a wayɛ me nyinaa?
What can I give the Lord in return for all he's done for me?
13 Mɛma nkwagye kuruwa no so na mabɔ Awurade din.
I will lift up the cup of salvation and worship the Lord.
14 Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim.
I will keep my promises to the Lord so everyone can see.
15 Awurade nkoa nokwafo wu som bo wɔ Awurade ani so.
It hurts the Lord when those who trust in him die.
16 Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo; meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima; woayi me afi me mpokyerɛ mu.
Lord, I really am your slave, serving you as my mother served you before me, yet you have set me free.
17 Mɛbɔ aseda afɔre ama wo na mabɔ Awurade din.
I will offer a sacrifice of thanksgiving to you and I will worship you.
18 Medi me ntam a maka Awurade no so wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim,
I will keep my promises to the Lord so everyone can see,
19 wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no, wɔ wʼanim, Yerusalem. Monkamfo Awurade.
there in the house of the Lord, right in Jerusalem. Praise the Lord!

< Nnwom 116 >