< Nnwom 115 >
1 Ɛnyɛ yɛn, Awurade, ɛnyɛ yɛn, na wo din na anuonyam nka, wʼadɔe ne wo nokwaredi nti.
Nie nam, PANIE, nie nam, ale twemu imieniu daj chwałę za twoje miłosierdzie [i] prawdę.
2 Adɛn nti na aman no bisa se, “Wɔn Nyankopɔn wɔ he?”
Czemu mają mówić poganie: Gdzież teraz [jest] ich Bóg?
3 Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro; nea ɔpɛ biara na ɔyɛ.
A nasz Bóg [jest] w niebie, czyni wszystko, co zechce.
4 Nanso wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a wɔde onipa nsa na ayɛ.
Ich bożki [to] srebro i złoto, dzieło rąk ludzkich.
5 Wɔwɔ ano, nanso wontumi nkasa; wɔwɔ ani, nanso wonhu ade.
Usta mają, ale nie mówią; mają oczy, ale nie widzą.
6 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm; wɔwɔ hwene, nanso wɔnte hua.
Uszy mają, ale nie słyszą; mają nozdrza, ale nie czują.
7 Wɔwɔ nsa, nanso wɔnte nka; wɔwɔ anan, nanso wɔnnantew. Wontumi mma nnyigyei bi mfi wɔn mene mu.
Ręce mają, ale nie dotykają; mają nogi, ale nie chodzą; ani gardłem swoim nie wydają głosu.
8 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara, saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
Niech będą do nich podobni ci, którzy je robią, [i] wszyscy, którzy im ufają.
9 Mo Israelfo nyinaa, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.
Izraelu, ufaj PANU; on jest ich pomocą i tarczą.
10 Ao Aaronfi, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.
Domu Aarona, ufaj PANU; on jest ich pomocą i tarczą.
11 Mo a musuro no, momfa mo ho nto Awurade so, ɔyɛ mo boafo ne kyɛm.
Wy, którzy się boicie PANA, ufajcie PANU; on jest ich pomocą i tarczą.
12 Awurade kae yɛn na obehyira yɛn: Obehyira Israelfi, obehyira Aaronfi
PAN pamięta o nas, będzie błogosławił; będzie błogosławił domowi Izraela, będzie błogosławił domowi Aarona.
13 Obehyira wɔn a wosuro Awurade, nketewa ne akɛse nyinaa.
Będzie błogosławił tym, którzy boją się PANA, i małym, i wielkim.
14 Awurade mma wʼase nnɔ, wo ne wo mma.
Rozmnoży was PAN, was i waszych synów.
15 Awurade nhyira wo, ɔsoro ne asase Yɛfo no.
Błogosławieni jesteście przez PANA, który stworzył niebo i ziemię.
16 Ɔsorosoro tɔnn yɛ Awurade de, nanso asase de, ɔde ama onipa.
Niebiosa są niebiosami PANA, ale ziemię dał synom ludzkim.
17 Ɛnyɛ awufo na wɔkamfo Awurade wɔn a wɔkɔ fam dinn no.
Umarli nie będą chwalili PANA ani nikt z tych, którzy zstępują do [miejsca] milczenia.
18 Yɛn na yɛma Awurade so nnɛ ne daa nyinaa. Monkamfo Awurade.
Ale my będziemy błogosławili PANA, odtąd aż na wieki. Alleluja.