< Nnwom 113 >

1 Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no, monkamfo Awurade din.
¡Alabado sea Yah! Alabad, siervos de Yahvé, alabar el nombre de Yahvé.
2 Momma wɔnkamfo Awurade din, mprempren ne daa nyinaa.
Bendito sea el nombre de Yahvé, desde este momento y para siempre.
3 Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din.
Desde la salida del sol hasta su puesta, El nombre de Yahvé debe ser alabado.
4 Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanuonyam tra ɔsorosoro.
Yahvé es alto sobre todas las naciones, su gloria sobre los cielos.
5 Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro,
¿Quién es como Yahvé, nuestro Dios? que tiene su asiento en lo alto,
6 ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase?
¿quién se inclina para ver en el cielo y en la tierra?
7 Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu na ɔma onnibi so fi nso siw so;
Él levanta a los pobres del polvo, y levanta a los necesitados del montón de cenizas,
8 ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu.
para que lo ponga con los príncipes, incluso con los príncipes de su pueblo.
9 Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi sɛ ɔbeatan a nʼani gye. Monkamfo Awurade.
Él asienta a la mujer estéril en su casa como una alegre madre de niños. ¡Alabado sea Yah!

< Nnwom 113 >