< Nnwom 112 >

1 Monkamfo Awurade. Nhyira nka onipa a osuro Awurade na onya nʼahyɛde mu anigye pii.
הללו יה אשרי איש ירא את יהוה במצותיו חפץ מאד׃
2 Ne mma bɛyɛ atumfo wɔ asase no so; atreneefo awo ntoatoaso benya nhyira.
גבור בארץ יהיה זרעו דור ישרים יברך׃
3 Ahonya ne sika wɔ ne fi, na ne trenee tena hɔ daa.
הון ועשר בביתו וצדקתו עמדת לעד׃
4 Sum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔteɛ, ma ɔdomfo, mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo.
זרח בחשך אור לישרים חנון ורחום וצדיק׃
5 Yiyedi bɛba wɔn a wɔn tirim yɛ mmerɛw na wɔde fɛm kwa, wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ wɔn nneɛma no so.
טוב איש חונן ומלוה יכלכל דבריו במשפט׃
6 Ampa ara ɔrenhinhim da biara da; wɔbɛkae onipa trenee daa.
כי לעולם לא ימוט לזכר עולם יהיה צדיק׃
7 Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ no hu; ne koma si pi wɔ Awurade mu ahotoso mu.
משמועה רעה לא יירא נכון לבו בטח ביהוה׃
8 Ne koma wɔ bammɔ, na onsuro; awiei no ɔde nkonimdi behyia nʼatamfo.
סמוך לבו לא יירא עד אשר יראה בצריו׃
9 Ɔtow nʼakyɛde pete aman so ma ahiafo nea wohia, nʼadɔe no tena hɔ daa; wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn anuonyam.
פזר נתן לאביונים צדקתו עמדת לעד קרנו תרום בכבוד׃
10 Omumɔyɛfo behu ama ayɛ no yaw, ɔbɛtwɛre ne se na wafɔn; omumɔyɛfo tirimpɔw bɛyɛ ɔkwa.
רשע יראה וכעס שניו יחרק ונמס תאות רשעים תאבד׃

< Nnwom 112 >