< Nnwom 111 >

1 Monkamfo Awurade! Mefi me koma nyinaa mu ama Awurade so wɔ atreneefo aguabɔ ne asafo no mu.
Monkamfo Awurade! Mɛfiri mʼakoma nyinaa mu ama Awurade so wɔ ateneneefoɔ adwabɔ ne asafo no mu.
2 Awurade nnwuma yɛ akɛse; wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susuw ho.
Awurade nnwuma yɛ kɛseɛ; wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susu ho.
3 Ne nnwuma yɛ tumi ne anuonyam, na ne trenee wɔ hɔ daa.
Ne nnwuma yɛ tumi ne animuonyam, na ne tenenee wɔ hɔ daa.
4 Ɔma yɛkae nʼanwonwade; Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo.
Ɔma yɛkae nʼanwanwadeɛ; Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ.
5 Ɔma wɔn a wosuro no no aduan; ɔkae nʼapam no daa.
Ɔma wɔn a wosuro no no aduane; ɔkae nʼapam no daa.
6 Wakyerɛ ne nkurɔfo tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, sɛ ɔde aman afoforo nsase ama wɔn.
Wakyerɛ ne nkurɔfoɔ tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, sɛ ɔde aman afoforɔ nsase ama wɔn.
7 Ne nsa ano nnwuma yɛ nokware na ɛteɛ; nʼahyɛde nyinaa mu wɔ ahotoso.
Ne nsa ano nnwuma yɛ nokorɛ na ɛtene; nʼahyɛdeɛ nyinaa mu wɔ ahotosoɔ.
8 Etim hɔ daa daa, nokware ne trenee mu na ɔyɛe.
Ɛtim hɔ daa daa, nokorɛ ne tenenee mu na ɔyɛeɛ.
9 Ɔde ogye maa ne nkurɔfo; ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.
Ɔde ɔgyeɛ maa ne nkurɔfoɔ; ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.
10 Awurade suro yɛ nyansa mfiase; wɔn a wodi nʼahyɛde so nyinaa wɔ nhumu pa. Ɔno na daa ayeyi wɔ no.
Awurade suro yɛ nyansa mfitiaseɛ; wɔn a wɔdi nʼahyɛdeɛ so nyinaa wɔ nhunumu pa. Ɔno na daa ayɛyie wɔ no.

< Nnwom 111 >