< Nnwom 110 >

1 Dawid dwom. Awurade ka kyerɛɛ me Wura se, “Tena me nifa so kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wʼanan ase ntiaso.”
A Psalm of David. The affirmation of Jehovah to my Lord: 'Sit at My right hand, Till I make thine enemies thy footstool.'
2 Awurade bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion; na wubedi hene wɔ wʼatamfo so.
The rod of thy strength doth Jehovah send from Zion, Rule in the midst of thine enemies.
3 Wʼasraafo beyi wɔn koma mu da a wobɛkɔ ɔsa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade na wo mmabun bɛba wo nkyɛn sɛnea obosu gugu anɔpahema.
Thy people [are] free-will gifts in the day of Thy strength, in the honours of holiness, From the womb, from the morning, Thou hast the dew of thy youth.
4 Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem sɔfo sɛ Melkisedek sɛso.”
Jehovah hath sworn, and doth not repent, 'Thou [art] a priest to the age, According to the order of Melchizedek.'
5 Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no.
The Lord on thy right hand smote kings In the day of His anger.
6 Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano; na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa.
He doth judge among the nations, He hath completed the carcases, Hath smitten the head over the mighty earth.
7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu enti obedi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.
From a brook in the way he drinketh, Therefore he doth lift up the head!

< Nnwom 110 >