< Nnwom 11 >

1 Dawid dwom. Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.
Dawid dwom. Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wotumi ka kyerɛ me sɛ, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔ so.
2 Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu, na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama so sɛ wɔbɛtow wɔ sum mu de awɔ koma mu ahotefo.
Na hwɛ, amumuyɛfoɔ akuntunu wɔn tadua mu, na wɔde wɔn mmɛmma asisi nhoma so sɛ wɔbɛto wɔ esum mu de awɔ akoma mu ahotefoɔ.
3 Sɛ wɔresɛe fapem no a, dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?”
Sɛ wɔresɛe fapem no a, ɛdeɛn na ɔteneneeni bɛtumi ayɛ?”
4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahengua so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.
Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahennwa so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.
5 Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu, na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de, ne kra kyi wɔn.
Awurade hwehwɛ ɔteneneeni mu, na amumuyɛfoɔ ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ deɛ, ne kra kyiri wɔn.
6 Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛw agu amumɔyɛfo so; na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa.
Ɔbɛtɔ gyaframa ne sɔfe a ɛrederɛ agu Amumuyɛfoɔ so; na mframa a emu yɛ hyeɛ bɛyɛ wɔn kyɛfa.
7 Awurade yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ atɛntrenee; wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim. Wɔde ma dwonkyerɛfo se wɔnto no wɔ “Seminit” sanku nne so.
Awurade yɛ ɔteneneeni, na ɔpɛ atɛntenenee; wɔn a wɔtene no bɛhunu nʼanim. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ “Seminit” sankuo nne so.

< Nnwom 11 >