< Nnwom 11 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so. 2 Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu, na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama so sɛ wɔbɛtow wɔ sum mu de awɔ koma mu ahotefo. 3 Sɛ wɔresɛe fapem no a, dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?” 4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahengua so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu. 5 Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu, na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de, ne kra kyi wɔn. 6 Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛw agu amumɔyɛfo so; na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa. 7 Awurade yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ atɛntrenee; wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim.

< Nnwom 11 >