< Nnwom 11 >

1 Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom. Awurade mu na mede me werɛ ahyɛ. Adɛn na wutumi ka kyerɛ me se, “Tu te sɛ anomaa kɔ wo bepɔw so.
For the Chief Musician. [A Psalm] of David. In Jehovah do I take refuge: How say ye to my soul, Flee [as] a bird to your mountain;
2 Na hwɛ, amumɔyɛfo akuntun wɔn ta mu, na wɔde wɔn mmɛmma asisi ahama so sɛ wɔbɛtow wɔ sum mu de awɔ koma mu ahotefo.
For, lo, the wicked bend the bow, They make ready their arrow upon the string, That they may shoot in darkness at the upright in heart;
3 Sɛ wɔresɛe fapem no a, dɛn na ɔtreneeni betumi ayɛ?”
If the foundations be destroyed, What can the righteous do?
4 Awurade wɔ nʼasɔredan kronkron no mu; Awurade te ne soro ahengua so. Ɔhwɛ nnipa mma, nʼani hwehwɛ wɔn mu.
Jehovah is in his holy temple; Jehovah, his throne is in heaven; His eyes behold, his eyelids try, the children of men.
5 Awurade hwehwɛ ɔtreneeni mu, na amumɔyɛfo ne wɔn a wɔpɛ basabasayɛ de, ne kra kyi wɔn.
Jehovah trieth the righteous; But the wicked and him that loveth violence his soul hateth.
6 Ɔbɛtɔ ogyatannaa ne sufre a ɛredɛw agu amumɔyɛfo so; na mframa a mu yɛ hyew bɛyɛ wɔn kyɛfa.
Upon the wicked he will rain snares; Fire and brimstone and burning wind shall be the portion of their cup.
7 Awurade yɛ ɔtreneeni, na ɔpɛ atɛntrenee; wɔn a wɔteɛ no behu nʼanim.
For Jehovah is righteous; he loveth righteousness: The upright shall behold his face.

< Nnwom 11 >