< Nnwom 109 >
1 Dawid dwom. Me Nyankopɔn a mekamfo wo, nyɛ komm,
Dawid dwom. Ao Onyankopɔn a mekamfo woɔ, mmua wʼano,
2 na amumɔyɛfo ne nkontompofo atu wɔn ano agu me so; wɔde atoro tɛkrɛma akasa atia me.
na amumuyɛfoɔ ne nkontompofoɔ atu wɔn ano agu me so; wɔde atorɔ tɛkrɛma akasa atia me.
3 Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia na wɔtow hyɛ me so a menkaa wɔn.
Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia na wɔto hyɛ me so a menkaa wɔn.
4 Wɔka nsɛm to me so de tua mʼadɔeyɛ so ka, nanso meyɛ obi a mepɛ mpaebɔ.
Wɔka nsɛm to me so de tua me nnamfoyɛ so ka, nanso meyɛ obi a ɔpɛ mpaeɛbɔ.
5 Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka, na wɔde ɔtan tua mʼadɔeyɛ so ka.
Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka, na wɔde ɔtan tua me nnamfoyɛ so ka.
6 Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no; na Satan nnyina ne nsa nifa so.
Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no; na Satan nnyina ne nsa nifa so.
7 Wodi nʼasɛm a, ma onni fɔ, na ne mpaebɔ mmu no kumfɔ.
Wɔdi nʼasɛm a, ma ɔnni fɔ, na ne mpaeɛbɔ mmu no kumfɔ.
8 Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi; na ɔfoforo nsi nʼanan mu sɛ ɔkannifo.
Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi; na ɔfoforɔ nsi nʼanan mu sɛ ɔkandifoɔ.
9 Ma ne mma nyɛ ayisaa na ne yere nyɛ okunafo.
Ma ne mma nyɛ nwisiaa na ne yere nyɛ okunafoɔ.
10 Ma ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade; ma wɔmpam wɔn mfi wɔn afi a abubu no mu.
Ma ne mma nkyinkyini nsrɛsrɛ adeɛ; ma wɔmpam wɔn mfiri wɔn afie a abubuo no mu.
11 Ma ɔdefirifo bi mfa nea ɔwɔ nyinaa; na ananafo mfom nʼadwuma so aba.
Ma ɔdefirifoɔ bi mfa deɛ ɔwɔ nyinaa; na amanfrafoɔ mfom nʼadwuma so aba.
12 Mma obiara nhu no, anaa ne ayisaa mmɔbɔ.
Mma obiara nhunu no mmɔbɔ Mma obiara nhunu ne nwisiaa nso mmɔbɔ.
13 Ma nʼase nhyew, na wɔn din nyera wɔ awo ntoatoaso a ɛreba no mu.
Ma nʼase nhye, na wɔn din nyera wɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu.
14 Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim; na ne na bɔne no ntena hɔ daa.
Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim; na ne maame bɔne no ntena hɔ daa.
15 Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim, na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.
Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim, na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.
16 Efisɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔe, na mmom ɔtaa ahiafo mmɔborɔfo ne wɔn a wɔn werɛ ahow de kɔɔ owu mu.
Ɛfiri sɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔeɛ, na mmom ɔtaa ahiafoɔ mmɔborɔfoɔ ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ de kɔɔ owuo mu.
17 Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome enti nnome mmra no so; wampɛ sɛ obehyira enti nhyira mmɔ no.
Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome enti nnome mmra ne so; wampɛ sɛ ɔbɛhyira enti nhyira mmɔ no.
18 Ɔhyɛɛ nnome sɛ atade; ɛno kɔɔ ne nipadua mu sɛ nsu, ne ne nnompe mu sɛ ngo.
Ɔhyɛɛ nnome sɛ atadeɛ; ɛnonom kɔɔ ne onipadua mu sɛ nsuo, ne ne nnompe mu sɛ ngo.
19 Ma ɛnyɛ sɛ atade a ɛkyekyere ne ho, ne abɔso a ɛbɔ no daa.
Ma ɛnyɛ sɛ atadeɛ a ɛkyekyere ne ho, ne abɔsoɔ a ɛbɔ no daa.
20 Ma eyi nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me sobobɔfo, wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.
Ma yei nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me kwaadubɔfoɔ, wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.
21 Nanso wo Asafo Awurade, wo din nti wo ne me nni no yiye; fi wʼadɔe mu gye me.
Nanso, wo Ao Asafo Awurade, wo din enti, wo ne me nni no yie; firi wʼadɔeɛ mu gye me.
22 Efisɛ meyɛ ohiani ne nea onni bi, na me koma atɔ beraw wɔ me mu.
Ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne deɛ onnibie, na mʼakoma atɔ baha wɔ me mu.
23 Mitwaa mu sɛ anwummere sunsuma; wopia me kyene sɛ mmoadabi.
Metwam sɛ anwummerɛ sunsumma; wɔwoso me kyene sɛ ntutummɛ.
24 Mmuadadi ama me nkotodwe mu agugow; mafɔn, na ama aka me nnompe.
Abuadadie ama me kotodwe mu agogo; mafɔn na ama aka me nnompe.
25 Mayɛ aserewde ama wɔn a wɔbɔ me sobo; sɛ wohu me a, wɔwosow wɔn ti.
Mayɛ aseredeɛ ama wɔn a wɔbɔ me soboɔ; sɛ wohunu me a, wɔwoso wɔn ti.
26 Boa me, Awurade me Nyankopɔn; gye me sɛnea wʼadɔe te.
Boa me, Ao Awurade me Onyankopɔn; gye me sɛdeɛ wʼadɔeɛ teɛ.
27 Ma wonhu sɛ ɛyɛ wo nsa, na wo na woayɛ, Awurade.
Ma wɔnhunu sɛ ɛyɛ wo nsa, na wo na woayɛ, Ao Awurade.
28 Wɔbɛdome, nanso wubehyira; sɛ wɔtow hyɛ me so a wɔn anim begu ase, nanso wo somfo ani begye.
Wɔbɛdome, nanso wobɛhyira; sɛ wɔto hyɛ me so a, wɔn anim bɛgu ase, nanso wo ɔsomfoɔ ani bɛgye.
29 Mʼatamfo befura animguase; na akyekyere wɔn ho sɛ atade.
Animguaseɛ bɛdura mʼatamfoɔ ho; na akyekyere wɔn ho sɛ atadeɛ.
30 Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛse; mɛkamfo no wɔ dɔm mu.
Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛseɛ; mɛkamfo no wɔ nnipadɔm mu.
31 Efisɛ ogyina ohiani nsa nifa so sɛ obegye no nkwa afi wɔn a wobu no kumfɔ nsam.
Ɛfiri sɛ, ɔgyina onnibie nsa nifa so sɛ ɔbɛgye no nkwa afiri wɔn a wɔbu no kumfɔ nsam.