< Nnwom 107 >
1 Monna Awurade ase na oye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Give thanks to the LORD, for He is good; His loving devotion endures forever.
2 Momma wɔn a Awurade agye wɔn nka saa, wɔn a wagye wɔn afi ɔtamfo nsam no;
Let the redeemed of the LORD say so, whom He has redeemed from the hand of the enemy
3 wɔn a ɔboaboaa wɔn ano fii nsase so no, efi apuei kosi atɔe, atifi kosi anafo.
and gathered from the lands, from east and west, from north and south.
4 Ebinom kyinkyinii wɔ nsase pradada so, a wɔanhu ɔkwan ankɔ kuropɔn no mu, faako a wobetumi anya atenae.
Some wandered in desert wastelands, finding no path to a city in which to dwell.
5 Ɔkɔm ne osukɔm dee wɔn na wɔtotɔɔ beraw.
They were hungry and thirsty; their soul fainted within them.
6 Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahohiahia mu.
Then they cried out to the LORD in their trouble, and He delivered them from their distress.
7 Ɔde wɔn faa ɔkwan tee so baa kuropɔn a wotumi tena mu no mu.
He led them on a straight path to reach a city where they could live.
8 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho,
Let them give thanks to the LORD for His loving devotion and His wonders to the sons of men.
9 ɔma wɔn a osukɔm de wɔn nsu na ɔde nnepa hyɛ wɔn a ɔkɔm de wɔn ma.
For He satisfies the thirsty and fills the hungry with good things.
10 Ebinom tenaa sum ne awerɛhow mu, nneduafo a wɔde dade nkɔnsɔnkɔnsɔn agu wɔn,
Some sat in darkness and in the shadow of death, prisoners in affliction and chains,
11 efisɛ wɔatew Onyankopɔn nsɛm ho atua na wɔabu Ɔsorosoroni no agyinatu animtiaa.
because they rebelled against the words of God and despised the counsel of the Most High.
12 Enti ogyaa wɔn maa adwumaden; wohintihintiwii, na wɔannya ɔboafo.
He humbled their hearts with hard labor; they stumbled, and there was no one to help.
13 Afei wosu frɛɛ Awurade wɔ wɔn amanehunu mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.
Then they cried out to the LORD in their trouble, and He saved them from their distress.
14 Oyii wɔn fii sum ne awerɛhow mu, na obubuu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn mu.
He brought them out of darkness and the shadow of death and broke away their chains.
15 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho,
Let them give thanks to the LORD for His loving devotion and His wonders to the sons of men.
16 efisɛ obubu kɔbere mfrafra apon na otwitwa nnadeban mu.
For He has broken down the gates of bronze and cut through the bars of iron.
17 Ebinom bɛyɛɛ nkwaseafo, wɔn atuatew nti, na wohuu amane, wɔn nnebɔne nti.
Fools, in their rebellious ways, and through their iniquities, suffered affliction.
18 Wokyii aduan nyinaa na wotwiw bɛnee owu pon ano.
They loathed all food and drew near to the gates of death.
19 Afei wosu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.
Then they cried out to the LORD in their trouble, and He saved them from their distress.
20 Ɔsomaa nʼasɛm na ɔsaa wɔn yare; na ogyee wɔn fii ɔda mu.
He sent forth His word and healed them; He rescued them from the Pit.
21 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho.
Let them give thanks to the LORD for His loving devotion and His wonders to the sons of men.
22 Momma wɔmmɔ aseda afɔre na wɔmfa ahurusi nnwom nka ne nnwuma ho asɛm.
Let them offer sacrifices of thanksgiving and declare His works with rejoicing.
23 Ebinom tenaa ahyɛn mu wɔ po so; wɔyɛ aguadifo wɔ nsu akɛse so.
Others went out to sea in ships, conducting trade on the mighty waters.
24 Wohuu Awurade nnwuma, nʼanwonwade a ɛwɔ bun mu.
They saw the works of the LORD, and His wonders in the deep.
25 Ɔkasa maa ahum tui na ekukuru asorɔkye.
For He spoke and raised a tempest that lifted the waves of the sea.
26 Wokukuru kɔɔ ɔsorosoro na wosian kɔɔ bun mu tɔnn; wɔn amanehunu mu no wɔn koma tui.
They mounted up to the heavens, then sunk to the depths; their courage melted in their anguish.
27 Wokyim totɔɔ ntintan sɛ asabowfo; na wonhu nea wɔnnyɛ bio.
They reeled and staggered like drunkards, and all their skill was useless.
28 Afei wosu frɛɛ Awurade, wɔn amanehunu mu, na ogyee wɔn fii wɔn ahohia mu.
Then they cried out to the LORD in their trouble, and He brought them out of their distress.
29 Ɔmaa ahum no yɛɛ dinn; po so asorɔkye ano brɛɛ ase.
He calmed the storm to a whisper, and the waves of the sea were hushed.
30 Wɔn ani gyei, bere a ɛyɛɛ dinn no, na ɔkyerɛɛ wɔn ɔkwan de wɔn koduu gyinabea a wɔpɛ.
They rejoiced in the silence, and He guided them to the harbor they desired.
31 Momma wɔnna Awurade ase, nʼadɔe a ɛnsa da ne nʼanwonwade a ɔyɛ ma nnipa no ho.
Let them give thanks to the LORD for His loving devotion and His wonders to the sons of men.
32 Wɔmma no so wɔ asafo no mu na wɔnkamfo no wɔ mpanyimfo nhyiamu ase.
Let them exalt Him in the assembly of the people and praise Him in the council of the elders.
33 Ɔdan nsubɔnten maa no yɛɛ sare, asuten yɛɛ asase wosee,
He turns rivers into deserts, springs of water into thirsty ground,
34 na asasebere dan nkyenenkyene, wɔn a wɔte asase no so amumɔyɛ nti.
and fruitful land into fields of salt, because of the wickedness of its dwellers.
35 Ɔdan sare so maa no yɛɛ nsuwansuwa na nkyɛkyerɛ yɛɛ sɛ nsuten anan mu;
He turns a desert into pools of water and a dry land into flowing springs.
36 Ɛhɔ na ɔde wɔn a ɔkɔm de wɔn kɔsoɛe, na wɔkyekyeree kuropɔn tenaa mu.
He causes the hungry to settle there, that they may establish a city in which to dwell.
37 Wɔyɛɛ mfuw ne bobe nturo na ɛmaa wɔn nnɔbae bebree.
They sow fields and plant vineyards that yield a fruitful harvest.
38 Ohyiraa wɔn na wɔn ase dɔe. Wamma wɔn nyɛmmoa dodow so anhuan.
He blesses them, and they multiply greatly; He does not let their herds diminish.
39 Afei wɔn dodow so huanee na nhyɛso, amanehunu ne awerɛhow brɛɛ wɔn ase;
When they are decreased and humbled by oppression, evil, and sorrow,
40 nea obu abirɛmpɔn animtiaa no ma wokyinkyin asase kesee a ɔkwan nni hɔ so.
He pours out contempt on the nobles and makes them wander in a trackless wasteland.
41 Nanso ɔmaa ahiafo so fii wɔn ahohia mu na ɔmaa wɔn mmusua dɔɔ sɛ nguankuw.
But He lifts the needy from affliction and increases their families like flocks.
42 Atreneefo hu ma wɔn ani gye, nanso amumɔyɛfo nyinaa mua wɔn ano.
The upright see and rejoice, and all iniquity shuts its mouth.
43 Momma nea ɔyɛ onyansafo no mmu eyinom, na onsusuw Awurade adɔe kɛse no ho.
Let him who is wise pay heed to these things and consider the loving devotion of the LORD.