< Nnwom 106 >

1 Monkamfo Awurade! Monna Awurade ase na oye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa.
Halleluja! Lov Herren, thi han er god, thi hans miskundhed varer evindelig!
2 Hena na obetumi aka nneɛma akɛse a Awurade ayɛ? Anaasɛ obetumi aka ne nkamfo awie?
Hvo kan opregne Herrens vældige gerninger, finde ord til at kundgøre al hans pris?
3 Nhyira nka wɔn a wɔkɔ so bu atɛntrenee, na daa wɔyɛ nea eye.
Salige de, der holder på ret, som altid øver retfærdighed!
4 Awurade, sɛ wuhu wo nkurɔfo mmɔbɔ a kae me, sɛ wugye wɔn nkwa a, boa me,
Husk os, Herre, når dit folk finder nåde, lad os få godt af din frelse,
5 na manya wɔn a wapaw wɔn no yiyedi mu kyɛfa, na manya wo manfo anigye no mu kyɛfa, na me ne wʼagyapade no abɔ mu de nkamfo ama wo.
at vi må se dine udvalgtes lykke, glæde os ved dit folks glæde og med din arvelod prise vor lykke!
6 Yɛayɛ bɔne sɛnea yɛn nenanom yɛe no; yɛayɛ mfomso na yɛadi atirimɔdensɛm.
Vi syndede som vore Fædre, handlede ilde og gudløst.
7 Bere a yɛn nenanom wɔ Misraim no, wɔannwene wo nsɛnkyerɛnne ho; wɔankae wʼadɔe bebrebe no, na wɔtew atua wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.
Vore Fædre i Ægypten ænsede ej dine Undere, kom ikke din store Miskundhed i Hu, stod den Højeste imod ved det røde Hav.
8 Nanso ne din nti ogyee wɔn nkwa, sɛnea ɔbɛda ne tumi kɛse no adi.
Dog frelste han dem for sit Navns Skyld, for at gøre sin Vælde kendt;
9 Ɔteɛɛ Po Kɔkɔɔ no ma ɛyowee; ɔde wɔn faa bun mu te sɛ sare so.
han trued det røde Hav, og det tørrede ud, han førte dem gennem Dybet som gennem en Ørk;
10 Ogyee wɔn fii ɔtamfo no nsam; nea ɔtan wɔn no nsam na oyii wɔn fii.
han fried dem af deres Avindsmænds Hånd og udløste dem fra Fjendens Hånd;
11 Nsu kataa wɔn atamfo so; na ɔbaako mpo annya nkwa.
Vandet skjulte dem, som trængte dem, ikke een blev tilbage af dem;
12 Afei wogyee ne bɔhyɛ no dii na wɔtoo nʼayeyi nnwom.
da troede de på hans Ord og kvad en Sang til hans Pris.
13 Nanso ntɛm so, wɔn werɛ fii nea wayɛ na wɔantwɛn nʼagyinatu.
Men de glemte snart hans Gerninger, biede ej på hans Råd;
14 Akɔnnɔ bɛhyɛɛ wɔn mu wɔ sare so hɔ, asase paradada no so na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe,
de grebes af Attrå i Ørkenen, i Ødemarken fristed de Gud;
15 enti ɔmaa wɔn nea wobisae, nanso ɔde ɔfɔn yare baa wɔn so.
så gav han dem det, de kræved og sendte dem Lede i Sjælen.
16 Na nsraban mu hɔ wɔn ani beree Mose ne Aaron a Awurade atew ne ho no.
De bar Avind mod Moses i Lejren, mod Aron, HERRENs hellige;
17 Asase mu bue ma ɛmenee Datan na esiee Abiram asafo no.
Jorden åbned sig, slugte Datan, lukked sig over Abirams Flok;
18 Ogya tɔɔ wɔn akyidifo no mu; ogyatannaa hyew amumɔyɛfo no.
Ilden rasede i deres Flok, Luen brændte de gudløse op.
19 Wɔyɛɛ nantwi ba wɔ Horeb na wɔkotow ohoni a wɔde fagude ayɛ.
De lavede en Kalv ved Horeb og tilbad det støbte Billed;
20 Wɔsesaa wɔn Anuonyam wɔde nantwinini, a ɔwe sare nsɛsode.
de byttede deres Herlighed bort for et Billed af en Okse, hvis Føde er Græs;
21 Wɔn werɛ fii Onyankopɔn a ogyee wɔn nkwa, nea ɔyɛɛ nneɛma akɛse wɔ Misraim no,
de glemte Gud, deres Frelser, som øvede store Ting i Ægypten,
22 nsɛnkyerɛnne a ɔyɛɛ wɔ Ham asase so ne nneɛma a ɛyɛ hu wɔ Po Kɔkɔɔ ho no.
Undere i Kamiternes Land, frygtelige Ting ved det røde Hav.
23 Enti ɔkae se ɔbɛsɛe wɔn, nanso Mose a ɔyɛ nea wapaw no no, sɔre gyinaa Onyankopɔn ne nnipa no ntam; ɔsrɛ de dwudwoo nʼabufuwhyew no ano sɛnea ɔrensɛe wɔn.
Da tænkte han på at udrydde dem, men Moses, hans udvalgte Mand, stilled sig i Gabet for hans Åsyn for at hindre, at hans Vrede lagde øde.
24 Afei wɔn ani ansɔ asase fɛfɛ no; na wɔannye ne bɔhyɛ no anni.
De vraged det yndige Land og troede ikke hans Ord,
25 Wonwiinwii wɔ wɔn ntamadan mu na wɔanyɛ osetie amma Awurade.
men knurrede i deres Telte og hørte ikke på HERREN;
26 Enti ɔmaa ne nsa so kaa ntam kyerɛɛ wɔn se ɔbɛma wɔatotɔ wɔ sare no so,
da løfted han Hånden og svor at lade dem falde i Ørkenen,
27 ɔbɛma wɔn asefo atotɔ wɔ amanaman mu na wabɔ wɔn ahwete nsase nyinaa so.
splitte deres Sæd blandt Folkene, sprede dem rundt i Landene.
28 Wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-Peor ho na wodii afɔrebɔde a wɔde ama anyame a wonni nkwa;
De holdt til med Ba'al-Peor og åd af de dødes Ofre;
29 wɔde wɔn atirimɔdensɛm hyɛɛ Awurade abufuw na ɔyaredɔm sii wɔn mu.
de krænked ham med deres Gerninger, og Plage brød løs iblandt dem.
30 Na Pinehas sɔre dii akagyinamu, na wosiw ɔyaredɔm no ano.
Da stod Pinehas frem og holdt Dom, og Plagen blev bragt til at standse,
31 Wɔde eyi yɛɛ trenee maa no wɔ awo ntoatoaso a enni awiei a ɛbɛba no mu.
og det regnedes ham til Retfærdighed fra Slægt til Slægt, evindelig.
32 Meriba nsu ho nso, wɔhyɛɛ Awurade abufuw, na wɔn nti, ɔhaw baa Mose so,
De vakte hans Vrede ved Meribas Vand, og for deres Skyld gik det Moses ilde;
33 efisɛ wɔtew Onyankopɔn Honhom anim atua, na asɛm a wannwene ho fii Mose anom.
thi de stod hans Ånd imod, og han talte uoverlagte Ord.
34 Wɔansɛe nnipa no sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no,
De udryddede ikke de Folk, som HERREN havde sagt, de skulde,
35 nanso wɔde wɔn ho frafraa amanaman no yɛɛ nneɛma a wɔyɛ no bi.
med Hedninger blandede de sig og gjorde deres Gerninger efter;
36 Wɔsom wɔn ahoni, na ɛbɛyɛɛ afide maa wɔn.
deres Gudebilleder dyrkede de, og disse blev dem en Snare;
37 Wɔde wɔn mmabarima ne wɔn mmabea bɔɔ afɔre maa abosom.
til Dæmonerne ofrede de, og det både Sønner og Døtre;
38 Wɔkaa mogya a edi bem gui, wɔn mmabarima ne wɔn mmabea mogya a wɔde bɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni no maa asase no ho guu fi.
de udgød uskyldigt Blod, deres Sønners og Døtres Blod, som de ofred til Kana'ans Guder, og Landet blev smittet ved Blod;
39 Wɔde nea wɔyɛɛ no guu wɔn ankasa ho fi; wɔnam nea wɔyɛɛ no so bɔɔ aguaman.
de blev urene ved deres Gerninger, bolede ved deres idrætter.
40 Enti Awurade bo fuw ne nkurɔfo; na okyii nʼagyapade.
Da blev HERREN vred på sit Folk og væmmedes ved sin Arv;
41 Ɔdan wɔn maa amanaman no, na wɔn atamfo dii wɔn so.
han gav dem i Folkenes Hånd, deres Avindsmænd blev deres Herrer;
42 Wɔn atamfo hyɛɛ wɔn so na wɔkaa wɔn hyɛɛ wɔn tumi ase.
deres Fjendervoldte dem Trængsel, de kuedes under deres Hånd.
43 Mpɛn bebree, Awurade gyee wɔn, nanso wɔkɔɔ so tew atua na wɔsɛe wɔ wɔn bɔne mu.
Han frelste dem Gang på Gang, men de stod egensindigt imod og sygnede hen i Brøden;
44 Nanso ohuu wɔn ahohiahia bere a wosu frɛɛ no no.
dog så han til dem i Trængslen, så snart han hørte dem klage;
45 Wɔn nti ɔkaee nʼapam no, na ofii nʼadɔe kɛse no mu huu wɔn mmɔbɔ.
han kom sin Pagt i Hu og ynkedes efter sin store Miskundhed;
46 Ɔmaa asodifo a wɔafa wɔn nnommum no nyaa ahummɔbɔ maa wɔn.
han lod dem finde Barmhjertighed hos alle, der tog dem til Fange.
47 Gye yɛn, Awurade yɛn nkwagye Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano fi amanaman so, na yɛada wo din kronkron no ase, na yɛde nkamfo ahyɛ wo anuonyam.
Frels os, HERRE vor Gud, du samle os sammen fra Folkene, at vi må love dit hellige Navn, med Stolthed synge din Pris.
48 Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn, emfi mmeresanten nkosi nnasanten. Momma nnipa no nyinaa nka se, “Amen!” Monkamfo Awurade.
Lovet være HERREN, Israels Gud, fra Evighed og til Evighed! Og alt Folket svare Amen!

< Nnwom 106 >