< Nnwom 104 >
1 Me kra, kamfo Awurade! Awurade me Nyankopɔn, woyɛ ɔkɛse! Wɔafura wo tumi ne anuonyam.
Min sjæl, lov Herren! Herren min Gud, du er såre stor! Du er klædt i Højhed og Herlighed,
2 Ɔde hann akata ne ho sɛ atade; ɔtrɛw ɔsoro mu te sɛ ntamadan,
hyllet i Lys som en Kappe! Himlen spænder du ud som et Telt;
3 na ɔde ne mpia mu mpuran sisi nsu so. Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam na ɔde nantew mframa ntaban so.
du hvælver din Højsal i Vandene, gør Skyerne til din Vogn, farer frem på Vindens Vinger;
4 Ɔsoma nʼabɔfo sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfo sɛ ogyaframa.
Vindene gør du til Sendebud, Ildsluer til dine Tjenere!
5 Ɔde asase asi ne fapem so na ɛrenhinhim da.
Du fæsted Jorden på dens Grundvolde, aldrig i Evighed rokkes den;
6 Wode bun kataa so sɛ atade na nsu gyinaa mmepɔw no so.
Verdensdybet hylled den til som en Klædning, Vandene stod over Bjerge.
7 Nanso wʼanimka maa nsu no guanee, wʼaprannaa nnyigyei maa woguanee;
For din Trusel flyede de, skræmtes bort ved din Tordenrøst,
8 Wɔsen faa mmepɔw so, kɔɔ aku mu tɔnn, koguu faako a wode ama wɔn no.
for op ad Bjerge og ned i Dale til det Sted, du havde beredt dem;
9 Wotoo ɔhye a wɔrentumi ntra; na wɔammɛkata asase so bio.
du satte en Grænse, de ej kommer over, så de ikke igen skal tilhylle Jorden.
10 Ɔma nsuwa sen fa abon mu, ɛsen fa mmepɔw ntam.
Kilder lod du rinde i Dale, hen mellem Bjerge flød de;
11 Wɔma wuram mmoa nyinaa nsu nom; atorɔm de kum wɔn sukɔm.
de læsker al Markens Vildt, Vildæsler slukker deres Tørst;
12 Wim nnomaa nwen wɔn berebuw wɔ nsu no ho; na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so.
over dem bygger Himlens Fugle, mellem Grenene lyder deres Kvidder.
13 Ofi ne soro mpia mu tɔ nsu gugu mmepɔw so; ne nnwuma so aba mee asase.
Fra din Højsal vander du Bjergene, Jorden mættes fra dine Skyer;
14 Ɔma sare fifi ma anantwi, na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ onnua na ɛmma aduan mfi asase mu:
du lader Græs gro frem til Kvæget og Urter til Menneskets Tjeneste, så du frembringer Brød af Jorden
15 nsa a ɛma onipa koma tɔ ne yam, ngo a ɛma onipa anim tɔ so, ne aduan a ekura onipa koma.
og Vin, der glæder Menneskets Hjerte, og lader Ansigtet glinse af Olie, og Brødet skal styrke Menneskets Hjerte.
16 Wogugu Awurade nnua no so yiye, Lebanon sida a oduae no.
HERRENs Træer bliver mætte, Libanons Cedre, som han har plantet,
17 Ɛsow na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw, na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenae wɔ ɔpepaw nnua no mu.
hvor Fuglene bygger sig Rede; i Cypresser har Storken sin Bolig.
18 Mmepɔw atenten no yɛ wuram mmirekyi de; na abotan yɛ guankɔbea ma ewi.
Højfjeldet er for Stenbukken, Klipperne Grævlingens Tilflugt.
19 Ɔsram kyerɛ bere nkyekyɛmu, na owia nim bere a ɔkɔtɔ.
Du skabte Månen for Festernes Skyld, Solen kender sin Nedgangs Tid;
20 Wode sum ba ma ɛyɛ adesae na kwae mu mmoa nyinaa kɔ ahayɛ.
du sender Mørke, Natten kommer, da rører sig alle Skovens Dyr;
21 Gyata bobɔ mu pɛ wɔn hanam, wɔhwehwɛ wɔn aduan fi Onyankopɔn hɔ.
de unge Løver brøler efter Rov, de kræver deres Føde af Gud.
22 Owia pue ma wɔsan wɔn akyi; wɔsan kɔdeda wɔn atu mu.
De sniger sig bort, når Sol står op, og lægger sig i deres Huler;
23 Afei, onipa kɔ nʼadwuma so kɔyɛ adwuma ara kosi anwummere.
Mennesket går til sit Dagværk, ud til sin Gerning, til Kvæld falder på.
24 Awurade, wo nnwuma dɔɔso! Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; wʼabɔde ahyɛ asase so ma.
Hvor mange er dine Gerninger, HERRE, du gjorde dem alle med Visdom; Jorden er fuld af, hvad du har skabt!
25 Po na ɛda hɔ tɛtrɛɛ tamaa yi, a abɔde bebree a enni ano; akɛse ne nketewa ahyɛ no ma.
Der er Havet, stort og vidt, der vrimler det uden Tal af Dyr, både små og store;
26 So na ahyɛn di akɔneaba, na ɔdɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agoru.
Skibene farer der, Livjatan, som du danned til Leg deri.
27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan sɛ wobɛma wɔn wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu.
De bier alle på dig, at du skal give dem Føde i Tide;
28 Wode ma wɔn a, wɔtase; wubue wo nsam a nnepa mee wɔn.
du giver dem den, og de sanker, du åbner din Hånd, og de mættes med godt.
29 Wode wʼanim hintaw wɔn a, wɔbɔ hu; sɛ wugye wɔn home a, wowuwu na wɔsan kɔ mfutuma mu.
Du skjuler dit Åsyn, og de forfærdes; du tager deres Ånd, og de dør og vender tilbage til Støvet;
30 Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a na wɔabɔ wɔn, na woyɛ asase ani foforo.
du sender din Ånd, og de skabes, Jordens Åsyn fornyer du.
31 Ma Awurade anuonyam ntena hɔ daa; ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,
HERRENs Herlighed vare evindelig, HERREN glæde sig ved sine Værker!
32 nea ɔhwɛ asase na ɛwosow, na ɔde ne nsa ka mmepɔw a wusiw fi mu ba.
Et Blik fra ham, og Jorden skælver, et Stød fra ham, og Bjergene ryger
33 Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa; sɛ mete ase yi, mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn.
Jeg vil synge for HERREN, så længe jeg lever, lovsynge min Gud, den Tid jeg er til.
34 Ɔmma me mpaebɔ nsɔ nʼani bere a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.
Min Sang være ham til Behag, jeg har min Glæde i HERREN.
35 Ma nnebɔneyɛfo nyera wɔ asase so; na amumɔyɛfo ase nhyew. Me kra, kamfo Awurade. Kamfo Awurade.
Måtte Syndere svinde fra Jorden og gudløse ikke mer være til! Min Sjæl, lov HERREN! Halleluja!