< Nnwom 103 >

1 Dawid de. Me kra, kamfo Awurade; na me mu ade nyinaa nkamfo ne din kronkron no.
Of David. Bless the LORD, O my soul; all that is within me, bless His holy name.
2 Me kra, kamfo Awurade, na mma wo werɛ mmfi ne nneyɛe pa nyinaa,
Bless the LORD, O my soul, and do not forget all His kind deeds—
3 ɔno na ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo na ɔsa wo nyarewa nyinaa,
He who forgives all your iniquities and heals all your diseases,
4 ogye wo nkwa fi ɔda mu, na ɔde adɔe ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotiri,
who redeems your life from the Pit and crowns you with loving devotion and compassion,
5 ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛde, na wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre.
who satisfies you with good things, so that your youth is renewed like the eagle’s.
6 Awurade yɛ adetrenee, na obu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntrenee.
The LORD executes righteousness and justice for all the oppressed.
7 Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan, na ɔmaa Israelfo huu ne nneyɛe.
He made known His ways to Moses, His deeds to the people of Israel.
8 Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne Awurade, ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.
The LORD is compassionate and gracious, slow to anger, abounding in loving devotion.
9 Ɔrenkɔ so mmɔ sobo, na ɔrennya yɛn ho menasepɔw nkosi daa;
He will not always accuse us, nor harbor His anger forever.
10 Ɔnhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛnea ɛfata na ontua yɛn nnebɔne so ka sɛnea ɛte.
He has not dealt with us according to our sins or repaid us according to our iniquities.
11 Na sɛnea ɔsoro ne asase ntam ware no, saa ara na nʼadɔe so wɔ wɔn a wosuro no no so.
For as high as the heavens are above the earth, so great is His loving devotion for those who fear Him.
12 Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no, saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.
As far as the east is from the west, so far has He removed our transgressions from us.
13 Sɛnea agya yam hyehyew no wɔ ne mma ho no, saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wosuro no no;
As a father has compassion on his children, so the LORD has compassion on those who fear Him.
14 na onim sɛnea wɔyɛɛ yɛn, ɔkae se yɛyɛ mfutuma.
For He knows our frame; He is mindful that we are dust.
15 Ɔdesani de, ne nna te sɛ sare, ɔyɛ frɔmfrɔm sɛ nwura mu nhwiren;
As for man, his days are like grass— he blooms like a flower of the field;
16 sɛ mframa bɔ fa ne so a, na onni hɔ, na ne sibea nkae no bio.
when the wind passes over, it vanishes, and its place remembers it no more.
17 Nanso efi mmeresanten kosi nnasanten Awurade adɔe wɔ wɔn a wosuro no so, na ne trenee wɔ wɔn mma mma so,
But from everlasting to everlasting the loving devotion of the LORD extends to those who fear Him, and His righteousness to their children’s children—
18 wɔn a wodi nʼapam no so na wɔkae di ne mmara so.
to those who keep His covenant and remember to obey His precepts.
19 Awurade asi nʼahengua wɔ ɔsoro, na nʼahenni di ade nyinaa so.
The LORD has established His throne in heaven, and His kingdom rules over all.
20 Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfo, mo atumfo a moyɛ nʼahyɛde, mo a mutie nʼasɛm.
Bless the LORD, all His angels mighty in strength who carry out His word, who hearken to the voice of His command.
21 Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa, nʼasomfo a moyɛ nʼapɛde.
Bless the LORD, all His hosts, you servants who do His will.
22 Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa; nea ɛwɔ nʼahenni mu nyinaa. Me kra, kamfo Awurade!
Bless the LORD, all His works in all places of His dominion. Bless the LORD, O my soul!

< Nnwom 103 >