< Nnwom 102 >

1 Aberante mmɔborɔni mpaebɔ. Osu kyerɛ Awurade bere a ɔwɔ ahohia mu. Awurade, tie me mpaebɔ; na ma me mmoa ho sufrɛ nnu wʼanim.
The prayer: for a weary and suffering person who pours out their grief to the Lord. Hear my prayer, O Lord; let my cry for help come to you.
2 Mmfa wʼanim nhintaw me bere a mewɔ ahohia mu. Brɛ wʼaso ase ma me; na sɛ misu frɛ wo a, gye me so ntɛm.
Hide not your face from me in the day of my distress. Incline your ear to me: when I call, answer me speedily.
3 Me nkwanna reyera te sɛ wusiw; me nnompe adɔ sɛ nyansramma.
For my days pass away like smoke: my bones are burned through as with fire.
4 Me koma abotow na akisa sɛ sare; na me kɔn nnɔ aduan.
My heart is scorched, withered like grass; I forget to eat my bread.
5 Mʼapinisi dennen nti maka ɔhonam ne nnompe.
By reason of my loud groaning, my flesh clings to my bones.
6 Mete sɛ sare so patu, te sɛ patu a ɔte nnwiriwii mu.
Like a desert-owl of the wilderness, like an owl among ruins am I.
7 Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ anomaa bi a ɔno nko ara si ɔdan atifi.
I make my sleepless lament like a bird on the house-top alone.
8 Da mu nyinaa mʼatamfo bɔ me akutia. Wɔn a wodi me ho fɛw no bɔ me din de dome.
All the day wild foes revile me, using my name for a curse.
9 Mede nsõ ayɛ mʼaduan na mede nusu fra me nsu mu
For ashes have been my bread, and tears have been mixed with my cup.
10 esiane wʼabufuwhyew dennen no nti, woama me so, ayi me asi nkyɛn.
Because of your passionate anger, you did raise me, then hurl me to the ground.
11 Me nkwa nna te sɛ anwummere sunsuma; na mehyew sɛ sare.
My days come to an end, shadows lengthen, I wither like grass.
12 Nanso wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa; na wo din a ahyeta no te hɔ daa awo ntoatoaso nyinaa mu.
But you, O Lord, are enthroned forever, your fame endures to all generations.
13 Wobɛsɔre na woahu Sion mmɔbɔ; bere adu sɛ wuhu no mmɔbɔ; bere a wohyɛe no aso.
You will arise and have pity on Zion; it’s time to be gracious; her hour has come.
14 Nʼabo som bo ma wʼasomfo; ne mfutuma hyɛ wɔn awerɛhow.
For even her stones are dear to your servants, even the dust of her ruins they look on with love.
15 Amanaman no besuro Awurade din; asase so ahemfo nyinaa bedi wʼanuonyam ni.
Then the nations will revere the name of the Lord and all the kings of the earth his glory,
16 Awurade bɛkyekyere Sion bio, na wapue wɔ nʼanuonyam mu.
when the Lord shall have built up Zion, and revealed himself in his glory,
17 Obetie mmɔborɔfo mpaebɔ; na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.
in response to the prayer of the destitute, whose prayer he will not despise.
18 Monkyerɛw eyi mma nkyirimma, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo Awurade;
Let this be recorded for ages to come, that the Lord may be praised by a people yet unborn.
19 “Awurade hwɛɛ fam fi ne kronkronbea wɔ ɔsoro hɔ; ofi ɔsoro hwɛɛ asase,
For he shall look down from his holy height, from the heavens the Lord will gaze on the earth,
20 sɛnea ɔbɛte nneduafo apinisi, na wɔagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.”
to hear the groans of the prisoner, to free those who are doomed to die;
21 Enti wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sion na wɔakamfo no wɔ Yerusalem,
that people may recount the Lord’s fame in Zion, and the praise of him in Jerusalem,
22 bere a amanaman ne ahenni ahorow behyia mu na wɔasom Awurade.
when the nations are gathered together, and the kingdoms, to worship the Lord.
23 Ɔmaa me yɛɛ mmerɛw wɔ bere a merenyin. Otwaa me nkwa nna so.
He has broken my strength on the way, he has shortened my days.
24 Enti mekae se, “Me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini; wo mfe wɔ hɔ daa kodu awo ntoatoaso nyinaa mu.
I will say, “My God, take me not hence in the midst of my days. “Your years endure age after age.
25 Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
Of old you have founded the earth, and the heavens are the work of your hands.
26 Ne nyinaa betwa mu na wo de, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtetew te sɛ atade. Wobɛsesa wɔn te sɛ ntama, na wɔbɛtow wɔn agu.
They shall perish; but you do stand. They shall all wax old like a garment, and change as a robe you will change them.
27 Nanso wote sɛnea wote, na wo mfe to rentwa da.
But you are the same, your years are endless.
28 Wʼasomfo mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim; na wɔn asefo ase betim wɔ wʼanim.”
The children of your servants abide, evermore shall their seed be before you.”

< Nnwom 102 >