< Nnwom 101 >
1 Dawid Dwom. Mɛto wo dɔ ne wo trenee ho nnwom; Awurade, mɛto ayeyi nnwom ama wo.
Dawid Dwom. Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom; Ao Awurade, mɛto ayɛyie dwom ama wo.
2 Mɛhwɛ yiye abu ɔbra a ho tew; da bɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede koma a afɔdi nni mu bɛhwɛ me fi so.
Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ. Dabɛn na wobɛba me nkyɛn? Mede akoma a afɔdie nni mu bɛnante me fie.
3 Merennye ade a ɛyɛ tan biara nto mu. Mikyi nnipa a wonni gyidi nneyɛe; meremfa me ho mmata ho.
Meremfa mʼani nsi adeɛ a ɛyɛ tane biara so. Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie; Me ne wɔn nni hwee yɛ.
4 Nnipa a wɔn koma yɛ kɔntɔnkye remmɛn me; me ne bɔne nni hwee yɛ.
Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me; me ne bɔne nni hwee yɛ.
5 Obiara a odi ne yɔnko ho nseku wɔ kokoa mu no, ɔno na mɛsɛe; nea ɔwɔ ahantan ani ne ahomaso koma, ɔno na merennyigye no so.
Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no, ɔno na mɛsɛe; deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma, ɔno na merennyegye ne so.
6 Mʼani bɛkɔ anokwafo a wɔwɔ asase no so no so na me ne wɔn atena; nea ne nantew ho nni asɛm no ɔno na ɔbɛsom me.
Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so na me ne wɔn atena; deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no, ɔno na ɔbɛsom me.
7 Nea ɔyɛ ɔdaadaafo biara rentena me fi; nea otwa nkontompo no rennyina mʼanim.
Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biara rentena me fie; deɛ ɔtwa nkontompo no rennyina mʼanim.
8 Adekyee biara, mɛsɛe amumɔyɛfo a wɔwɔ asase yi so nyinaa; na mapam ɔdebɔneyɛni biara afi Awurade kuropɔn mu.
Adekyeeɛ biara, mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa; na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biara afiri Awurade kuropɔn mu.