< Nnwom 100 >
1 Ayeyi Dwom. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa.
Ayɛyie Dwom. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa
2 Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; momfa anigye nnwom mmra nʼanim.
Momfa ahosɛpɛ nsom Awurade; momfa anigyeɛ nnwom mmra nʼanim.
3 Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de; yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan.
Monhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne dea; yɛyɛ ne nkurɔfoɔ ne nʼadidibea nnwan.
4 Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu, na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.
Momfa aseda nhyɛne nʼapono mu na momfa nkamfo nkɔ nʼadihɔ; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din.
5 Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa; ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.
Awurade yɛ; na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa; ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.