< Nnwom 100 >

1 Ayeyi Dwom. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa. 2 Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; momfa anigye nnwom mmra nʼanim. 3 Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de; yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan. 4 Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu, na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. 5 Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa; ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

< Nnwom 100 >