< Mmebusɛm 9 >

1 Nyansa asi ne fi; wasisi nʼafadum ason.
智慧はその家を建て その七の柱を砍成し
2 Wasiesie ne nam de afra ne nsa, wato ne pon.
その畜を宰り その酒を混和せ その筵をそなへ
3 Wasoma ne mmaawa, na ɔfrɛ fi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea hɔ se,
その婢女をつかはして邑の高處に呼はりいはしむ
4 “Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha!” Ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,
拙者よここに來れと また智慧なき者にいふ
5 “Mommra mmedi mʼaduan na monnom nsa a mafra no.
汝等きたりて我が糧を食ひ わがまぜあはせたる酒をのみ
6 Munnyaw mo ntetekwaasɛm no na mubenya nkwa; monnantew ntease akwan so.”
拙劣をすてて生命をえ 聰明のみちを行め
7 Nea ɔteɛteɛ ɔfɛwdifo no frɛ ahohorabɔ; na nea ɔka amumɔyɛfo anim no nya ɔyaw.
嘲笑者をいましむる者は恥を己にえ 惡人を責むる者は疵を己にえん
8 Ɛno nti, nka ɔfɛwdifo anim na ɔmmɛtan wo; ka onyansafo anim na ɔbɛdɔ wo.
嘲笑者を責むることなかれ 恐くは彼なんぢを惡まん 智慧ある者をせめよ 彼なんぢを愛せん
9 Ma onyansafo akwankyerɛ na ɔbɛkɔ so ahu nyansa; kyerɛkyerɛ ɔtreneeni na ɔde bɛka nʼadesua ho.
智慧ある者に授けよ 彼はますます智慧をえん 義者を敎へよ 彼は知識に進まん
10 Awurade suro yɛ nyansa mfiase Ɔkronkronni no ho nimdeɛ yɛ ntease.
ヱホバを畏るることは智慧の根本なり 聖者を知るは聰明なり
11 Me mu na wo nna bɛdɔɔso, na wɔde mfe bɛka wo nkwa ho.
我により汝の日は多くせられ 汝のいのちの年は増べし
12 Sɛ woyɛ onyansafo a, wubenya wo nyansa so mfaso; sɛ woyɛ ɔfɛwdifo a, wo nko ara na wubehu amane.
汝もし智慧あらば自己のために智慧あるなり 汝もし嘲らば汝ひとり之を負ん
13 Ɔbea ɔkwasea yɛ ɔkasafo; onni ahohyɛso na onni nimdeɛ.
愚なる婦は嘩しく且つたなくして何事をも知らず
14 Ɔte ne fi pon ano, na ɔte akongua a esi kuropɔn no sorɔnsorɔmmea,
その家の門に坐し邑のたかき處にある座にすわり
15 na ɔfrɛfrɛ wɔn a wotwa mu wɔ hɔ, wɔn a wɔnam wɔn kwan so tee se,
道をますぐに過る往來の人を招きていふ
16 “Momma ntetekwaafo nyinaa mmra ha” ɔka kyerɛ wɔn a wonni atemmu se,
拙者よここに來れと また智慧なき人にむかひては之にいふ
17 “Nsu a wowia no yɛ fremfrem na aduan a wodi no ahintawee no yɛ dɛ!”
竊みたる水は甘く密かに食ふ糧は美味ありと
18 Nanso wonnim koraa sɛ awufo wɔ hɔ sɛ nʼahɔho wɔ ɔda no ase tɔnn. (Sheol h7585)
彼處にある者は死し者その客は陰府のふかき處にあることを是等の人は知らざるなり (Sheol h7585)

< Mmebusɛm 9 >