< Mmebusɛm 8 >

1 Tie: Nyansa refrɛ. Ntease ma ne nne so.
Tie: Nyansa refrɛ. Nteaseɛ ma ne nne so.
2 Ɔkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ, nkwantanan no so, ɛhɔ na egyina,
Ɛkwan no so, sorɔnsorɔmmea hɔ, nkwantanan no so, ɛhɔ na ɛgyina,
3 apon a ɛkɔ kuropɔn no mu no ho, ɛteɛ mu wɔ abobow ano hɔ se,
apono a ɛkɔ kuropɔn no mu ho, ɛteam wɔ aboboano hɔ sɛ,
4 “Ao, mo nnipa na meteɛ mu refrɛ; meteɛ mu frɛ adesamma nyinaa.
“Ao, mo mmarimma na meteam mefrɛ; meteam frɛ adasamma nyinaa.
5 Mo a moyɛ ntetekwaa, momma mo ani ntew; mo a moyɛ nkwaseafo, munnya ntease.
Mo a moyɛ ntetekwaa, mo mma mo ani nte; mo a moyɛ nkwaseafoɔ, monnya nteaseɛ.
6 Muntie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo; mibue mʼano ka nea eye.
Montie, na mewɔ nsɛm pa bi ka kyerɛ mo; mebue mʼano ka deɛ ɛyɛ.
7 Mʼano ka nea ɛyɛ nokware, efisɛ mʼanofafa kyi amumɔyɛsɛm.
Mʼano ka deɛ ɛyɛ nokorɛ, ɛfiri sɛ mʼanofafa kyiri amumuyɛsɛm.
8 Mʼanom nsɛm nyinaa yɛ pɛ; biara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.
Mʼano mu nsɛm nyinaa yɛ pɛ; ebiara nni mu a ɛyɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm.
9 Ne nyinaa mu da hɔ ma nea ɔwɔ nhumu; ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.
Ne nyinaa mu da hɔ ma deɛ ɔwɔ nhunumu; ɛho nni asɛm ma wɔn a wɔwɔ nimdeɛ.
10 Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ, momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ ankasa.
Mompo dwetɛ na momfa mʼakwankyerɛ, momfa nimdeɛ na mompo sikakɔkɔɔ amapa.
11 Efisɛ nimdeɛ som bo sen bota, na worentumi mfa nea wopɛ biara ntoto no ho.
Ɛfiri sɛ nimdeɛ som bo sene mmota, na wɔrentumi mfa deɛ wopɛ biara ntoto ho.
12 “Me, nyansa, mene anitew na ɛte; nimdeɛ ne nhumu wɔ me.
“Me, nyansa, mene aniteɛ na ɛteɛ; nimdeɛ ne nhunumu wɔ me.
13 Sɛ wosuro Awurade ɛne sɛ wokyi bɔne; mikyi ahantan ne ahomaso, ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.
Sɛ wɔsuro Awurade ɛne sɛ wɔkyiri bɔne; mekyiri ahantan ne ahomasoɔ, ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.
14 Afotu ne atemmu pa wɔ me; mewɔ ntease ne tumi.
Afotuo ne atemmuo pa wɔ me; mewɔ nteaseɛ ne tumi.
15 Me so na ahemfo nam di ade na sodifo nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;
Me so na ahemfo nam di adeɛ na sodifoɔ nam me so hyehyɛ mmara a ɛyɛ pɛ;
16 Mmapɔmma de me bu ɔman ne atitiriw nyinaa a wodi asase so hene.
Mmapɔmma de me bu ɔman ne atitire nyinaa a wɔdi asase so ɔhene.
17 Medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me no hu me.
Medɔ wɔn a wɔdɔ me, na wɔn a wɔhwehwɛ me no hunu me.
18 Ahonyade ne anuonyam wɔ me nkyɛn, ahode a ɛkyɛ ne yiyedi nso saa ara.
Ahonyadeɛ ne animuonyam wɔ me nkyɛn, ahodeɛ a ɛkyɛre ne yiedie nso saa ara.
19 Mʼaba ye sen sikakɔkɔɔ ankasa; nea efi me mu boro dwetɛ a wɔasɔn so so.
Mʼaba yɛ sene sikakɔkɔɔ amapa; deɛ ɛfiri me mu boro dwetɛ a wɔasɔne so so.
20 Trenee akwan so na menam, atɛntrenee akwan so,
Tenenee akwan so na menam atɛntenenee akwan so,
21 mede ahode ma wɔn a wɔdɔ me na mehyɛ wɔn adekoradan amaama.
mede ahodeɛ ma wɔn a wɔdɔ me na mehyɛ wɔn adekoradan ma ma.
22 “Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔde mu abakan dii ne tete nneyɛe anim;
“Awurade bɔɔ me sɛ nʼabɔdeɛ mu abakan dii ne tete nneyɛɛ anim;
23 oyii me sii hɔ fi tete, ansa na wiase refi ase.
ɔyii me sii hɔ firi tete, ansa na ewiase rehyɛ aseɛ.
24 Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ po kakraka no, ansa na wɔreyɛ nsuti a nsu ahyɛ no ma no,
Wɔwoo me ansa na wɔrebɔ ɛpo kakraka no ansa na wɔreyɛ nsutire a nsuo ahyɛ no ma no;
25 ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ; wɔwoo me ansa na nkoko reba,
ansa na wɔde mmepɔ resisi hɔ, wɔwoo me ansa na nkokoɔ reba,
26 ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuw anaa dɔte biara a ɛwɔ asase so.
ansa na ɔbɔɔ asase ne ne mfuo anaa dɔteɛ biara a ɛwɔ asase soɔ.
27 Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ ɔsoro, bere a otwaa ɔhye too ebun no ani no,
Mewɔ hɔ ansa na wɔbɔɔ soro, ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ too ebunu no ani no,
28 bere a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro na ɔde ebun mu nsuti tintim hɔ dennen no;
ɛberɛ a ɔbɔɔ omununkum wɔ soro na ɔde ebunu mu nsutire tintim hɔ denden no,
29 bere a otwaa ɔhye maa po sɛnea nsu no rentra ne hye, ne bere a otwaa asase fapem no,
ɛberɛ a ɔtwaa hyeɛ maa ɛpo sɛdeɛ nsuo no rentra ne hyeɛ, ne ɛberɛ a ɔtwaa asase fapem no,
30 na meyɛ odwumfo a mete ne nkyɛn. Anigye hyɛɛ me ma daa na midii ahurusi wɔ nʼanim bere biara,
na meyɛ odwumfoɔ a mete ne nkyɛn. Anigyeɛ hyɛɛ me ma daa na medii ahurisie wɔ nʼanim ɛberɛ biara,
31 na mʼani gye wɔ ne wiase nyinaa mu na mʼani ka wɔ adesamma mu.
na mʼani gye wɔ ne ewiase nyinaa mu na mʼani ka wɔ adasamma mu.
32 “Enti me mma, muntie me; nhyira ne wɔn a wɔnantew mʼakwan so.
“Enti me mma, montie me; nhyira ne wɔn a wɔnante mʼakwan so.
33 Muntie mʼakwankyerɛ na munhu nyansa; mummmu mo ani ngu so.
Montie mʼakwankyerɛ na monhunu nyansa; mommu mo ani nngu so.
34 Nhyira ne onipa a otie me, ɔwɛn mʼabobow ano daa, na ɔtwɛn wɔ hɔ.
Nhyira ne onipa a ɔtie me, ɔwɛn mʼaboboano daa, na ɔtwɛn wɔ hɔ.
35 Na obiara a ohu me no nya nkwa, na onya anisɔ fi Awurade nkyɛn.
Na obiara a ɔhunu me no nya nkwa na ɔnya anisɔ firi Awurade nkyɛn.
36 Na nea wanhwehwɛ me no haw ne ho na wɔn a wɔtan me no dɔ owu.”
Na deɛ woanhwehwɛ me no ha ne ho na wɔn a wɔtane me no dɔ owuo.”

< Mmebusɛm 8 >