< Mmebusɛm 5 >

1 Me ba, yɛ aso ma me nyansa; tie me nhumu nsɛm no yiye,
我兒,要留心我智慧的話語, 側耳聽我聰明的言詞,
2 sɛnea ɛbɛma woahwɛ yiye, na wʼano akora nimdeɛ.
為要使你謹守謀略, 嘴唇保存知識。
3 Efisɛ ɔbea aguaman ano sosɔ ɛwo, na ne kasa yɛ fɔmm sen ngo;
因為淫婦的嘴滴下蜂蜜; 她的口比油更滑,
4 nanso awiei no, ɛyɛ nwen sen bɔnwoma, ɛyɛ nam sɛ afoa anofanu.
至終卻苦似茵蔯, 快如兩刃的刀。
5 Nʼanan kɔ owu mu; nʼanammɔntutu kɔ ɔda mu tee. (Sheol h7585)
她的腳下入死地; 她腳步踏住陰間, (Sheol h7585)
6 Onsusuw ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu ho; nʼakwan yɛ kɔntɔnkye, nanso onnim.
以致她找不着生命平坦的道。 她的路變遷不定, 自己還不知道。
7 Enti afei, me mma, muntie me; Monntwe mo ho mmfi nea meka ho.
眾子啊,現在要聽從我; 不可離棄我口中的話。
8 Ɔkwan a ɛmmɛn no no na momfa so; mommmɛn ne fi pon ano,
你所行的道要離她遠, 不可就近她的房門,
9 anyɛ saa a, mode mo ahoɔden bɛma afoforo na mode mo mfe ama otirimɔdenfo,
恐怕將你的尊榮給別人, 將你的歲月給殘忍的人;
10 anyɛ saa a, ahɔho bɛfom mo ahonyade na mo brɛ de ahonya akɔ afoforo fi.
恐怕外人滿得你的力量, 你勞碌得來的,歸入外人的家;
11 Mo nkwanna akyi, mubesi apini, bere a mo honam ne mo nipadua asa no.
終久,你皮肉和身體消毀, 你就悲歎,
12 Na moaka se, “Na mikyi ahohyɛso! Me koma ampɛ nteɛso!
說:我怎麼恨惡訓誨, 心中藐視責備,
13 Manyɛ osetie amma mʼakyerɛkyerɛfo na mantie me kwankyerɛfo asɛm.
也不聽從我師傅的話, 又不側耳聽那教訓我的人?
14 Madu ɔsɛe ano wɔ asafo no nyinaa mu.”
我在聖會裏, 幾乎落在諸般惡中。
15 Nom nsu fi wʼankasa ahina mu, nsu a ɛteɛ fi wʼankasa abura mu.
你要喝自己池中的水, 飲自己井裏的活水。
16 So ɛsɛ sɛ wʼasuti yiri fa mmɔnten so na wo nsuwa kokɔ ɔman aguabɔbea ana?
你的泉源豈可漲溢在外? 你的河水豈可流在街上?
17 Ma ɛnyɛ wo nko ara de, a wo ne ahɔho nkyɛ da.
惟獨歸你一人, 不可與外人同用。
18 Nhyira nka wʼasubura na wʼani nnye wo mmrantebere mu yere ho.
要使你的泉源蒙福; 要喜悅你幼年所娶的妻。
19 Ɔte sɛ ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo; ma ne nufu nsɔ wʼani daa na ne dɔ nkyekyere wo.
她如可愛的麀鹿,可喜的母鹿; 願她的胸懷使你時時知足, 她的愛情使你常常戀慕。
20 Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo? Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom?
我兒,你為何戀慕淫婦? 為何抱外女的胸懷?
21 Awurade hu onipa akwan nyinaa, na ɔhwehwɛ ne nyinaa mu.
因為,人所行的道都在耶和華眼前; 他也修平人一切的路。
22 Omumɔyɛfo nnebɔne sum no afiri; na ne bɔne ahama kyekyere no papee.
惡人必被自己的罪孽捉住; 他必被自己的罪惡如繩索纏繞。
23 Wobewu, esiane ahohyɛso a wonni nti, na wɔayera, esiane wɔn agyennyentwisɛm nti.
他因不受訓誨就必死亡; 又因愚昧過甚,必走差了路。

< Mmebusɛm 5 >