< Mmebusɛm 31 >

1 Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkuranhyɛ a ne na kyerɛɛ no:
Słowa króla Lemuela, proroctwo, którego nauczyła go jego matka.
2 Tie, me babarima! Tie, me yafunu ba, Tie, me bɔhyɛ ba, me mpaebɔ ho mmuae!
Cóż, synu mój? Cóż, synu mojego łona? I cóż, synu moich ślubów?
3 Nsɛe wʼahoɔden wɔ mmea ho, wɔn a wogu ahemfo asu no.
Nie oddawaj kobietom swej siły ani twoich dróg temu, co [prowadzi] do zguby królów.
4 Enye mma ahemfo, Lemuel, asanom nye mma ahemfo, ɛnsɛ sɛ sodifo pere bobesa ho;
Nie królom, o Lemuelu, nie królom wypada pić wina i nie książętom bawić się mocnym napojem;
5 sɛ wɔnom nsa a wɔn werɛ befi nea mmara no ka, na wɔn a wɔhyɛ wɔn so no rennya nea ɛyɛ wɔn kyɛfa.
By pijąc, nie zapomnieli praw i nie wypaczyli sprawy wszystkich ludzi uciśnionych.
6 Fa bobesa ma wɔn a wɔresɛe, na fa nsa ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;
Dajcie mocny napój ginącym, a wino strapionym na duchu.
7 Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfi wɔn hia, na wɔnnkae wɔn awerɛhow bio.
Niech się napiją i zapomną o swoim ubóstwie, i niech nie pamiętają więcej swego utrapienia.
8 Kasa ma wɔn a wontumi nkasa mma wɔn ho, kasa ma mmɔborɔfo yiyedi.
Otwórz swe usta dla niemych w sprawie wszystkich osądzonych na śmierć.
9 Kasa na bu atɛntrenee; kasa ma ahiafo ne onnibi yiyedi.
Otwórz swe usta, sądź sprawiedliwie i broń sprawy ubogiego i nędzarza.
10 Ɔyere pa, hena na obenya? Ɔsom bo pa ara sen nhene pa.
Któż znajdzie kobietę cnotliwą? Jej wartość przewyższa perły.
11 Ne kunu wɔ ne mu ahotoso pa ara, na biribiara a ɛwɔ bo nhia no.
Serce męża jej ufa i zysku mu nie zabraknie.
12 Ɔde nea eye brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw, ne nkwanna nyinaa mu.
Dobro mu będzie wyświadczać, a nie zło, po wszystkie dni swego życia.
13 Ɔhwehwɛ oguannwi ne asaawa na ɔde ne nsa nwen wɔ fɛw so.
Szuka wełny i lnu i chętnie pracuje swymi rękami.
14 Ɔte sɛ aguadifo ahyɛn, ɔde ne nnuan fi akyirikyiri ba.
Podobna jest do okrętów handlowych; przywozi żywność z daleka.
15 Ade nnya nkyee no na wasɔre; osiesie aduan ma nʼabusuafo na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.
Wstaje, gdy jeszcze jest noc, i daje pokarm swoim domownikom i odpowiednią porcję swym służącym.
16 Osusuw afuw ho na ɔtɔ; ofi nea onya mu yɛ bobeturo.
Myśli o polu i kupuje je; z zarobku swych rąk sadzi winnice.
17 Ɔde nsi yɛ nʼadwuma; nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.
Przepasuje swe biodra siłą i umacnia swoje ramiona.
18 Ɔhwɛ sɛ nʼaguadi so wɔ mfaso, na ne kanea anum anadwo.
Dostrzega, że jej dorobek jest dobry, a jej pochodnia w nocy nie gaśnie.
19 Daa, na ne nsa kura tadua mu a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.
Wyciąga ręce po kądziel, a dłonią chwyta wrzeciono.
20 Ogow ne nsam ma ahiafo na ne nsa so ohiani so.
Otwiera dłoń przed ubogim i wyciąga swe ręce do nędzarza.
21 Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fifo ho; efisɛ wɔn nyinaa wɔ adurade a wɔde ko awɔw.
Nie boi się śniegu dla swych domowników, bo wszyscy jej domownicy są ubrani w szkarłat.
22 Ɔyɛ ne mpasotam; na ofura nwera ne sirikyi ntama.
Robi sobie kobierce; jej ubiór jest z jedwabiu i purpury.
23 Ne kunu wɔ anuonyam wɔ kuropɔn pon ano, faako a ɔne asase no so mpanyimfo tena.
Jej mąż jest znany w bramach, gdy siedzi wśród starszyzny ziemi.
24 Ɔpempam nwera ntade tontɔn, na otu nkyekyeremu ma aguadifo.
Wyrabia płótno i sprzedaje je, dostarcza pasy kupcowi.
25 Ɔwɔ ahoɔden ne anuonyam; na onsuro nna a ɛwɔ nʼanim.
Siła i godność są jej strojem; będzie się cieszyła jeszcze w przyszłości.
26 Ɔkasa nyansa mu, na nokware nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.
Otwiera swe usta mądrze i na jej języku [jest] prawo miłosierdzia.
27 Ɔhwɛ ne fi mu nnwuma so na onnyigye anihaw so.
Dogląda spraw swego domu i nie je chleba próżniactwa.
28 Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira; ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no se,
Jej dzieci powstają i błogosławią jej, mąż także ją chwali:
29 “Mmea pii yɛ nneɛma a ɛwɔ din na wo de, wosen wɔn nyinaa.”
Wiele kobiet poczynało sobie cnotliwie, ale ty przewyższasz je wszystkie.
30 Ɔbea kɔnnɔfo yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twa mu ntɛm so; nanso ɔbea a osuro Awurade no fata nkamfo.
Wdzięk [jest] zwodniczy i piękność próżna, [lecz] kobieta, która się boi PANA, jest godna pochwały.
31 Fa abasobɔde a wanya no ma no, na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn pon ano.
Dajcie jej z owocu jej rąk i niech jej czyny chwalą ją w bramach.

< Mmebusɛm 31 >