< Mmebusɛm 29 >

1 Obi a ɔkɔ so yɛ tufoante wɔ animka pii akyi no wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrennya ano aduru.
Obi a ɔkɔ so yɛ tufoanteɛ wɔ animka pii akyi no wɔbɛsɛe no mpofirim a wɔrentumi nsi ano.
2 Sɛ atreneefo di yiye a, nnipa no di ahurusi; sɛ amumɔyɛfo di nnipa so a, wusi apini.
Sɛ teneneefoɔ di yie a, nnipa no di ahurisie; sɛ amumuyɛfoɔ di nnipa so a, wosi apinie.
3 Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye, nanso nguamanfo yɔnko sɛe nʼahonya.
Onipa a ɔdɔ nyansa no ma nʼagya anigye, nanso nnwamanfoɔ yɔnko sɛe nʼahonya.
4 Ɔhene nam atɛntrenee so ma ɔman no asomdwoe, nanso nea ɔde adifudepɛ gye adanmude no bɔ ɔman no.
Ɔhene nam atɛntenenee so ma ɔman no asomdwoeɛ, nanso deɛ ɔde adifudepɛ gye adanmudeɛ no bɔ ɔman no.
5 Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no sum ne nan afiri.
Obiara a ɔdaadaa ne yɔnko no sum ne nan afidie.
6 Ɔdebɔneyɛni bɔne sum no afiri, nanso ɔtreneeni betumi ato dwom ama nʼani agye.
Ɔdebɔneyɛfoɔ bɔne sum no afidie, nanso ɔteneneeni bɛtumi ato dwom ama nʼani agye.
7 Ahiafo atɛntreneebu ho hia atreneefo, nanso amumɔyɛfo nni saa ɔtema no.
Ahiafoɔ atɛnteneebuo ho hia teneneefoɔ, nanso amumuyɛfoɔ nni saa tema no.
8 Fɛwdifo de basabasayɛ ba kuropɔn mu, nanso anyansafo sianka abufuw.
Fɛdifoɔ de basabasayɛ ba kuropɔn mu, nanso anyansafoɔ dwodwo abufuo ano.
9 Sɛ onyansafo de ɔkwasea kɔ asennii a, ɔkwasea no bobɔ mu kasa di fɛw, na asomdwoe mma.
Sɛ onyansafoɔ de ɔkwasea kɔ asɛnniiɛ a, ɔkwasea no bobom kasa di fɛ, na asomdwoeɛ mma.
10 Mogyapɛfo kyi ɔnokwafo, na wɔhwehwɛ sɛ wobekum nea ɔteɛ.
Mogyapɛfoɔ kyiri ɔnokwafoɔ, na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛkum deɛ ɔtene.
11 Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi, nanso onyansafo hyɛ ne ho so.
Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi, nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.
12 Sɛ ɔsodifo tie nkontomposɛm a, nʼadwumayɛfo nyinaa bɛyɛ amumɔyɛfo.
Sɛ sodifoɔ tie nkontomposɛm a, nʼadwumayɛfoɔ nyinaa bɛyɛ amumuyɛfoɔ.
13 Ohiani ne ɔsohyɛfo nyinaa wɔ saa ade baako yi: Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hu ade.
Ohiani ne ɔhyɛsofoɔ nyinaa wɔ saa adeɛ baako yi: Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hunu adeɛ.
14 Sɛ ɔhene di ahiafo asɛm yiye a, nʼahengua betim hɔ daa.
Sɛ ɔhene di ahiafoɔ asɛm yie a, nʼahennwa bɛtim hɔ daa.
15 Nteɛso abaa ma nyansa, na abofra a wɔde ne pɛ ma no no, gu ne na anim ase.
Ntenesoɔ abaa ma nyansa, na abɔfra a wɔde ne pɛ ma noɔ no, gu ne na anim ase.
16 Sɛ amumɔyɛfo di yiye a, bɔne nso kɔ so, na atreneefo behu wɔn asehwe.
Sɛ amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso kɔ so, na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ.
17 Teɛ wo ba, na ɔbɛma wo asomdwoe; ɔbɛma wo kra ani agye.
Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ; ɔbɛma wo ɔkra ani agye.
18 Sɛ anisoadehu nni hɔ a nnipa no yɛ basaa; na nhyira nka nea odi mmara so.
Sɛ anisoadehunu nni hɔ a, nnipa no yɛ basaa; na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so.
19 Wɔmfa anom nsɛm kɛkɛ nteɛ ɔsomfo; ɔte ase de, nanso ɔremfa.
Wɔmmfa anomu nsɛm nko ara ntene ɔsomfoɔ so, ɔte aseɛ deɛ, nanso ɔremfa.
20 Wuhu obi a ɔpɛ ntɛm kasa ana? Ɔkwasea wɔ anidaso sen no.
Wohunu obi a ɔpere ne nsɛm ho anaa? Ɔkwasea mu wɔ anidasoɔ sene no.
21 Sɛ obi kokɔ ne somfo fi ne mmofraase a, awiei no ɔde awerɛhow na ɛbɛba.
Sɛ obi korɔkorɔ ne ɔsomfoɔ firi ne mmɔfraase a, awieeɛ no ɔde awerɛhoɔ na ɛbɛba.
22 Onipa a ne bo afuw de mpaapaemu ba, na nea ne bo nkyɛ fuw no yɛ bɔne pii.
Onipa a ne bo afuo de mpaapaemu ba, na deɛ ne bo nkyɛre fu no yɛ bɔne pii.
23 Onipa ahomaso brɛ no ase, nanso nea ɔwɔ ahobrɛase no nya anuonyam.
Onipa ahomasoɔ brɛ no ase, nanso deɛ ɔwɔ ahobrɛaseɛ no nya animuonyam.
24 Nea ɔboa ɔkorɔmfo no haw ɔno ankasa ho. Wɔama waka ntam nti osuro sɛ obedi adanse.
Deɛ ɔboa ɔkorɔmfoɔ no ha ɔno ankasa ho. Wɔama waka ntam enti ɔsuro sɛ ɔbɛdi adanseɛ.
25 Onipa ho suro betumi ayɛ afiri, na nea ɔde ne ho to Awurade so no, wobegye no.
Onipa ho suro bɛtumi ayɛ afidie ama wo, na deɛ ɔde ne ho to Awurade so no, wɔbɛgye no.
26 Bebree hwehwɛ sɛ wobenya ɔhene ne no akasa, nanso onipa nya atɛntrenee fi Awurade nkyɛn.
Bebree hwehwɛ sɛ wɔbɛnya ɔhene ne no akasa, nanso onipa nya atɛntenenee firi Awurade nkyɛn.
27 Atreneefo kyi atorofo; na amumɔyɛfo kyi wɔn a wɔn akwan teɛ.
Teneneefoɔ kyiri atorofoɔ; na amumuyɛfoɔ kyiri wɔn a wɔn akwan tene.

< Mmebusɛm 29 >