< Mmebusɛm 27 >
1 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho, na wunnim nea ɛda bi de bɛba.
Ros dig ikke af Dagen i Morgen, du ved jo ikke, hvad Dag kan bringe.
2 Ma ɔfoforo nkamfo wo; na ɛnyɛ wo ankasa; ma emfi ɔfoforo anom na ɛnyɛ wo.
Lad en anden rose dig, ikke din Mund, en fremmed, ikke dine egne Læber.
3 Ɔbo mu yɛ duru, na nwea yɛ adesoa, nanso ɔkwasea abufuwhyew yɛ duru sen emu biara.
Sten er tung, og Sand vejer til, men tung fremfor begge er Daarers Galde.
4 Abufuw tirim yɛ den, na abufuwhyew sɛe ade, na hena na obetumi agyina ninkutwe ano?
Vrede er grum, og Harme skummer, men Skinsyge, hvo kan staa for den?
5 Animka a ɛda gua ye sen ɔdɔ a asuma.
Hellere aabenlys Revselse end Kærlighed, der skjules.
6 Apirakuru a efi adamfo nkyɛn no ye sen ɔtamfo mfewano bebrebe.
Vennehaands Hug er ærligt mente, Avindsmands Kys er mange.
7 Ɛwo nyɛ nea wamee akɔnnɔ, nanso nea ɛyɛ nwen mpo yɛ nea ɔkɔm de no no nʼanom dɛ.
Den mætte vrager Honning, alt beskt er sødt for den sultne.
8 Onipa a wayera ne fi kwan, te sɛ anomaa a wafi ne berebuw mu rekyinkyin.
Som Fugl, der maa fly fra sin Rede, er Mand, der maa fly fra sit Hjem:
9 Ngo ne aduhuam ma koma ani gye, adamfo ho anigye fi nʼafotu pa a ɔma.
Olie og Røgelse fryder Sindet, men Sjælen sønderslides af Kummer.
10 Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu, nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo, na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
Slip ikke din Ven og din Faders Ven, gaa ej til din Broders Hus paa din Ulykkes Dag. Bedre er Nabo ved Haanden end Broder i det fjerne.
11 Me ba, hu nyansa na ma me koma ani nnye; ɛno na ɛbɛma manya mmuae ama obiara a obu me animtiaa.
Vær viis, min Søn, og glæd mit Hjerte, at jeg kan svare den, der smæder mig.
12 Mmadwemma hu asiane na wohintaw, nanso ntetekwaafo kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.
Den kloge ser Faren og søger i Skjul, tankeløse gaar videre og bøder,
13 Fa atade a ɛhyɛ obi a odi ɔhɔho akagyinamu; sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.
Tag hans Klæder, han borged for en anden, pant ham for fremmedes Skyld!
14 Sɛ obi teɛ mu hyira ne yɔnko anɔpahema a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.
Den, som aarle højlydt velsigner sin Næste, han faar det regnet for Banden.
15 Ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ ahumtuda nsusosɔ wɔ ɔdan a enwin so;
Ustandseligt Tagdryp en Regnvejrsdag og trættekær Kvinde ligner hinanden;
16 sɛ wopata no a, ɛte sɛ nea wopata mframa anaa wode wo nsa beso ngo mu.
den, som vil skjule hende, skjuler Vind, og hans højre griber i Olie.
17 Dade sew dade, saa ara na onipa sew ɔfoforo.
Jern skærpes med Jern, det ene Menneske skærper det andet.
18 Nea ɔhwɛ borɔdɔma dua so no bedi so aba, na nea ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no anuonyam.
Røgter man et Figentræ, spiser man dets Frugt; den, der vogter sin Herre, æres.
19 Sɛnea nsu yi animdua kyerɛ no, saa ara na onipa koma da onipa no adi.
Som i Vandspejlet Ansigt møder Ansigt, slaar Menneskehjerte Menneske i Møde.
20 Sɛnea Owu ne Ɔsɛe bo ntɔ da no, saa ara, na onipa ani nso bo ntɔ da. (Sheol )
Dødsrige og Afgrund kan ikke mættes, ej heller kan Menneskens Øjne mættes. (Sheol )
21 Kyɛmfɛre wɔ hɔ ma dwetɛ na fononoo wɔ hɔ ma sikakɔkɔɔ, nanso wɔnam nkamfo a onipa nya so na ɛsɔ no hwɛ.
Digel til Sølv og Ovn til Guld, efter sit Ry bedømmes en Mand.
22 Sɛ wowɔw ɔkwasea wɔ ɔwaduru mu, sɛ wode ɔwɔma wɔw no te sɛnea wusiw aburow a, worentumi nyi agyimisɛm mfi ne ho.
Om du knuste en Daare i Morter med Støder midt imellem Gryn, hans Daarskab veg dog ej fra ham.
23 Ma ɛnyɛ wo asɛnhia sɛ wubehu wo nguankuw tebea, na ma wʼani nkɔ wo anantwikuw so;
Mærk dig, hvorledes dit Smaakvæg ser ud, hav Omhu for dine Hjorde;
24 efisɛ, ahonya ntena hɔ daa, na ahenkyɛw ntena hɔ mma awo ntoantoaso nyinaa.
thi Velstand varer ej evigt, Rigdom ikke fra Slægt til Slægt;
25 Sɛ wotwa sare no na foforo fifi, na wɔboaboa nkoko so sare no ano a,
er Sommergræsset svundet, Grønt spiret frem, og sankes Bjergenes Urter,
26 ɛno de, nguantenmma no bɛma wo ntama, na mmirekyi ama sika a ɛtɔ mfuw.
da har du Lam til at give dig Klæder og Bukke til at købe en Mark,
27 Wubenya mmirekyi nufusu bebree ama wo ne wʼabusuafo adi ne aduan ama wo mmaawa.
Gedemælk til Mad for dig og dit Hus, til Livets Ophold for dine Piger.