< Mmebusɛm 24 >
1 Mma wʼani mmere amumɔyɛfo, mfa wo ho mmɔ wɔn;
你不要妒忌作惡的人,不要希求與他們共處;
2 Efisɛ wɔn koma dwene atirimɔdensɛm ho, na wɔn ano ka nea ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.
因為他們的心靈,只圖謀不軌;他們的嘴唇,只講論是非。
3 Wɔde nyansa na esi fi, na nhumu mu na wɔma etim;
因著智慧,家庭得以興建;因著明智,家庭得以穩定。
4 ɛnam nimdeɛ so na wonya ademude a ɛho yɛ na na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.
各種珍奇可愛的寶物,因著智識可儲藏滿室。
5 Onyansafo wɔ tumi a ɛso, na onimdefo nyin ahoɔden mu;
智慧人勝於壯士,明智人強於勇士;
6 nea ɔretu sa hia akwankyerɛ, nea ɔrehwehwɛ nkonimdi no hia afotufo pii.
因為作戰須有智謀,勝利在於謀士眾多。
7 Nyansa wɔ soro dodo ma ɔkwasea; wɔ apon ano aguabɔ mu no, ɛnsɛ sɛ wobue wɔn ano.
為愚昧的人,智慧太高妙;他在城門口,只好不開口。
8 Onipa a ɔbɔ pɔw bɔne no, wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfo.
籌劃作惡的人,可稱為陰險家。
9 Ogyimifo nhyehyɛe yɛ bɔne, nnipa kyi ɔfɛwdifo.
愚人的計謀只是罪惡;狂妄的人為人所憎惡。
10 Sɛ wʼaba mu gow wɔ ɔhaw mu a, na wʼahoɔden sua!
你若萎靡不振,到災難的日子,必然氣竭力盡。
11 Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akokum wɔn no nkwa; na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumii.
被帶去受死的人,你應拯救他;行將被殺戮的人,你要挽救他。
12 Sɛ woka se, “Na yennim eyi ho hwee a,” nea ɔkari koma hwɛ no nhu ana? Nea ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim ana? Ɔrentua nea obiara ayɛ so ka ana?
或許你要說:「看! 我全不知道! 」難道那權衡人心的能不明瞭﹖難道監察你心靈的能不知道﹖他必按每人的作為還報每人。
13 Me ba, di ɛwo, efisɛ eye; ɛwokyɛm mu wo yɛ wʼanom dɛ.
我兒,你要吃蜜,因為蜜好;蜂房的蜜,香甜可口。
14 Hu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ; sɛ wunya a, wowɔ anidaso ma daakye, na wʼanidaso renyɛ ɔkwa.
對你的靈魂,智慧也是這樣:你找得了她,必有好前途;你所希望的,決不會落空。
15 Nkɔtɛw ɔtreneeni fi sɛ ɔkwanmukafo, na nkɔtow nhyɛ nʼatenae so,
惡惡人對義人的家,不要圖謀不軌;對他的住所,不要加以破壞;
16 Ɛwɔ mu sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason de, nanso ɔsɔre bio, na amumɔyɛfo de amanehunu baako ma wɔhwe ase.
因為義人雖七次跌倒,仍然要起來;但是惡人一失足,必陷禍患中。
17 Sɛ wo tamfo hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ; na sɛ ohintiw a mma wo koma nni ahurusi,
你的仇人跌倒,且不要高興;他若失足摔倒,且不要心喜;
18 efisɛ Awurade behu wʼadwene na ɔrempɛ na obeyi nʼabufuwhyew afi no so.
免得上主看見而不快,因而撤消對他的忿怒。
19 Nhaw wo ho wɔ abɔnefo nti, na mma wʼani mmere amumɔyɛfo nso,
對作惡的人,你不要動怒;對乖戾之徒,也不必嫉妒;
20 efisɛ, ɔbɔnefo nni anidaso biara daakye, na wobedum amumɔyɛfo kanea.
因為惡人終沒有好前途,惡人的燈必要熄滅。
21 Me ba, suro Awurade ne ɔhene, na mfa wo ho mmɔ atuatewfo ho,
我兒,上主和君王,你都要敬畏;對他們二者,皆不可觸怒;
22 efisɛ saa baanu yi de, ɔsɛe bɛba wɔn so mpofirim; na hena na onim amanehunu ko a wobetumi de aba?
因為他們的懲罰可突然而至;他們的摧殘,有誰能知曉﹖
23 Eyinom nso yɛ anyansafo Nsɛnka: Atemmu a nhwɛanim wɔ mu no nye:
以下是智者的箴言:在判案時,顧及情面,決不公平。
24 Obiara a ɔbɛka akyerɛ nea odi fɔ se, “Wo ho nni asɛm” no, nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.
誰對惡人說:「你是正義的。」人民必罵他,百姓必恨他。
25 Na wɔn a wobu afɔdifo fɔ no, ebesi wɔn yiye, na nhyira bɛba wɔn so.
按公道加罰的,必事事順遂;美好的祝福,必臨於其身。
26 Mmuae pa te sɛ mfewano.
應答適宜的人,宛如與人接吻。
27 Wie wo mfikyidwuma na siesie wo mfuw; ɛno akyi, si wo fi.
你要先在外經營好事業,在田間將工作準備停當,然後纔可建立你的家室。
28 Nni adanse ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee, na mfa wʼano nnaadaa.
不要輕易作證,反對你的近人;也不要以你的口舌,欺騙他人。
29 Nka se, “Nea wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi; nea ɔyɛe no mitua no so ka.”
不可說:「人怎樣待我,我怎樣待人;照人之所行,我向他還報。」
30 Menantew faa onihawfo afuw ho, twaa mu wɔ nea onni adwene bobeturo nso ho;
我走過懶惰人的田地,經過愚昧人的葡萄園:
31 nsɔe afuw wɔ baabiara, wura afuw akata asase no so, na abo afasu no nso abubu.
看,到處是荊棘,滿地是蒺黎,石牆也倒了!
32 Mede me koma kɔɔ nea mihuu no so na misuaa biribi fii mu:
我看了,便心下自思;我見了,取得了教訓:「
33 nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔw de rehome kakra
再睡片刻,再假寐片刻,再抱臂躺臥片刻」──
34 bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafo, na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a okura akode. Na ohia bɛtow akyere wo sɛ ɔkwanmukafo; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfowerɛmfo.
這樣,貧窮就要如同竊賊,困乏也要如同武士,向你侵襲。