< Mmebusɛm 21 >
1 Ɔhene koma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɔkwan te sɛ asuten ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.
Ɔhene akoma da Awurade nsam; ɔkyerɛ no ɛkwan te sɛ asutene ma ɔkɔ baabiara a ɔpɛ.
2 Onipa akwan nyinaa teɛ wɔ nʼani so, nanso Awurade na ɔkari koma.
Onipa akwan nyinaa tene wɔ nʼani so, nanso Awurade na ɔkari akoma.
3 Sɛ woyɛ ade pa ne ade a ɛteɛ a, ɛsɔ Awurade ani sen afɔrebɔ.
Sɛ woyɛ adepa ne adeɛ a ɛtene a ɛsɔ Awurade ani sene afɔrebɔ.
4 Ani a ɛtra ntɔn ne ahomaso koma, ne amumɔyɛfo asetena nyinaa yɛ bɔne!
Ani a ɛtra ntɔn ne ahomasoɔ akoma, ne amumuyɛfoɔ asetena nyinaa yɛ bɔne!
5 Nsiyɛfo nhyehyɛe de mfaso ba, sɛnea ntɛmpɛ kowie ohia no.
Nsiyɛfoɔ nhyehyɛeɛ de mfasoɔ ba sɛdeɛ ntɛmpɛ kɔwie ohia no.
6 Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no, ɛyɛ omununkum a etwa mu kɔ, na ɛsan yɛ owu afiri.
Ahonya a nkontompo tɛkrɛma de ba no yɛ huhuro ne owuo afidie.
7 Amumɔyɛfo basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ, efisɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ.
Amumuyɛfoɔ basabasayɛ bɛtwe wɔn akɔ, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔyɛ deɛ ɛtene.
8 Onipa a odi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye, na nea ne ho nni asɛm no nneyɛe teɛ.
Onipa a ɔdi fɔ no akwan yɛ kɔntɔnkye, na deɛ ne ho nni asɛm no adeyɛ tene.
9 Suhyɛ twɔtwɔw ase baabi tena ye sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo bɛtena fie.
Suhyɛ twɛtwɛwa ase baabi tena yɛ sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ bɛtena efie.
10 Omumɔyɛfo kɔn dɔ bɔne; onni ahummɔbɔ mma ne yɔnko.
Omumuyɛfoɔ kɔn dɔ bɔne; ɔnni ahummɔborɔ mma ne yɔnko.
11 Sɛ wɔtwe ɔfɛwdifo aso a, ntetekwaafo hu nyansa, sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafo a, onya nimdeɛ.
Sɛ wɔtwe fɛdifoɔ aso a, ntetekwaafoɔ hunu nyansa, sɛ wɔkyerɛkyerɛ onyansafoɔ a, ɔnya nimdeɛ.
12 Ɔtreneeni no hu nea ɛrekɔ so wɔ omumɔyɛfo fi, na ɔde omumɔyɛfo no kɔ ɔsɛe mu.
Ɔteneneeni no nim deɛ ɛrekɔso wɔ omumuyɛfoɔ fie na ɔde omumuyɛfoɔ no kɔ ɔsɛeɛ mu.
13 Sɛ onipa sisiw nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a, ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.
Sɛ onipa sisi nʼaso wɔ mmɔborɔni su ho a ɔno nso bɛsu afrɛ, na wɔrennye no so.
14 Kokoa mu adekyɛ dwudwo koma, kɛtɛasehyɛ nso pata abufuwhyew.
Kokoam adekyɛ dwodwo akoma, kɛtɛasehyɛ nso pata abufuhyeɛ.
15 Sɛ wubu atɛntrenee a, atreneefo ani gye, nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefo.
Sɛ wobu atɛntenenee a, teneneefoɔ anigye nanso ɛyɛ ahunahuna ma abɔnefoɔ.
16 Onipa a ɔman fi nhumu kwan so no bɛhome wɔ awufo fekuw mu.
Onipa a ɔmane firi nhunumu kwan soɔ no bɛhome wɔ awufoɔ fekuo mu.
17 Nea odi ahosɛpɛw akyi no bɛyɛ ohiani; nea ɔpɛ nsa ne ngo no rennya ne ho da.
Deɛ ɔdi ahosɛpɛ akyi no bɛyɛ ohiani; deɛ ɔpɛ nsã ne ngo no rennya ne ho da.
18 Amumɔyɛfo de wɔn nkwa to hɔ ma atreneefo, na atorofo yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.
Amumuyɛfoɔ de wɔn nkwa to hɔ ma teneneefoɔ, na atorofoɔ yɛ saa ma wɔn a wɔyɛ pɛ.
19 Eye sɛ wobɛtena sare so, sen sɛ wo ne ɔyere tɔkwapɛfo a ne koma haw no no bɛtena.
Ɛyɛ sɛ wobɛtena ɛserɛ so, sene sɛ wo ne ɔyere ntɔkwapɛfoɔ a nʼakoma ha no bɛtena.
20 Nnuan pa ne ngo ayɛ onyansafo fi ma, nanso ɔkwasea di nea ɔwɔ nyinaa.
Nnuane pa ne ngo ayɛ onyansafoɔ fie ma, nanso ɔkwasea di deɛ ɔwɔ nyinaa.
21 Nea otiw trenee ne ɔdɔ no nya nkwa, yiyedi ne anuonyam.
Deɛ ɔti tenenee ne ɔdɔ no ɔnya nkwa, yiedie ne animuonyam.
22 Onyansafo tow hyɛ ahoɔdenfo kuropɔn so, na odwiriw abandennen a wɔn werɛ hyɛ mu no gu fam.
Onyansafoɔ to hyɛ ahoɔdenfoɔ kuropɔn so na ɔdwiri abandenden a wɔn werɛ hyɛ mu gu fam.
23 Nea ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no twe ne ho fi amanenya ho.
Deɛ ɔkora nʼano ne ne tɛkrɛma no ɔtwe ne ho firi amanenya ho.
24 Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛwdifo” ɔde ahantan ntraso yɛ ade.
Ɔhantanni a ɔma ne ho so no, ne din ne “Ɔfɛdifoɔ” ɔde ahantan ntrasoɔ yɛ adeɛ.
25 Nea ɔkwadwofo kɔn dɔ no bɛyɛ owu ama no, efisɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.
Deɛ ɔkwadwofoɔ kɔn dɔ no bɛyɛ owuo ama no, ɛfiri sɛ ne nsa mpɛ adwumayɛ.
26 Da mu nyinaa ɔpere sɛ obenya bebree, nanso ɔtreneeni de, ɔma a ɔnnodow ho.
Ɛda mu nyinaa ɔpere sɛ ɔbɛnya bebree, nanso ɔteneneeni deɛ, ɔma a ɔnnodo ho.
27 Omumɔyɛfo afɔrebɔ yɛ akyiwade, ne titiriw ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.
Omumuyɛfoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, ne titire ne sɛ ɔde adwemmɔne bata ho.
28 Ɔdansekurumni bɛyera, na wɔbɛsɛe obiara a otie no no nso.
Adansekurumdini bɛyera, na obiara a ɔtie noɔ no nso wɔbɛsɛe no.
29 Amumɔyɛfo di akakabensɛm, na ɔtreneeni de, osusuw nʼakwan ho.
Amumuyɛfoɔ di akakabensɛm na ɔteneneeni deɛ, ɔdwene nʼakwan ho.
30 Nyansa, nhumu ne nhyehyɛe biara nni hɔ a ebetumi ayɛ yiye atia Awurade.
Nyansa, nhunumu ne nhyehyɛeɛ biara nni hɔ a ɛbɛtumi ayɛ yie atia Awurade.
31 Wosiesie apɔnkɔ ma ɔko da, nanso nkonimdi yɛ Awurade dea.
Wɔsiesie apɔnkɔ ma ɔko da, nanso nkonimdie yɛ Awurade dea.