< Mmebusɛm 2 >

1 Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na woma me mmaransɛm tena wo mu a,
Filho meu, se aceitares as minhas palavras, e esconderes contigo os meus mandamentos,
2 sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa na wode wo koma ma ntease,
Para fazeres atento à sabedoria o teu ouvido, e inclinares o teu coração ao entendimento,
3 na woma wo nne so frɛ nhumu na wusu frɛ ntease,
E se clamares por entendimento, e por inteligência alçares a tua voz,
4 na sɛ wohwehwɛ no te sɛnea wohwehwɛ dwetɛ na wohwehwɛ no sɛnea worepɛ ademude a ahintaw a,
Se como a prata a buscares e como a tesouros escondidos a esquadrinhares,
5 ɛno na wobɛte Awurade suro ase na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
Então entenderás o temor do Senhor, e acharás o conhecimento de Deus.
6 Awurade ma nimdeɛ, na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba.
Porque o Senhor é o que dá a sabedoria: da sua boca é que sai o conhecimento e o entendimento.
7 Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,
Ele reserva a verdadeira sabedoria para os retos: escudo é para os que caminham na sinceridade.
8 ɔwɛn nea ɔyɛ pɛ kwan, na ɔbɔ wɔn a wodi no nokware no akwan ho ban.
Para que guardem as veredas do juízo: e ele o caminho dos seus santos conservará.
9 Ɛno na wobɛte nea eye ne nea ɛyɛ pɛ, ne nea ɛfata, ɔkwan biara a eye ase.
Então entenderás justiça, e juízo, e equidades, e todas as boas veredas,
10 Afei nyansa bewura wo koma mu, na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.
Quando a sabedoria entrar no teu coração, e o conhecimento for suave à tua alma.
11 Adwene bɛbɔ wo ho ban na ntease ahwɛ wo so.
O bom siso te guardará e a inteligência te conservará;
12 Nyansa beyi wo afi amumɔyɛfo akwan mu, ebeyi wo afi nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,
Para te fazer escapar do mau caminho, e do homem que fala coisas perversas.
13 wɔn a wɔaman afi akwan pa so akɔnantew sum akwan so no,
Dos que deixam as veredas da retidão, para andarem pelos caminhos das trevas.
14 wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, na wodi ahurusi wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,
Que se alegram de mal fazer, e folgam com as perversidades dos maus.
15 wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye na wɔyɛ abonsam wɔ wɔn akwan mu.
Cujas veredas são tortuosas e que se desviam nas suas carreiras,
16 Nimdeɛ begye wo afi ɔbea waresɛefo no nsam, afi ɔbea warefo huhuni a ɔka nnaadaasɛm ho,
Para te fazer escapar da mulher estranha, e da estrangeira que lisongeia com suas palavras.
17 nea wagyaa ne mmabaabere mu kunu na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.
Que deixa o guia da sua mocidade e se esquece do concerto do seu Deus.
18 Ne fi yɛ ɔkwan a ɛkɔ owu mu na nʼakwan kɔ awufo honhom nkyɛn.
Porque a sua casa se inclina para a morte, e as suas veredas para os defuntos.
19 Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsan mma anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.
Todos os que entrarem a ela não tornarão a sair, e não atinarão com as veredas da vida.
20 Enti wubedi nnipa pa anammɔn akyi na woanantew atreneefo akwan so.
Para andares pelo caminho dos bons, e guardares as veredas dos justos.
21 Efisɛ wɔn a wɔteɛ bɛtena asase no so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;
Porque os retos habitarão a terra, e os sinceros permanecerão nela.
22 na wobetwa amumɔyɛfo afi asase no so, na wɔatɔre atorofo ase.
Mas os ímpios serão arrancados da terra, e os aleivosos serão dela exterminados.

< Mmebusɛm 2 >