< Mmebusɛm 19 >

1 Ohiani a ne nantew ho nni asɛm no ye sen ɔkwasea a nʼasɛm mfa kwan mu.
Melhor é o pobre que anda em sua honestidade do que o perverso de lábios e tolo.
2 Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nye, saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera kwan nso nye.
E não é bom a alma sem conhecimento; e quem tem pés apressados comete erros.
3 Onipa agyimisɛm sɛe nʼabrabɔ, nanso ne koma huru tia Awurade.
A loucura do homem perverte seu caminho; e seu coração se ira contra o SENHOR.
4 Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree; nanso ohiani adamfo gyaw no hɔ.
A riqueza faz ganhar muitos amigos; mas ao pobre, até seu amigo o abandona.
5 Adansekurumni benya nʼakatua, na nea otwa nkontompo remfa ne ho nni.
A falsa testemunha não ficará impune; e quem fala mentiras não escapará.
6 Nnipa pii pɛ adom fi sodifo nkyɛn, na nea ɔkyɛ ade yɛ obiara adamfo.
Muitos suplicam perante o príncipe; e todos querem ser amigos daquele que dá presentes.
7 Ohiani abusuafo nyinaa po no, na saa ara na ne nnamfonom po no! Mpo ɔhwehwɛ wɔn, pɛ sɛ ɔpa wɔn kyɛw, nanso onhu wɔn baabiara.
Todos os irmãos do pobre o odeiam; ainda mais seus amigos se afastam dele; ele corre atrás deles com palavras, mas eles nada lhe [respondem].
8 Nea onya nyansa no dɔ ne kra; nea ɔpɛ nhumu no nya nkɔso.
Quem adquire entendimento ama sua alma; quem guarda a prudência encontrará o bem.
9 Adansekurumni benya asotwe, na nea otwa nkontompo no bɛyera.
A falsa testemunha não ficará impune; e quem fala mentiras perecerá.
10 Ɛmfata sɛ ɔkwasea bedi taamu, anaasɛ akoa bedi mmapɔmma so!
O luxo não é adequado ao tolo; muito menos ao servo dominar sobre príncipes.
11 Onipa nyansa ma no ntoboase; ɛyɛ anuonyam ma obi sɛ obebu nʼani gu mfomso bi so.
A prudência do homem retém sua ira; e sua glória é ignorar a ofensa.
12 Ɔhene abufuw te sɛ gyata mmubomu, na nʼadom te sɛ sare so bosu.
A fúria do rei é como o rugido de um leão; mas seu favor é como orvalho sobre a erva.
13 Ɔba kwasea yɛ nʼagya ɔsɛe, ɔyere tɔkwapɛfo te sɛ ɔdan a ne nwini to ntwa da.
O filho tolo é uma desgraça ao seu pai; e brigas da esposa são [como] uma goteira duradoura.
14 Afi ne ahonyade yɛ agyapade a efi awofo, na ɔyere nimdefo fi Awurade.
A casa e as riquezas são a herança dos pais; porém a mulher prudente [vem] do SENHOR.
15 Akwadworɔ de nnahɔɔ ba, na ɔkɔm de ɔkwadwofo.
A preguiça faz cair num sono profundo; e a alma desocupada passará fome.
16 Nea odi nkyerɛkyerɛ so no bɔ ne nkwa ho ban, na nea ogyaagyaa ne ho no bewu.
Quem guarda o mandamento cuida de sua alma; e quem despreza seus caminhos morrerá.
17 Nea ɔyɛ adɔe ma ohiani no yɛ de fɛm Awurade, na obetua no nea ɔyɛ no so ka.
Quem faz misericórdia ao pobre empresta ao SENHOR; e ele lhe pagará sua recompensa.
18 Teɛ wo ba, na ɛno mu na anidaso wɔ, na nyɛ wɔn a wɔde no kɔ owu mu no mu baako.
Castiga a teu filho enquanto há esperança; mas não levantes tua alma para o matar.
19 Ɛsɛ sɛ onipa a ne koma haw no no nya so asotwe; sɛ woka ma no a, wobɛyɛ bio.
Aquele que tem grande irá será punido; porque se tu [o] livrares, terás de fazer o mesmo de novo.
20 Tie afotu na gye nkyerɛkyerɛ to mu, na awiei no, wubehu nyansa.
Ouve o conselho, e recebe a disciplina; para que sejas sábio nos teus últimos [dias].
21 Nhyehyɛe bebree wɔ onipa koma mu, nanso nea Awurade pɛ no na ɛba mu.
Há muitos pensamentos no coração do homem; porém o conselho do SENHOR prevalecerá.
22 Nea onipa pɛ ne nokware dɔ; eye sɛ wobɛyɛ ohiani sen sɛ wobɛyɛ ɔtorofo.
O que se deseja do homem [é] sua bondade; porém o pobre é melhor do que o homem mentiroso.
23 Awurade suro kɔ nkwa mu; na onipa de abotɔyam home a ɔhaw bi nni mu.
O temor ao SENHOR [encaminha] para a vida; aquele que [o tem] habitará satisfeito, nem mal algum o visitará.
24 Ɔkwadwofo de ne nsa si aduan mu, na ɛyɛ no anihaw sɛ obeyi akɔ nʼano.
O preguiçoso põe sua mão no prato, e nem sequer a leva de volta à boca.
25 Twa ɔfɛwdifo mmaa, na atetekwaa bɛfa adwene; ka nea ɔwɔ nhumu anim, na obenya nimdeɛ.
Fere ao zombador, e o ingênuo será precavido; e repreende ao prudente, e ele aprenderá conhecimento.
26 Nea ɔbɔ nʼagya korɔn na ɔpam ne na no yɛ ɔba a ɔde aniwu ne animguase ba.
Aquele que prejudica ao pai [ou] afugenta a mãe é filho causador de vergonha e de desgraça.
27 Me ba, sɛ wugyae nkyerɛkyerɛ tie a, wobɛman afi nimdeɛ nsɛm ho.
Filho meu, deixa de ouvir a instrução, [então] te desviarás das palavras de conhecimento.
28 Adansekurumni di atɛntrenee ho fɛw; na omumɔyɛfo ano mene bɔne.
A má testemunha escarnece do juízo; e a boca dos perversos engole injustiça.
29 Wɔasiesie asotwe ama fɛwdifo, ne mmaabɔ ama nkwaseafo akyi.
Julgamentos estão preparados para zombadores, e açoites para as costas dos tolos.

< Mmebusɛm 19 >