< Mmebusɛm 18 >
1 Ɔhonamkani yɛ pɛsɛmenkominya; na nea ɛmfa atɛntrenee mma no turuw ɔham.
Ɔhonankani yɛ pɛsɛmenkomenya; na ɔmfa atɛntenenee nyɛ hwee.
2 Ɔkwasea nni nhumu ho anigye, na mmom nea ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto gua.
Ɔkwasea nni nhunumu ho anigyeɛ na mmom deɛ ɔpɛ ara ne sɛ ɔde nʼadwene bɛto dwa.
3 Sɛ amumɔyɛsɛm ba a animtiaabu di so, na aniwu nso di animguase akyi.
Sɛ amumuyɛsɛm ba a animtiabuo di so, na aniwuo nso di animguaseɛ akyi.
4 Onipa anom nsɛm yɛ nsu a emu dɔ, na nyansa asuti yɛ asuwa a ɛrefi ahuru.
Onipa anom nsɛm yɛ nsuo a emu dɔ, na nyansa asutire yɛ asuwa a ɛrepu ahuro.
5 Enye sɛ wodi ma omumɔyɛfo anaasɛ wobu nea odi bem ntɛnkyew.
Ɛnyɛ sɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔ anaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea.
6 Nkwaseafo ano de akasakasa ba, na wɔn ano frɛfrɛ ɔhwe.
Ɔkwasea ano de akasakasa ba na nʼano frɛfrɛ ɔhweɛ.
7 Nkwaseafo ano yɛ wɔn ara wɔn sɛe, na wɔn anofafa yɛ wɔn ara wɔn kra afiri.
Ɔkwasea ano yɛ ɔno ara sɛeɛ na nʼanofafa yɛ ne kra afidie.
8 Osekuni ano asɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ; ɛhyɛnhyɛn onipa akwaa mu nyinaa.
Osekuni anom asɛm te sɛ mfremfremadeɛ; ɛwurawura kɔ onipa akwaa mu nyinaa.
9 Nea ɔtoto nʼadwuma ase no yɛ ɔsɛefo nuabarima.
Deɛ ɔtoto nʼadwuma ase no nuabarima ne deɛ ɔyɛ ɔsɛefoɔ.
10 Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den; ahotefo guan kɔtoa na wonya bammɔ.
Awurade din yɛ abantenten a ɛyɛ den; ahotefoɔ dwane kɔtoa na wɔnya banbɔ.
11 Adefo ahonyade ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔfa no sɛ ɔfasu tenten a wontumi mforo.
Adefoɔ ahonyadeɛ ne wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔfa no sɛ ɔfasuo tenten a wɔntumi mforo.
12 Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma, na ahobrɛase di anuonyam anim.
Ansa na onipa bɛhwe ase no ɔnya ahomasoɔ akoma, na ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.
13 Nea ontie asɛm ansa na wama mmuae no, ɛno ne ne gyimi ne nʼanimguase.
Deɛ ɔntie asɛm ansa na wama mmuaeɛ no, ɛno ne ne gyimie ne nʼanimguaseɛ.
14 Onipa honhom na ɛhyɛ no den wɔ ɔyare mu na honhom a abotow de, hena na ɔpɛ?
Onipa sunsum na ɛhyɛ no den wɔ yadeɛ mu na honhom a apɛkyɛ deɛ, hwan na ɔpɛ?
15 Nhumu koma nya nimdeɛ; na anyansafo aso nso hwehwɛ.
Nhunumu akoma nya nimdeɛ; na anyansafoɔ aso nso hwehwɛ.
16 Akyɛde bue kwan ma nea ɔde ma na ɛde no ba atitiriw anim.
Akyɛdeɛ bue ɛkwan ma deɛ ɔde ma na ɛde no ba atitire anim.
17 Ɛyɛ nea ɔbɔ ne nkuro kan no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ, kosi sɛ ɔfoforo bɛba abebisa no nsɛm no mu.
Ɛyɛ deɛ ɔbɔ ne nkuro kane no sɛ nʼasɛm yɛ dɛ, kɔsi sɛ ɔfoforɔ bɛba abɛbisa no nsɛm no mu.
18 Ntontobɔ twa akyinnyegye so, na ɛpata atamfo.
Ntontobɔ twa akyinnyegyeɛ so, na ɛpata atamfoɔ.
19 Onua a wɔafom no no asɛm yɛ den sen kuropɔn a ɛwɔ bammɔ, akyinnyegye te sɛ abankɛse apon a wɔabram akyi.
Onua a wɔafom noɔ no asɛm yɛ dene sene kuropɔn a ɛwɔ banbɔ, akyinnyegyeɛ te sɛ abankɛsewa apono a wɔabram akyire.
20 Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee, nnɔbae a nʼanofafa twa no mee no.
Onipa anom asɛm so aba ma ɔyafunu mee, nnɔbaeɛ a nʼanofafa twa no mee no.
21 Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi, na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba.
Tɛkrɛma kura nkwa ne owuo tumi, na wɔn a wɔdɔ no no bɛdi nʼaba.
22 Nea wanya yere no anya ade pa na onya adom fi Awurade hɔ.
Deɛ wanya yere no anya adepa na ɔnya adom firi Awurade hɔ.
23 Ohiani srɛ ahummɔbɔ, nanso ɔdefo de kasaden bua no.
Ohiani srɛ ahummɔborɔ, nanso ɔdefoɔ de kasaden bua no.
24 Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asen onua.
Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso bɛtumi ahwe ase, nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asene onua.