< Mmebusɛm 16 >

1 Koma mu nhyehyɛe yɛ onipa de, na tɛkrɛma mmuae fi Awurade.
To man, belong the preparations of the heart, but, from Yahweh, cometh the answer of the tongue.
2 Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronkron, nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.
All the ways of a man, [may be] pure in his own eyes, but, he that testeth spirits, is Yahweh.
3 Fa nea woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam, na wo nhyehyɛe besi yiye.
Roll, upon Yahweh, thy doings, that thy plans, may be established.
4 Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botae, mpo, ɔhwɛ omumɔyɛfo so kosi amanehunu da.
Everything, hath Yahweh made for its own purpose, yea, even the lawless one, for the day of calamity.
5 Awurade kyi koma mu ahantanfo nyinaa. Nya saa ntease yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni.
An abomination to Yahweh, is every one who is haughty in heart, hand to hand, he shall not be held innocent.
6 Wɔnam ɔdɔ ne nokware so pata bɔne; onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa.
By lovingkindness and fidelity, shall iniquity be covered, and, in the revering of Yahweh, is a turning away from wrong.
7 Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a, ɔma nʼatamfo mpo ne no tena asomdwoe mu.
When, acceptable to Yahweh, are the ways of a man, even his enemies, doth he cause to make peace with him.
8 Kakraa bi a wɔnam trenee kwan so nya no ye sen mfaso pii a wɔnam ntɛnkyew so nya.
Better a little with righteousness, than large revenues, without justice.
9 Onipa yɛ ne nhyehyɛe wɔ ne koma mu, nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntu.
A man’s heart, deviseth his way, but, Yahweh, directeth his steps.
10 Ɔhene anom kasa te sɛ nkɔmhyɛ, enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka nea ɛnyɛ atɛntrenee.
An oracle, is on the lips of a king, in giving sentence, his mouth must not be unfaithful.
11 Nsania ne abrammo a asisi nni mu fi Awurade; nkaribo a ɛwɔ kotoku mu no, ɔno na ɔyɛe.
The balance and scales of justice, belong to Yahweh, and, his handiwork, are all the weights of the bag.
12 Ahemfo kyi bɔneyɛ, efisɛ ahengua si trenee so.
The abomination of kings, is to work lawlessness, for, by righteousness, is established a throne.
13 Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokware; na wobu onipa a ɔka nokware.
The delight of kings, are lips of righteousness, —and, the words of uprightness, he loveth.
14 Ɔhene abufuwhyew yɛ owu somafo, nanso onyansafo bedwudwo ano.
The wrath of a king, [meaneth] messengers of death, but, a man who is wise, will appease it.
15 Sɛ ɔhene anim tew a, ɛyɛ nkwa, nʼadom te sɛ asusowbere mu omununkum.
In the light of a king’s countenance, is life, and, his good-pleasure, is like the cloud of harvest-rain.
16 Eye sɛ wubenya nyansa sen sɛ wubenya sikakɔkɔɔ, sɛ wubenya nhumu sen sɛ wubenya dwetɛ!
To acquire wisdom, how much better than gold! and, to get hold of understanding, more choice than silver!
17 Ɔtreneeni tempɔn kwati bɔne; nea ɔhwɛ nʼakwan yiye no bɔ ne nkwa ho ban.
The highway of the upright, is to avoid evil, He preserveth his soul, who guardeth his way.
18 Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom nso di asehwe anim.
Before grievous injury, pride! and, before a fall, haughtiness of spirit!
19 Eye sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu sen sɛ wo ne ahantanfo bɛkyɛ asade.
Better is lowliness of spirit, with the patient, than a portion of spoil, with the proud.
20 Nea ɔyɛ osetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔso; nhyira nka nea ɔde ne ho to Awurade so.
He that showeth discretion concerning a matter, shall find good, and, he that trusteth in Yahweh, how happy is he!
21 Wɔfrɛ koma mu anyansafo se nhumufo, na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.
The wise in heart, shall be called intelligent, and, sweetness of lips, increaseth persuasiveness.
22 Ntease yɛ nkwa asuti ma wɔn a wɔwɔ bi, nanso agyimisɛm de asotwe brɛ nkwaseafo.
A well-spring of life, is discretion to its owner, but, the correction of the foolish, is folly.
23 Onyansafo koma kyerɛ nʼano kwan, na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.
The heart of the wise, giveth discretion to his mouth, and, upon his lips, increaseth persuasiveness.
24 Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm; ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yare.
A comb of honey, are pleasant words, sweet to the taste and healing to the bone.
25 Ɔkwan bi wɔ hɔ a ɛteɛ wɔ onipa ani so, nanso awiei no, ɛkɔ owu mu.
There is a way that enticeth a man, but, at the latter end thereof, are the ways of death.
26 Apaafo akɔnnɔ ma wɔyɛ adwumaden; efisɛ wɔpɛ sɛ wokum wɔn kɔm.
The appetite of the toiler, hath toiled for him, for his mouth, hath urged him on.
27 Ohuhuni bɔ pɔw bɔne, ne kasa te sɛ ogya a ɛhyew ade.
An abandoned man, diggeth up mischief, —and, upon his lips, as it were a fire is scorching.
28 Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba, na ɔsututufo tetew nnamfonom ntam.
A perverse man, sendeth forth strife, and, a tattler, separateth intimate friends.
29 Kitikitiyɛni daadaa ne yɔnko, na ɔde no fa ɔkwammɔne so.
A ruthless man, enticeth his neighbour, and leadeth him in a way, not good.
30 Nea obu nʼani no redwene bɔneyɛ ho; na nea omua nʼano no ani wɔ bɔne so.
Closing his eyes, to devise perverse things, biting his lips, he hath plotted mischief.
31 Dwen yɛ anuonyam abotiri; trenee mu asetena na ɛde ba.
A crown of adorning, is a hoary head, in the way of righteousness, it should be found.
32 Nea ɔwɔ abodwokyɛre no ye sen ɔkofo, na nea ɔmfa abufuw ye sen nea ɔko fa kuropɔn.
Better he that is slow to anger, than a hero, and he that ruleth his spirit, than he that captureth a city.
33 Wɔbɔ ntonto de hwehwɛ nea Awurade pɛ, nanso ne gyinaesi biara fi Awurade.
Into the lap, is cast the lot, but, from Yahweh, is its every decision.

< Mmebusɛm 16 >