< Mmebusɛm 15 >

1 Mmuae pa sianka abufuwhyew, nanso asɛm a ano yɛ den hwanyan abufuw mu.
Mmuaeɛ pa dwodwo abufuo, nanso asɛm a ano yɛ den hwanyane abufuo mu.
2 Onyansafo tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ, nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.
Onyansafoɔ tɛkrɛma yi nimdeɛ ayɛ, nanso ɔkwasea ano woro agyimisɛm.
3 Awurade ani hu baabiara, na ɛhwɛ amumɔyɛfo ne apapafo.
Awurade ani hunu baabiara, na ɛhwɛ amumuyɛfoɔ ne apapafoɔ.
4 Tɛkrɛma a ɛde abodwo ba yɛ nkwadua, nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛw honhom.
Tɛkrɛma a ɛde abodwoɔ ba yɛ nkwa dua, nanso nnaadaa tɛkrɛma dwerɛ honhom.
5 Ɔkwasea mfa nʼagya nteɛso nyɛ hwee, na nea otie nteɛso no kyerɛ sɛ ɔyɛ onitefo.
Ɔkwasea mmfa nʼagya ntenesoɔ nyɛ hwee, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔnitefoɔ.
6 Ahonya bebree wɔ ɔtreneeni fi, nanso amumɔyɛfo adenya de ɔhaw brɛ wɔn.
Ahonya bebree wɔ ɔteneneeni fie, nanso amumuyɛfoɔ adenya de ɔhaw brɛ wɔn.
7 Anyansafo ano trɛtrɛw nimdeɛ mu, nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafo koma te.
Anyansafoɔ ano trɛtrɛ nimdeɛ mu; nanso ɛnyɛ saa na nkwaseafoɔ akoma teɛ.
8 Awurade kyi amumɔyɛfo afɔrebɔ, nanso teefo mpaebɔ sɔ nʼani.
Awurade kyiri amumuyɛfoɔ afɔrebɔ, nanso teefoɔ mpaeɛbɔ sɔ nʼani.
9 Awurade kyi amumɔyɛfo akwan, nanso ɔdɔ wɔn a wotiw trenee.
Awurade kyiri amumuyɛfoɔ akwan, nanso ɔdɔ wɔn a wɔti tenenee.
10 Asotwe dennen wɔ hɔ ma nea ɔman fi ɔkwan no so, nea ɔtan nteɛso no bewu.
Asotwe denden wɔ hɔ ma dea ɔmane firi ɛkwan no so, deɛ ɔtane ntenesoɔ no bɛwu.
11 Owu ne Ɔsɛe da Awurade anim, na nnipa koma mu de, onim ma ɛboro so. (Sheol h7585)
Owuo ne Ɔsɛeɛ da Awurade anim, na nnipa akoma mu deɛ, ɔnim ma ɛboro so. (Sheol h7585)
12 Ɔfɛwdifo mpɛ nteɛso; onkobisa anyansafo hwee.
Ɔfɛdifoɔ mpɛ ntenesoɔ; ɔnnkɔbisa anyansafoɔ hwee.
13 Anigye koma ma anim yɛ sereserew, na koma a abotow dwerɛw honhom.
Anigyeɛ akoma ma anim yɛ seresere, na akoma a abotoɔ dwerɛ honhom.
14 Nhumufo koma hwehwɛ nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.
Nhunumufoɔ akoma hwehwɛ nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano ka agyimisɛm.
15 Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ, nanso anigye koma wɔ daa ahosɛpɛw mu.
Wɔn a wɔhyɛ wɔn so nna nyinaa yɛ mmɔbɔmmɔbɔ, nanso anigyeɛ akoma wɔ daa ahosɛpɛ mu.
16 Ketewa bi a yenya a Awurade suro ka ho no ye sen ahonyade bebree a ɔhaw bata ho.
Ketewa bi a yɛnya a Awurade suro ka ho no yɛ sene ahonyadeɛ bebree a ɔhaw bata ho.
17 Nhabamma aduan a ɔdɔ wɔ mu no ye sen nantwi sradenam a ɔtan bata ho.
Nhahamma aduane a ɔdɔ wɔ mu no yɛ sene nantwie sradenam a ɔtan bata ho.
18 Nea ne bo fuw ntɛm no de mpaapaemu ba, nanso nea ɔwɔ ntoboase pata ntɔkwaw.
Deɛ ne bo fu ntɛm de mpaapaemu ba, nanso deɛ ɔwɔ ntoboaseɛ pata ntɔkwa.
19 Nsɔe ama onihawfo kwan asiw, nanso teefo kwan yɛ ɔtempɔn.
Nkasɛɛ ama onihafoɔ kwan asi, nanso teneneefoɔ kwan yɛ tempɔn.
20 Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye, nanso ɔba kwasea bu ne na animtiaa.
Ɔba nyansafoɔ ma nʼagya ani gye nanso ɔba kwasea bu ne maame animtiaa.
21 Agyimisɛm ma nea onni adwene ani gye, nanso nea ɔwɔ ntease no fa ɔkwan a ɛteɛ so.
Agyimisɛm ma deɛ ɔnni adwene ani gye, nanso deɛ ɔwɔ nteaseɛ no fa ɛkwan a ɛtene so.
22 Nhyehyɛe a enni afotu no sɛe, nanso afotufo bebree ma ɛyɛ yiye.
Nhyehyɛeɛ a ɛnni afotuo no sɛe, nanso afotufoɔ bebree ma ɛyɛ yie.
23 Onipa a ɔma mmuae a ɛfata no ani gye, asɛm a ɛba bere pa mu no nso ye.
Onipa a ɔma mmuaeɛ a ɛfata no ani gye, asɛm a ɛba berɛ pa mu no nso yɛ.
24 Onyansafo asetena mu kwan ma no nkɔso, esiw ne da mukɔ ho kwan. (Sheol h7585)
Onyansafoɔ asetena mu kwan ma no nkɔsoɔ ɛsi ne da mu korɔ ho ɛkwan. (Sheol h7585)
25 Awurade sɛe ɔhantanni fi, na ɔma akunafo ahye yɛ pɛpɛɛpɛ.
Awurade sɛe ɔhantanni fie na ɔma akunafoɔ ahyeɛ yɛ pɛpɛɛpɛ.
26 Awurade kyi amumɔyɛfo nsusuwii, nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronkron no de.
Awurade kyiri amumuyɛfoɔ nsusuiɛ, nanso nʼani sɔ wɔn a wɔyɛ kronn no deɛ.
27 Odifudepɛfo de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso nea okyi kɛtɛasehyɛ no benya nkwa.
Ɔdufudepɛfoɔ de ɔhaw brɛ nʼabusua, nanso deɛ ɔkyiri kɛtɛasehyɛ no bɛnya nkwa.
28 Ɔtreneeni koma kari ne mmuae, nanso omumɔyɛfo ano woro bɔne.
Ɔteneneeni akoma kari ne mmuaeɛ, nanso omumuyɛfoɔ ano woro bɔne.
29 Awurade mmɛn amumɔyɛfo koraa, nanso ɔte ɔtreneeni mpaebɔ.
Awurade mmɛn amumuyɛfoɔ koraa nanso ɔte ɔteneneeni mpaeɛbɔ.
30 Anim a ɛtew ma koma nya ahomeka, na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.
Animu a ɛteɛ ma akoma nya ahomeka, na asɛm pa ma nnompe ahoɔden.
31 Nea otie animka a ɛma nkwa no ne anyansafo bɛbɔ mu atena ase.
Deɛ ɔtie animka a ɛma nkwa no ne anyansafoɔ bɛbɔ mu atena ase.
32 Nea ɔmfa ahohyɛso no bu ne ho animtiaa, na nea otie nteɛso no nya nhumu.
Deɛ ɔmfa ahohyɛsoɔ no bu ne ho animtiaa, na deɛ ɔtie ntenesoɔ no nya nhunumu.
33 Awurade suro kyerɛ onipa nyansa, ahobrɛase di anuonyam anim.
Awurade suro kyerɛ onipa nyansa, ahobrɛaseɛ di animuonyam anim.

< Mmebusɛm 15 >