< Mmebusɛm 11 >

1 Awurade kyi asisi nsania, na nʼani gye nokware nkaribo ho.
מאזני מרמה תועבת יהוה ואבן שלמה רצונו׃
2 Ahantan ba a, animguase na edi so, nanso ahobrɛase de nyansa ba.
בא זדון ויבא קלון ואת צנועים חכמה׃
3 Teefo nokwaredi kyerɛ wɔn kwan; nanso nkontompofo ano ntanta sɛe wɔn.
תמת ישרים תנחם וסלף בוגדים ושדם׃
4 Ahonya nka hwee wɔ abufuwhyew da no, nanso trenee gye nkwa fi owu mu.
לא יועיל הון ביום עברה וצדקה תציל ממות׃
5 Wɔn a wonni bɔne no trenee bɔ kwan tee ma wɔn, nanso amumɔyɛfo amumɔyɛsɛm brɛ wɔn ase.
צדקת תמים תישר דרכו וברשעתו יפל רשע׃
6 Pɛyɛfo treneeyɛ gye wɔn, nanso akɔnnɔ bɔne afiri yi nkontompofo.
צדקת ישרים תצילם ובהות בגדים ילכדו׃
7 Sɛ omumɔyɛfo wu a, nʼanidaso yera; nea osusuw sɛ obenya afi ne tumi mu nyinaa no yɛ ɔkwa.
במות אדם רשע תאבד תקוה ותוחלת אונים אבדה׃
8 Wogye ɔtreneeni fi amane mu, na ɛba omumɔyɛfo so mmom.
צדיק מצרה נחלץ ויבא רשע תחתיו׃
9 Nea onsuro Onyame de nʼano sɛe ne yɔnko, nanso ɔtreneeni nam nimdeɛ so fi mu.
בפה חנף ישחת רעהו ובדעת צדיקים יחלצו׃
10 Sɛ atreneefo di yiye a, kuropɔn no di ahurusi; nanso amumɔyɛfo wu a, wɔbɔ ose.
בטוב צדיקים תעלץ קריה ובאבד רשעים רנה׃
11 Pɛyɛfo nhyira ma kuropɔn no kɔ so, nanso amumɔyɛfo ano ma ɛbɔ.
בברכת ישרים תרום קרת ובפי רשעים תהרס׃
12 Onipa a onni adwene no bu ne yɔnko animtiaa, nanso nea ɔwɔ nhumu no to ne tɛkrɛma nnareka.
בז לרעהו חסר לב ואיש תבונות יחריש׃
13 Nsekudi sɛe ahotoso, nanso nea wɔwɔ ne mu ahotoso no kora ahintasɛm.
הולך רכיל מגלה סוד ונאמן רוח מכסה דבר׃
14 Ɔman a enni akwankyerɛ no bɔ, nanso afotufo dodow ma nkonimdi ba.
באין תחבלות יפל עם ותשועה ברב יועץ׃
15 Nea odi akagyinamu ma ɔfoforo no behu amane, na nea ɔmmfa ne nsa nhyɛ awowasi ase no aso mu dwo no.
רע ירוע כי ערב זר ושנא תקעים בוטח׃
16 Ɔbea a ne yam ye no, wɔde obu ma no, nanso mmarima atirimɔdenfo nya ahode nkutoo.
אשת חן תתמך כבוד ועריצים יתמכו עשר׃
17 Ɔyamyefo ye ma ne ho, na otirimɔdenfo de ɔhaw ba nʼankasa so.
גמל נפשו איש חסד ועכר שארו אכזרי׃
18 Omumɔyɛfo nya akatua a ennyina, nanso nea ogu trenee aba no twa aba a edi mu.
רשע עשה פעלת שקר וזרע צדקה שכר אמת׃
19 Nea ɔyɛ nokware treneeni no nya nkwa, nanso nea ɔkɔ so yɛ bɔne no kɔ owu mu.
כן צדקה לחיים ומרדף רעה למותו׃
20 Awurade kyi nnipa a wɔn koma akyea, na nʼani gye wɔn a wɔn akwan ho nni asɛm no ho.
תועבת יהוה עקשי לב ורצונו תמימי דרך׃
21 Gye to mu sɛ, amumɔyɛfo benya wɔn akatua, na atreneefo benya wɔn ti adidi mu.
יד ליד לא ינקה רע וזרע צדיקים נמלט׃
22 Ɔbea hoɔfɛfo a ontumi nsi gyinae no te sɛ sika kaa a ɛhyɛ prako hwene mu.
נזם זהב באף חזיר אשה יפה וסרת טעם׃
23 Atreneefo apɛde wie yiye, nanso amumɔyɛfo anidaso wie abufuwhyew.
תאות צדיקים אך טוב תקות רשעים עברה׃
24 Obi yɛ adɔe, na onya ne ho bebree; obi nso yɛ pɛpɛe, nanso ehia no.
יש מפזר ונוסף עוד וחושך מישר אך למחסור׃
25 Ɔyamyefo bɛkɔ so anya ne ho; na nea ɔma ebinom mee no nso bɛmee.
נפש ברכה תדשן ומרוה גם הוא יורא׃
26 Nnipa dome nea ɔde atoko sie, na nhyira ba nea ɔtɔn ne de so.
מנע בר יקבהו לאום וברכה לראש משביר׃
27 Nea ɔhwehwɛ papa akyi kwan no nya anisɔ, na nea ɔhwehwɛ bɔne no, bɔne ba ne so.
שחר טוב יבקש רצון ודרש רעה תבואנו׃
28 Nea ɔde ne ho to nʼahonyade so no bɛhwe ase, na ɔtreneeni bɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono.
בוטח בעשרו הוא יפל וכעלה צדיקים יפרחו׃
29 Nea ɔde ɔhaw bɛto nʼabusua so no bedi mframa ade, na ɔkwasea bɛyɛ onyansafo somfo.
עוכר ביתו ינחל רוח ועבד אויל לחכם לב׃
30 Ɔtreneeni aba yɛ nkwadua, na nea ogye akra no yɛ onyansafo.
פרי צדיק עץ חיים ולקח נפשות חכם׃
31 Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa; na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?”
הן צדיק בארץ ישלם אף כי רשע וחוטא׃

< Mmebusɛm 11 >