< Mmebusɛm 10 >
1 Salomo mmebusɛm: Ɔba nyansafo ma nʼagya ani gye, na ɔba kwasea brɛ ne na awerɛhow.
Los proverbios de Salomón. Un hijo sabio hace un padre feliz; pero un hijo insensato trae dolor a su madre.
2 Ɔkwan bɔne so ahonya nni bo, nanso trenee gye onipa fi owu mu.
Los tesoros de la maldad no aprovechan nada, pero la justicia libra de la muerte.
3 Awurade remma ɔkɔm nne ɔtreneeni na omumɔyɛfo de, ɔka nʼadepa gu.
Yahvé no permitirá que el alma del justo pase hambre, pero aleja el deseo de los malvados.
4 Nsa a ɛnyɛ adwuma ma onipa di hia, nanso nsiyɛfo nsa de ahonya ba.
Se hace pobre el que trabaja con mano perezosa, pero la mano del diligente trae riqueza.
5 Nea ɔboaboa nnɔbae ano wɔ ahuhurubere no yɛ ɔba nyansafo na nea ɔda wɔ twabere mu no yɛ ɔba nimguaseni.
El que recoge en verano es un hijo sabio, pero el que duerme durante la cosecha es un hijo que causa vergüenza.
6 Atreneefo hyɛ nhyira kyɛw na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.
Las bendiciones están en la cabeza de los justos, pero la violencia cubre la boca de los malvados.
7 Ɔtreneeni nkae yɛ nhyira, na omumɔyɛfo din bɛporɔw.
La memoria de los justos es bendita, pero el nombre de los malvados se pudrirá.
8 Koma mu nyansafo tie ɔhyɛ nsɛm, na ɔkwasea kasafo hwe ase.
Los sabios de corazón aceptan los mandamientos, pero un tonto parlanchín caerá.
9 Ɔnokwafo nantew dwoodwoo, na nea ɔfa akwan kɔntɔnkye so no ho bɛda adi.
El que camina sin culpa, camina con seguridad, pero el que pervierte sus caminos será descubierto.
10 Nea ɔde nitan bu nʼani no de ɔhaw ba, na ɔkwasea kasafo hwe ase.
El que guiña el ojo causa dolor, pero un tonto parlanchín caerá.
11 Ɔtreneeni anom yɛ nkwa asuti, na akakabensɛm ayɛ omumɔyɛfo anom ma.
La boca del justo es un manantial de vida, pero la violencia cubre la boca de los malvados.
12 Ɔtan kanyan mpaapaemu, nanso ɔdɔ kata mfomso nyinaa so.
El odio suscita conflictos, pero el amor cubre todos los males.
13 Wohu nyansa wɔ nhumufo anom, na abaa fata nea onni adwene akyi.
La sabiduría se encuentra en los labios del que tiene discernimiento, pero la vara es para la espalda del que no tiene entendimiento.
14 Anyansafo kora nimdeɛ, nanso ɔkwasea ano frɛfrɛ ɔsɛe.
Los sabios acumulan conocimientos, pero la boca del necio está cerca de la ruina.
15 Adefo ahonya yɛ wɔn kuropɔn a wɔabɔ ho ban, nanso ahiafo hia yɛ wɔn asehwe.
La riqueza del rico es su ciudad fuerte. La destrucción de los pobres es su pobreza.
16 Atreneefo akatua de nkwa brɛ wɔn, na nea amumɔyɛfo nya no de asotwe brɛ wɔn.
El trabajo de los justos conduce a la vida. El aumento de los malvados lleva al pecado.
17 Nea otie ntetew pa no kyerɛ nkwa kwan, na nea ɔpo nteɛso no di afoforo anim yera kwan.
Está en el camino de la vida quien hace caso a la corrección, pero el que abandona la reprensión extravía a los demás.
18 Nea ɔkata nitan so no yɛ ɔtorofo, na nea odi nseku no yɛ ɔkwasea.
El que oculta el odio tiene labios mentirosos. El que profiere una calumnia es un necio.
19 Mfomso mpa ɔkasa bebree mu, na nea ɔkora ne tɛkrɛma no yɛ onyansafo.
En la multitud de palabras no falta la desobediencia, pero el que refrena sus labios lo hace con sabiduría.
20 Ɔtreneeni tɛkrɛma yɛ dwetɛ ankasa nanso omumɔyɛfo koma nni bo.
La lengua del justo es como la plata selecta. El corazón de los malvados es de poco valor.
21 Atreneefo ano ma bebree aduan, na atemmu a nkwaseafo nni nti wowuwu.
Los labios de los justos alimentan a muchos, pero los necios mueren por falta de entendimiento.
22 Awurade nhyira de ahonya ba, na ɔmfa ɔbrɛ mmata ne nya ho.
La bendición de Yahvé trae riqueza, y no le añade ningún problema.
23 Bɔneyɛ yɛ anigyede ma ɔkwasea, nanso nea ɔwɔ nimdeɛ anigye wɔ nyansa mu.
El placer del necio es hacer la maldad, pero la sabiduría es un hombre de placer del entendimiento.
24 Nea amumɔyɛfo suro no bɛba wɔn so; na nea atreneefo pɛ no, wɔde bɛma wɔn.
Lo que los malvados temen los alcanzará, pero el deseo de los justos será concedido.
25 Sɛ ahum no betwa mu a, amumɔyɛfo yera, nanso atreneefo gyina hɔ pintinn afebɔɔ.
Cuando el torbellino pasa, el malvado ya no existe; pero los justos se mantienen firmes para siempre.
26 Sɛnea nsa keka ɛse, na wusiw kɔ aniwa no, saa ara na ɔkwadwofo yɛ ma wɔn a wɔsoma no.
Como vinagre a los dientes y como humo a los ojos, así es el perezoso para los que lo envían.
27 Awurade suro ma nkwa tenten, nanso wotwa amumɔyɛfo nkwa so.
El temor a Yahvé prolonga los días, pero los años de los impíos serán acortados.
28 Atreneefo anidaso de ahotɔ ba, nanso amumɔyɛfo anidaso nkosi hwee.
La perspectiva de los justos es la alegría, pero la esperanza de los malvados perecerá.
29 Awurade kwan yɛ guankɔbea ma ɔtreneeni, nanso ɛyɛ ɔsɛe ma wɔn a wɔyɛ bɔne.
El camino de Yahvé es una fortaleza para los rectos, sino que es una destrucción para los obreros de la iniquidad.
30 Wɔrentɔre atreneefo ase da, nanso amumɔyɛfo renka asase no so.
Los justos nunca serán eliminados, pero los malvados no habitarán la tierra.
31 Nyansa fi ɔtreneeni anom ba nanso tɛkrɛma a ɛdaadaa no, wobetwa akyene.
La boca del justo produce sabiduría, pero la lengua perversa será cortada.
32 Ɔtreneeni ano nim ade a ɛfata na omumɔyɛfo ano nim nea ɛyɛ nnaadaasɛm nko ara.
Los labios de los justos saben lo que es aceptable, pero la boca de los malvados es perversa.