< Filipifo 3 >

1 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnhaw me sɛ meti nsɛm a makyerɛw dedaw no mu. Ɛma mo akwankyerɛ.
ובכן אחי שמחו באדנינו הן לכתב ולשנות כזאת אליכם עלי איננו לטרח ולכם הוא לחזוק׃
2 Monhwɛ nnebɔneyɛfo no a wɔte sɛ akraman a wɔka se twa na ɛsɛ sɛ onipa twa twetia ansa na wanya nkwagye no yiye.
הזהרו מן הכלבים הזהרו מן הפעלים הרעים הזהרו מן החתוך׃
3 Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokware twetiatwa ato mu. Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no, na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no nti yenya ahosɛpɛw. Yɛmmfa yɛn ho nto ɔhonam so.
כי אנחנו בני המילה העבדים את האלהים ברוח ומתפארים במשיח ישוע ואיננו בטחים בבשר׃
4 Sɛ obi wɔ hɔ a osusuw sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanne so na eye a anka ɛyɛ me.
אף כי גם לי יש לבטח בבשר ואם יחשב איש שיוכל לבטח בבשר הנה אני יותר ממנו׃
5 Bere a midii nnaawɔtwe pɛ na wotwaa me twetia. Meyɛ Israelni fi mʼawosu mu. Mifi Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifo kronkron no mu. Sɛ wɔka Yudafo mmara sodi ho asɛm nso a, meyɛ Farisini
אשר אני נמול בן שמונת ימים מבני ישראל משבט בנימין עברי מן העברים׃
6 a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodi nko na ɛma obi yɛ ɔtreneeni a, ɛno de, na me so nni mfomso biara.
לפי התורה פרוש בקנאתי רדף את העדה ולפי צדקת התורה בלי שמץ׃
7 Nanso nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfaso nyinaa no, esiane Kristo nti, ayɛ adehwere.
אך היתרנות האלה כלן חשבתי לי לחסרנות למען המשיח׃
8 Ɛnyɛ ɛno nko, na migye di nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne nti matow biribiara akyene. Mefa ne nyinaa sɛ nneɛma hunu bi, sɛnea ɛbɛyɛ a me nsa bɛka Kristo,
וגם עודני חשב את כלן לחסרון לעמת מעלת ידיעת ישוע המשיח אדני אשר בעבורו חסרתי את נפשי מכל אלה ואחשבם לסחי להרויח את המשיח ולהמצא בו׃
9 na mahu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ; pɛyɛ a efi mmara no mu no. Na mmom mehwehwɛ pɛyɛ a efi Kristo mu gyidi ne Onyankopɔn mu a gyidi na ɛyɛ ne fapem.
ולא תהיה לי צדקתי מתוך התורה כי אם באמונת המשיח הצדקה הבאה מאת האלהים באמונה׃
10 Nea merehwehwɛ ara ne sɛ, mehu Kristo na menya ne wusɔre no mu osuahu, na mahu nʼamane no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne wu no mu;
לדעת אתו ואת גבורת תחיתו והתחברות ענוייו ולהדמות למותו׃
11 na mewɔ anidaso sɛ, me nso me wu akyi no, wɔbɛma masɔre afi owu mu.
להגיע אם אוכל אל תחית המתים׃
12 Ɛnyɛ sɛ manya eyinom nyinaa dedaw, anaasɛ madu me botae ho dedaw. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara sɛ me nsa beso nea enti a Kristo Yesu nso soo me mu no mu.
לא כאלו השגתי כבר או כאלו השלמתי אבל ארדף אולי אשיג כאשר גם השיגני המשיח ישוע׃
13 Anuanom, memfa no sɛ me nsa aso mu. Ade baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ fi mʼakyi na meyere me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a medu nea ɛwɔ mʼanim no ho.
אחי אינני חשב כי כבר השגתי אך אחת דברתי כי שכח אני את אשר מאחרי ואשתטח אל אשר לפני׃
14 Eyi nti mitu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botae no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.
וארדף את מטרת שכר הנצחון אשר הוא בקריאה של מעלה מאת האלהים במשיח ישוע׃
15 Ɛsɛ sɛ yɛn a yenyin wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforo a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo.
לכן מי שהוא שלם בנו כן יחשב ואם תחשבו מחשבה אחרת גם זאת יגלה לכם האלהים׃
16 Nanso nea yɛn nsa aka dedaw no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.
רק נתהלכה באשר הגענו עדיה במעגל אחד יבלב אחד׃
17 Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa nti muntie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no.
אחי היו חברים להלכים אחרי והביטו אל המתהלכים כן כאשר אנחנו מופת לכם׃
18 Maka saa asɛm yi akyerɛ mo se, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a owui wɔ asennua no ho no atamfo.
כי רבים המתהלכים כן כאשר אנחנו מופת לכם׃
19 Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛe mu, efisɛ wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu wɔ ho no ho, na wodwen wiase nneɛma nko ara ho.
כי רבים המתהלכים אשר עליהם אמרתי לכם פעמים הרבה ועתה גם בבכי אני אמר כי הם איבי צלב המשיח׃
20 Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛw twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ofi ɔsoro bɛba no.
אשר אחריתם האבדון אשר כרסם אלהיהם וכבודם בבשתם וקרבם הבלי חלד׃
21 Ɔnam tumi a etumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn nipadua a ɛyɛ mmerɛw na ewu no, na wayɛ no sɛ ne de a ɛwɔ anuonyam no.
כי אזרחותנו בשמים היא ומשם מחכים אנחנו למושיענו אדנינו ישוע המשיח׃ [ (Philippians 3:22) אשר יחליף את גוף שפלותנו להיותו דומה לגוף כבודו כפי כח יכלתו לכבש הכל תחתיו׃ ]

< Filipifo 3 >