< Filipifo 2 >
1 Mo nkwa a mowɔ wɔ Kristo mu no hyɛ mo den ana? Ne dɔ kyekye mo werɛ ana? Mo ne Honhom no wɔ ayɔnkofa bi ana? Mowɔ ayamye ne ayamhyehye ma mo ho mo ho ana?
И тъй, ако има някоя утеха в Христа, или някоя разтуха от любов, или някое милосърдие и състрадание,
2 Sɛ ɛte saa de a, ɛno de, munnya adwene koro wɔ ɔdɔ ne Honhom ne botae koro mu, na mʼanigye awie pɛyɛ.
направете радостта ми пълна, като мислите все едно, като имате еднаква любов и бъдете единодушни и единомислени.
3 Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho.
Не правете нищо от партизанство или от щеславие, но със смиреномъдрие нека всеки счита другия по-горен от себе си.
4 Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi.
Не гледайте всеки само за своето, но всеки и за чуждото.
5 Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ sɛ Yesu Kristo de no bi.
Имайте в себе си същия дух, който беше и в Христа Исуса;
6 Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de, nanso wanhwɛ ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.
Който, както беше в Божия образ, пак не счете, че трябва твърдо да държи равенството с Бога,
7 Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn. Mmom, ofii ne pɛ mu faa akoa tebea de too ne ho so, baa sɛ onipa bɛyɛɛ nʼade sɛ onipa.
но се отказва всичко, като взе на Себе Си образ на слуга и стана подобен на човеците;
8 Ɔbrɛɛ ne ho ase, yɛɛ osetie de koduu owu mu, asennua ho wu mu mpo.
и, като се намери в човешки образ, смири Себе Си и стана послушен до смърт, даже смърт на кръст.
9 Eyi nti Onyankopɔn maa ne so kɔɔ baabi a ɛkorɔn koraa, maa no din a edi din nyinaa so.
Затова и Бог Го превъзвиши и Му подари името, което е над всяко друго име;
10 Na ɛno nti sɛ wɔbɔ Yesu din a, ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa bɛkotow no.
така щото в Исусовото име да се поклони всяко коляно от небесните и земните и подземните същества,
11 Na tɛkrɛma nyinaa apae mu aka se, Yesu Kristo ne Awurade, de ahyɛ Agya Onyankopɔn anuonyam.
и всеки език да изповяда, че Исус Христос е Господ, за слава на Бога Отца.
12 Enti me nnamfo pa, sɛnea na me ne mo te hɔ a na mutie me no, saa ara nso na bere a minni mo nkyɛn mprempren yi ɛsɛ sɛ mutie me ara ne no. Monkɔ so mfa ahopopo ne osuro nyɛ adwuma mfa nwie mo nkwagye ho adwumayɛ,
Затова, възлюбени мои, както сте били винаги послушни, не само както при мое присъствие, но сега много повече при моето отсъствие, изработвайте спасението си със страх и трепет;
13 efisɛ Onyankopɔn na ɔma mufi mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.
Защото Бог е, Който според благоволението Си действува във вас и да желаете това и да го изработвате.
14 Dwuma biara a mudi no, munnnwiinwii na monnnye ho akyinnye,
Вършете всичко без роптане и без препиране,
15 sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi ntia mo. Mobɛyɛ kronkron sɛ Onyankopɔn mma nokwafo a wɔte wiase a nkontompofo ne nnebɔneyɛfo ahyɛ mu ma tɔ no. Ɛsɛ sɛ mohyerɛn wɔ wɔn mu sɛ nsoromma a ɛwɔ soro
за да бъдете безукорни и незлобиви, непорочни Божии чада всред опако и извратено поколение, между които блестите като светила на света,
16 wɔ nkwa no ho asɛm a moka kyerɛ wɔn no mu. Sɛ moyɛ saa na Kristo da no mede mo hoahoa me ho a, na ne kwan so ara ne no; efisɛ ɛbɛda no adi sɛ dwuma a mibedii no anyɛ ɔkwa.
като явявате словото на живота; за да имам с какво да се хваля в деня на Христа, че не съм тичал напразно, нито съм се трудил напразно.
17 Ebia na ɛsɛ sɛ wohwie me mogya gu sɛ afɔrebɔde sɛnea mo ɔsom no nso yɛ afɔrebɔde ma Onyankopɔn no. Sɛ ɛba saa a, ɛbɛyɛ anigyesɛm a me ne mo nyinaa na ebenya saa ahosɛpɛw no.
Но макар че се принасям аз като възлияние върху жертвата и служението на вашата вяра, радвам се и с всички вас се радвам.
18 Yiw, momma mo ani nnye, sɛnea me nso mʼani agye no.
Подобно се радвайте и вие и с мене заедно се радвайте.
19 Anidaso a mewɔ wɔ Awurade Yesu mu no nti, mɛsoma Timoteo ma waba mo nkyɛn na mo ho nsɛm a mɛte no ahyɛ me nkuran.
А надявам се на Господа Исуса да ви изпратя скоро Тимотея, та и аз да се утеша, като узная вашето състояние.
20 Ɔno nko ne obi a ɔwɔ ɔtema ma me na mo ho asɛm nso hia no.
Защото нямам никой друг на еднакъв дух с мене, който да се погрижи искрено за вас.
21 Obiara pɛ ɔno ara ne yiyedi a Yesu Kristo ho asɛm mfa ne ho.
Понеже всички търсят своето си, а не онова, което е Исус Христово.
22 Mo ankasa mudi ho adanse wɔ dwuma a wadi ho. Wakyerɛ nso sɛ, ɔne me te sɛ ɔba ne nʼagya a wɔaka abɔ mu adi asɛmpa no ho dwuma.
А вие знаете неговата изпитана вярност, че той е служител с мене в делото на благовестието, както чадо слугува на баща си.
23 Sɛ mihu sɛnea nneɛma rekɔ so ma me a, ɛrenkyɛ biara mɛsoma no aba mo nkyɛn.
Него, прочее, се надявам да изпратя, щом разбера, как ще стане с мене;
24 Na Awurade mu anidaso a mewɔ nti, minim sɛ ɛrenkyɛ biara mʼankasa mɛba mo nkyɛn.
а уверен съм в Господа, че и сам скоро ще дойда.
25 Mʼadwene ho sɛ, mɛsoma yɛn nua Epafrodito a wayɛ adwuma, na odi me nkyɛn mu ako na wasom mo sɛ mo somafo de aboa me no wɔ mo nkyɛn.
Счетох, обаче за нужно да ви изпратя брата Епафродита, моя съработник и сподвижник, изпратен от вас да ми послужи в нуждите;
26 Ne ho pere no sɛ obehu mo nyinaa na ɛhaw mo nso sɛ motee ne nka sɛ ɔyare.
понеже милееше за всички ви, и тъжеше, защото бяхте чули че бил болен.
27 Ampa ara, na ɔyare a anka ɔreyɛ awu. Nanso Onyankopɔn huu no ne me nso mmɔbɔ, efisɛ wamma manni awerɛhow.
И наистина той боледува близу до смърт; но Бог му показа милост, и не само на него, но и на мене, за да нямам скръб върху скръб.
28 Me ho peree me yiye sɛ mɛsoma no aba mo nkyɛn na muhu no a, mo ani asan agye, na me nso mʼawerɛhow to atwa.
Затова и по-скоро го изпратих, та да го видите, да се зарадвате пак, и аз да бъда по-малко скръбен;
29 Momfa ahosɛpɛw nnye no sɛ onua wɔ Awurade mu. Momfa obu ne nidi mma nnipa a wɔte sɛ ɔno nyinaa,
Прочее, приемете го в Господа с пълна радост; и имайте такива на почит,
30 efisɛ ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre a ɛnam so maa anka ɔrewu ama Kristo adwuma de aboa me a anka morentumi mmoa saa no.
понеже заради Христовото дело той дойде близу до смърт, като изложи живота си на опасност, за да допълни липсата на вашите услуги към мене.