< Obadia 1 >

1 Anisoadehu a Awurade Nyankopɔn daa no adi faa Edom asase ho kyerɛɛ Obadia ni: Yɛate asɛm a efi Awurade nkyɛn. Wɔsomaa ɔnanmusini bi kɔɔ aman so kɔkae se, “Monsɔre na momma yɛnkɔko ntia Edom.”
The prophecy of Obadiah. Thus saith the Lord Jehovah concerning Edom. We have heard a message from Jehovah, And an ambassador hath been sent among the nations “Arise ye, and let us rise up against her to war.”
2 Awurade ka kyerɛ Edom se: “Hwɛ, mɛbrɛ wo ase. Mɛyɛ wo ketewa wɔ aman no mu, na wɔabu wo animtiaa.
Behold, I will make thee small among the nations; Thou shalt be greatly despised.
3 Wayɛ ahantan adaadaa wo ho, Wo a wote abotan ntokuru mu na woayɛ wʼatenae wɔ mmepɔw so, na woka kyerɛ wo ho se, ‘Hena na obetumi ayi me asi fam?’
The pride of thine heart hath deceived thee, Thou that dwellest in the clefts of the rock, Whose habitation is high, Who sayest in thine heart, “Who shall bring me down to the ground?”
4 Sɛ wutu kɔ wim sɛ akɔre, na woyɛ wo berebuw wɔ nsoromma ntam mpo a, hɔ na mɛba abɛtwe wo adwira fam.” Sɛnea Awurade se ni.
Though thou lift thyself up as the eagle, And though thou set thy nest among the stars, Thence will I bring thee down, saith Jehovah.
5 “Sɛ akorɔmfo ba wo so, anaa adwowtwafo ba wo so anadwo a, atoyerɛnkyɛm bɛn na ɛrento wo? Na wɔrennwia wo nneɛma dodow a wɔpɛ ana? Sɛ bobe abatewfo ba wo so a, ɛnyɛ bobe aba kakraa bi pɛ na wobegyaw ama wo ana?
If thieves had come upon thee, Or robbers by night, Would they not have ceased stealing when they had enough? How art thou utterly destroyed! If grape-gatherers had come upon thee, Would they not have left gleanings of the grapes?
6 Na wo Esau de, wobewia wʼademude a wode asie na wɔayɛ wo dosodoso.
How is Esau searched through! How are his hidden places explored!
7 Wɔn a wo ne wɔn wɔ nkabom nyinaa bedi wo huammɔ. Wɔn a wʼadwene yɛ wo sɛ wo ne wɔn te asomdwoe mu no bɛdaadaa wo adi wo so, wɔn a wodi wʼaduan no asum wo afiri, nanso, wunhui.
All thine allies have brought thee to the border; They that were at peace with thee have deceived thee, and prevailed against thee; They that ate thy bread have spread a snare under thee; There is no understanding in thee.
8 “Saa da no,” Awurade na ose, “Merensɛe anyansafo a wɔwɔ Edom ana, mmarima a wɔte asɛm ase a wɔwɔ Esau mmepɔw so ana?
In that day, saith Jehovah, I will destroy the wise men from Edom, And understanding from the mount of Esau.
9 Teman wʼakofo bɛbɔ hu ne obiara a ɔwɔ Esau bepɔw so no, wobetwitwa mo atɔre mo ase.
Thy mighty men, O Teman, shall be dismayed; Every one shall be cut off from the mount of Esau.
10 Esiane basabasayɛ a woyɛ tiaa wo nua Yakob no nti aniwu bɛka wo, na wɔbɛsɛe wo koraa.
For slaughter and for oppression of thy brother Jacob shall shame cover thee, And thou shalt be destroyed forever.
11 Da a wugyinaa ntentenso hwɛɛ no haa, maa ananafo faa nʼahonyade kɔe na ahɔho hyɛn ne kurow apon mu, na wɔbɔɔ Yerusalem so ntonto no, na wote sɛ wɔn mu baako.
In the day when thou stoodest over against him, In the day when strangers carried away captive his forces, And when foreigners entered his gates, And when they cast lots upon Jerusalem, Thou also wast as one of them.
12 Anka ɛnsɛ sɛ wubu wo nua animtiaa bere a ɔwɔ asiane mu, anaa sɛ wudi ahurusi wɔ Yudafo so bere a wɔwɔ ɔsɛe mu, na mpo wohoahoa wo ho bere a wɔwɔ ahohia mu no.
But thou shouldst not have looked with delight on the day of thy brother in the day of his calamity; Nor shouldst thou have rejoiced over the children of Judah in the day of their destruction, Nor have spoken haughtily in the day of his distress.
13 Anka ɛnsɛ sɛ wode nsrabɔ hyɛn me nkurɔfo kurow apon no mu wɔ wɔn amanehunuda, anka ɛnsɛ sɛ woserew wɔ bere a wɔwɔ ɔhaw mu. Afei nso anka ɛnsɛ sɛ wode wo nsa to wɔn ahode so gye wɔ bere a wɔwɔ amanehunu mu.
Thou shouldst not have entered into the gate of my people in the day of their calamity, Nor have looked with delight on their affliction in the day of their calamity, Nor have laid hand on their substance in the day of their calamity,
14 Anka ɛnsɛ sɛ wotɛw wɔn nkwantanan so kunkum nʼaguanfo Na wuyi wɔn a aka no ma wɔ wɔn amanehunuda no mu.
Nor have stood in the cross-way to cut off their fugitives, Nor have delivered up those that remained in the day of distress!
15 “Awurade da no abɛn ama amanaman nyinaa. Na hwɛ, Edom, sɛnea woyɛɛ no saa ara na wɔbɛyɛ wo. Wo nneyɛe bɛsan abegu wʼapampam.
For the day of Jehovah is near upon all the nations: As thou hast done, so shall it be done to thee; Thy dealing shall return upon thine own head.
16 Sɛnea mononom nsã wɔ me bepɔw kronkron so no, saa ara na amanaman no nyinaa bɛkɔ so anom, saa ara na ɛbɛkɔ so da biara na wɔbɛyɛ te sɛ nea wonni hɔ.
For as ye have drunk upon my holy mountain, So shall all the nations drink perpetually, Yea, they shall drink and swallow it down, And they shall be as though they had not been.
17 Na ogye bɛba Sion bepɔw so na ɛbɛyɛ kronkronbea, na Yakob nsa bɛsan aka nʼagyapade.
But upon mount Zion shall be deliverance, and it shall be holy; And the house of Jacob shall regain their possessions.
18 Yakob bɛyɛ ogya na Yosef ayɛ ogyatannaa; Esau bɛyɛ adehunu bi na wɔde no bɛto ogya so ahyew no a obiara renka wɔ Esau ase.” Nea Awurade se ni.
And the house of Jacob shall be a fire, And the house of Joseph a flame, And the house of Esau stubble, And they shall kindle them and devour them. And there shall be none remaining of the house of Esau; For Jehovah hath spoken it.
19 Nkurɔfo a wofi Negeb no bɛtena Esau mmepɔw so, Na wɔn a wofi nkoko no ase no, bɛfa Filisti asase no, na wɔbɛfa Efraim ne Samaria mfuw atena so, na Benyamin nso afa Gilead.
And they of the south shall possess the mountain of Esau, And they of the plain, the Philistines; And they shall possess the fields of Ephraim, And the fields of Samaria; And Benjamin shall possess Gilead.
20 Nnipakuw yi a wɔyɛ Israelfo a wotwaa wɔn asu kɔɔ Kanaan no bɛfa Kanaan asase no akosi Sarefat; na Yerusalemfo a wotwaa wɔn asu a wɔte Safarad no bɛfa Negeb nkurow no adi so.
And the captives of this host of the sons of Israel shall possess the land of the Canaanites unto Sarepta, And the captives of Jerusalem which are at Sepharad shall possess the cities of the south.
21 Agyefo bɛkɔ Sion bepɔw so, akodi Edom mmepɔw no so. Na ahenni no bɛyɛ Awurade de!
And saviors shall go up to mount Zion, To rule the mount of Esau. And the kingdom shall be Jehovah's.

< Obadia 1 >