< 4 Mose 9 >
1 Ɔsram a edi kan no mu afe a ɛto so abien no mu a wɔafi Misraim no na Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose bere a ɔne Israelfo wɔ Sinai sare no so no se,
Bosome a ɛdi ɛkan no mu afe a ɛtɔ so mmienu no mu a wɔafiri Misraim no na Awurade kaa saa asɛm yi kyerɛɛ Mose ɛberɛ a ɔne Israelfoɔ wɔ Sinai ɛserɛ no so no sɛ,
2 “Ma Israelfo no nni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano.
“Ɛsɛ sɛ afe biara mu bosome a ɛdi ɛkan no dadu nna ɛnan no, Israelfoɔ di Twam Afahyɛ no.
3 Munni no wɔ ne bere ano, na mofa ne mmara akwan ahorow no nyinaa so nni wɔ ɔsram yi da a ɛto so dunan no anwummere.”
Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ afahyɛ no ase owiatɔberɛ. Ɛsɛ sɛ modi mmara biara a ɛfa saa afahyɛ yi die ho so.”
4 Enti Mose ka kyerɛɛ Israelfo no se wonni Twam Afahyɛ no,
Enti Mose kaa sɛ, wɔbɛhyɛ Twam Afahyɛ no die ase ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ
5 na wɔyɛɛ saa wɔ Sinai Nweatam no so wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan no anwummere. Na Israelfo no yɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
wɔ Sinai asase pɔ no so sɛdeɛ Awurade ahyɛ no.
6 Nanso na nnipa no bi fi ayi aba a esiane sɛ wɔde wɔn ho aka owufo nti na wɔn ho agu fi. Eyi nti wɔantumi anni Twam Afahyɛ no bi. Enti wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn da no ara
Na asɛm a ɛsiiɛ ne sɛ, afei na na nnipa no bi firi ayie aba enti, ɛsiane sɛ wɔde wɔn ho aka owufoɔ enti, na wɔn ho agu fi. Yei enti anadwo no, wɔantumi anwe Twam Afahyɛ dwammaa no bi. Wɔbaa Mose ne Aaron nkyɛn
7 bɛka kyerɛɛ Mose se, “Yɛde yɛn ho aka funu ama yɛn ho agu fi, nanso dɛn nti na yɛne Israelfo nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔde mmrɛ Awurade sɛnea nhyehyɛe no te no?”
bɛkyerɛkyerɛɛ nsɛm a ɛha wɔn mu kyerɛɛ wɔn. Wobisaa sɛ, “Yɛde yɛn ho aka funu, nanso ɛdeɛn enti na yɛne Israelfoɔ nyinaa rentumi mfa yɛn afɔrebɔdeɛ mmrɛ Awurade sɛdeɛ nhyehyɛeɛ no teɛ no?”
8 Mose buaa wɔn se, “Montwɛn mma mimmisa sɛnea Awurade mmara no ka fa mo ho.”
Mose kaa sɛ ɔbɛbisa Awurade.
9 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Ɔbisaa Awurade no, mmuaeɛ a ɔnyaeɛ nie:
10 “Ka kyerɛ Israelfo no se, Obiara a obeso funu mu, sɛ ɔyɛ nnɛmma anaa ofi awo ntoatoaso a ɛreba no mu wɔ Twam Afahyɛ bere a ɛbɛma ne ho agu fi anaa ɔnam akwantu so nti wɔantumi amma no tumi di Awurade Twam Afahyɛ no,
“Israelni biara a ɔbɛsɔ efunu mu, sɛ ɔyɛ nnɛmma anaa ɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ a ɛreba no mu no, sɛ ɛyɛ Twam Afahyɛberɛ a, ne ho agu fi, ɛfiri sɛ, wasɔ efunu mu. Sɛ wɔnam akwantuo mu enti wɔantumi amma a, wɔtumi di Awurade Twam Afahyɛ no bosome akyi;
11 nanso ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so dunan no anwummere na ɛsɛ sɛ wodi. Saa bere no na ɛsɛ sɛ wɔwe oguamma no a brodo a mmɔkaw nni mu ka ho a naban nweenwen ka ho.
bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ aseɛ. Saa ɛberɛ no na ɛsɛ sɛ wɔwe odwammaa no a burodo a mmɔreka nni mu ka ho a ahahan nwononwono bi ka ho.
12 Ɛnsɛ sɛ wogyaw bi ma ade kye so, anaa wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ sɛ wodi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ.
Ɛnsɛ sɛ wɔgya bi ma adeɛ kye so. Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ ne dompe mu. Na ɛsɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no mmara no nyinaa so pɛpɛɛpɛ.
13 Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ontuu kwan nanso wanni Twam Afahyɛ no wɔ ne bere ano no, ɛsɛ sɛ wotwa no asu afi Israelfo no mu wɔ afɔre a wamma ammɛbɔ amma Awurade bere a ɛsɛ mu no nti. Wɔbɛsoa wɔn afɔdi ho sodi.
Nanso obiara a ne ho nguu fi anaa obi a ɔntuu kwan no nanso wanni Twam Afahyɛ no wɔ ne berɛ ano no, wɔbɛtwa no asuo afiri Israelfoɔ no mu, ɛfiri sɛ, ɔboa pa sɛ ɔremmɔ afɔdeɛ mma Awurade ɛberɛ a ɛsɛ mu, enti ɛsɛ sɛ ɛho afɔdie ba ne so.
14 “Ɛsɛ sɛ ɔhɔho a ɔfra mo mu no fa mmara koro no ara so di Awurade Twam Afahyɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔhɔho ne okuroni nyinaa di mmara koro no so.”
“Sɛ ɔhɔhoɔ bi fra mo mu na ɔpɛ sɛ ɔdi Twam Afahyɛ no bi de hyɛ Awurade animuonyam a, ɛsɛ sɛ ɔdi mmara korɔ no ara so. Mmara baako na ɛwɔ hɔ ma mo nyinaa.”
15 Da a wɔmaa Ahyiae Ntamadan no so sii hɔ no, omununkum kataa so. Anwummere no ara, omununkum no dan yɛɛ sɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa de kosii adekyee.
Ɛda a wɔmaa Ahyiaeɛ Ntomadan no so sii hɔ no, omununkum kataa so. Anwummerɛ no ara, omununkum no dane yɛɛ sɛ ogya na ɛyɛɛ saa ara anadwo mu no nyinaa.
16 Saa ara na ɛte bere biara, na edu anadwo a, mununkum no dan yɛ sɛ ogya.
Saa ara na ɛte ɛberɛ biara, na ɛduru anadwo a, omununkum no dane yɛ sɛ ogya.
17 Omununkum no maa ne ho so no, Israelfo no dii akyi kosii baabiara a ɛkɔ kogyina ma wɔbɔɔ hɔ atenae.
Omununkum no maa ne ho so no, Israelfoɔ no dii akyire kɔsii baabiara a ɛkɔ kɔgyinaeɛ ma wɔbɔɔ hɔ atenaeɛ.
18 Eyi kyerɛ sɛ, sɛ Awurade ka se wɔnkɔ a, wɔkɔ, na sɛ ɔka se wonnyina a, wogyina. Na sɛ Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina mmere dodow a egyina hɔ no nyinaa.
Yei kyerɛ sɛ, sɛ Awurade ka sɛ wɔnkɔ a, wɔkɔ, na sɛ ɔka sɛ wɔnnyina a, wɔgyina. Na sɛ Omununkum no gyina a, wɔn nso gyina kɔsi mmerɛ dodoɔ a ɛgyina hɔ no nyinaa.
19 Sɛ egyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina hɔ kyɛ. Na sɛ egyina hɔ nna kakraa bi a, wɔn nso gyina hɔ nna kakraa bi saa ara, efisɛ saa na Awurade ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ.
Sɛ ɛgyina baabi kyɛ a, wɔn nso gyina hɔ kyɛ. Na sɛ ɛgyina hɔ nna kakra bi a, wɔn nso gyina hɔ nna kakra bi saa ara, ɛfiri sɛ, saa na Awurade ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ.
20 Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiae Ntamadan no so nna kakraa bi. Sɛ ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na Awurade nhyɛ mu, wotu fii wɔn atenae.
Ɛtɔ da bi a, omununkum no tena Ahyiaeɛ Ntomadan no so nna kakraa bi. Sɛ ɛba saa a, nnipa no nso tena nna kakraa bi. Na Awurade nhyɛ mu, wɔtu firii wɔn atenaeɛ.
21 Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyee. Nanso sɛ ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenae hɔ di akyi.
Ɛtɔ da bi nso a, omununkum no tena anadwo na akɔ adekyeeɛ. Nanso sɛ ɛyɛ awia anaa anadwo na omununkum no ma ne ho so a, nnipa no tu fi atenaeɛ hɔ di akyi.
22 Sɛ omununkum no ba Ahyiae Ntamadan no atifi na edi nnaanu, ɔsram anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfo no hwɛ de tena hɔ. Nanso enya tu ara pɛ a, na wɔn nso atu.
Sɛ omununkum no ba Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi na ɛdi nnanu, bosome anaa afe a, saa nna no ara so na Israelfoɔ no hwɛ de tena hɔ. Nanso ɛnya tu ara pɛ, na wɔn nso atu.
23 Eyi kyerɛ sɛ, wɔn nsrabɔ ne wɔn akwantu nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn no so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛe.
Yei kyerɛ sɛ, wɔn atenaseɛbɔ ne wɔn akwantuo nyinaa gyina Awurade mmara a ɔhyɛ ma wɔn so; na biribiara a Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ wɔnyɛ no, wɔyɛeɛ.