< 4 Mose 7 >

1 Da a Mose wiee Ahyiae Ntamadan no hyehyɛ no, ɔsraa ho nyinaa ngo, tew mu nneɛma nyinaa ho. Ɔsan sraa afɔremuka ne ho nkuku ne nkaka nyinaa ngo, tew ho nso.
梅瑟豎立起會幕那天,就傅油祝聖了帳幕和其中的一切器具、祭壇和附屬的用具。他傅油祝聖以後,
2 Afei, Israel mpanyimfo ne mmusuakuw no mu mpanyin a wɔhwɛɛ nnipakan no so no nyinaa de wɔn afɔrebɔde bae.
以色列的領袖,各家族首領,即協助登記的各支派的領袖,前來奉獻,
3 Wɔde nteaseɛnam asia a wɔakatakata ho ne anantwi dumien na ɛbae. Na nteaseɛnam no baako biara yɛ mpanyimfo baanu de, a nantwi baako yɛ wɔn mu biara de. Wɔde ne nyinaa maa Awurade wɔ Ahyiae Ntamadan no anim.
將他們的供物獻於上主面前:篷車六輛,公牛十二頭:每兩位領袖一輛車,每位領袖一頭牛。他們把這些送到會幕前時,
4 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
上主訓示梅瑟說:「
5 “Gye wɔn akyɛde no na fa nteaseɛnam no yɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma. Fa ma Lewifo no na obiara mfa nni dwuma biara a ɛsɛ sɛ odi.”
你把這些收下,為會幕的事務使用,按照肋未人的職務,分給他們。」
6 Enti Mose de nteaseɛnam no ne anantwi no maa Lewifo no.
梅瑟就收下車輛和牛,交給了肋未人。
7 Ɔmaa Gerson ne ne nkurɔfo nteaseɛnam abien ne anantwi anan sɛnea na ehia ma wɔn dwumadi,
按革爾雄子孫的職務,分給了他們兩輛車及四頭牛;
8 na ɔmaa Merari ne ne nkurɔfo nso nteaseɛnam anan ne anantwi awotwe a Aaron babarima Itamar na na odi so panyin.
按默辣黎子孫的職務,分給了他們四輛車及八頭牛,他們都在司祭亞郎的兒子依塔瑪爾指揮下服務。
9 Wɔamma Kohat nkurɔfo nteaseɛnam no bi, efisɛ na ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn kyɛfa a ɛfa Ahyiae Ntamadan no ho nneɛma no ho no wɔ wɔn mmati so.
但沒有分給刻哈特子孫,因為他們應用肩抬所照管的聖物。
10 Mpanyimfo a wodi anim no nso de nsrabɔ akyɛde beguu afɔremuka no anim da a wɔresra afɔremuka no ngo no.
在傅油祝聖祭壇時,眾領袖也為祝聖祭壇奉獻了供物。當眾領袖把他們的供物送到祭壇面前時,
11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kyekyɛ nna a obiara de nʼafɔrebɔde bɛba afɔremuka no so.”
上主對梅瑟說:「每天應有一位領袖,奉獻自己的供物,為祝聖祭壇。」
12 Aminadab babarima Nahson a ofi Yuda abusuakuw mu na ɔde nʼafɔrebɔde baa da a edi kan no.
第一日奉獻自己供物的,是猶大支派阿米納達布的兒子納赫雄。
13 Nneɛma a ɔde bae no yɛ: dwetɛ prɛte baako a emu duru yɛ kilogram baako ne fa, dwetɛ kuruwa kɛse bi a ɛbɛyɛ kilogram baako a ne nyinaa na wɔde asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;
他的供物是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
14 sikakɔkɔɔ adaka baako a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
15 ɔde nantwinini ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔrebɔde.
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
16 Wɔde ɔpapo bae sɛ bɔne ho afɔrebɔde
公山羊一隻,為作贖罪祭;
17 ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyi anum ne nguantenmma a wɔn mu biara adi afe, anum bae sɛ wɔn asomdwoe afɔrebɔde. Eyi ne Nahson, Aminadab ba afɔrebɔde.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是阿米納達布的兒子納赫雄的供物。
18 Da a ɛto so abien no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第二日奉獻供物的,是依撒加爾的領袖,族阿爾的兒子乃塔乃耳。
19 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama.
他奉獻的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
20 Sikakɔkɔɔ nnwetɛbona baako a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
21 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
22 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre
公山羊一隻,為作贖罪祭:
23 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Suar babarima Netanel de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是族阿爾的兒子乃塔乃耳的供物。
24 Ne nnansa so no, Helon babarima Eliab a ɔda Sebulon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第三日是則步隆子孫的領袖,赫隆的兒子厄里雅布。
25 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
26 sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
27 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
28 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre
公山羊一隻,為作贖罪祭;
29 ne anantwi abien, adwennini anum ne mpapo anum sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Helon babarima Eliab de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是赫隆的兒子厄里雅布的供物。
30 Ne nnaanan so no, Sedeur babarima Elisur a ɔda Ruben abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第四日是勒烏本子孫的領袖,舍德烏爾的兒子厄里族爾。
31 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama.
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
32 Sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma.
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
33 Nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
34 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
35 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe. Eyi ne afɔre a Sedeur babarima Elisur de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是舍德烏爾的兒子厄里族爾的供物。
36 Ne nnaanum so no, Surisadai babarima Selumiel a ɔda Simeon abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第五日是西默盎子孫的領袖,族黎沙待的兒子舍路米耳。
37 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyɛ no amaama;
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
38 sikakɔkɔɔ akorade a emu duru yɛ gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
39 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wɔadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
40 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre,
公山羊一隻,為作贖罪祭;
41 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre bae. Eyi ne afɔre a Surisadai ba Selumiel de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是族黎沙待的兒子協路米耳的供物。
42 Ne nnansia so no, Deguel babarima Eliasaf a ɔda Gad abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第六日是加得子孫的領袖勒烏耳的兒子厄里雅撒夫。
43 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
44 sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
45 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre,
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
46 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
47 anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Deguel ba Eliasaf de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,作和平祭:以上是勒烏耳兒子厄里雅撒夫的供物。
48 Ne nnanson so no, Amihud babarima Elisama a ɔda Efraim abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第七日是厄弗辣因子孫的領袖阿米胡得的兒子厄里沙瑪。
49 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
50 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
51 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
52 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
53 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Amihud babarima Elisama de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是阿米胡得的兒子厄里沙瑪的供物。
54 Ne nnaawɔtwe so no, Pedahsur babarima Gamaliel a ɔda Manase abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第八日是默納協子孫的領袖,培達族爾的兒子加默里耳。
55 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
56 sikakɔkɔɔ akorade bi a ɛkari nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
57 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
58 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
59 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Pedahsur ba Gamaliel de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是培達族爾的兒子加默里耳的供物。
60 Ne nnankron so no, Gideoni babarima Abidan a ɔda Benyamin abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第九日是本雅明子孫的領袖,基德敖尼的兒子阿彼丹。
61 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
62 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
63 nantwi ba, odwennini ne oguamma a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
64 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
65 ne nantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Gideoni babarima Abidan de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是基德敖尼的兒子阿彼丹的供物。
66 Ne nnadu so no, Amisadai babarima Ahieser a ɔda Dan abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第十日是丹子孫的領袖,阿米沙待的兒子阿希厄則爾。
67 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
68 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂:
69 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
70 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
71 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Amisadai babarima Ahieser de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是阿米沙待的兒子阿希厄則爾的供物。
72 Ne nna dubaako so no, Okran babarima Pagiel a ɔda Aser abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第十一日是阿協爾子孫的領袖,敖革蘭的兒子帕革厄耳。
73 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
74 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂;
75 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
76 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
77 ne anantwi abien, adwennini anum, mmirekyinini anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Okran babarima Pagiel de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻,一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是敖革蘭的兒子帕革厄耳的供物。
78 Ne nnadumien so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuw ano no de nʼafɔrebɔde bae.
第十二日是納斐塔里子孫的領袖,厄南的兒子阿希辣。
79 Na nʼafɔrebɔde no yɛ: dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ hweaseammɔ a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atoko afɔrebɔde a ɛyɛ asikresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no amaama;
他的供物,是一個重一百三十「協刻耳」的銀盤,一個依聖所的衡量,重七十「協刻耳」的銀盆,兩件內都盛滿油調的細麵,為作素祭;
80 sikakɔkɔɔ akorade a ɛkari gram ɔha ne dunan a wɔde aduhuam ahyɛ no ma;
一個重十「協刻耳」盛滿香料的金盂,
81 nantwi ba, odwennini ne oguamma onini a wadi afe bae sɛ ɔhyew afɔre;
公牛犢一頭,公綿羊一隻,一歲的公羔羊一隻,為作全燔祭;
82 ɔpapo sɛ bɔne ho afɔre;
公山羊一隻,為作贖罪祭;
83 ne anantwi abien, adwennini anum, mpapo anum ne nguantenmma anum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoe afɔre. Eyi ne afɔre a Enan babarima Ahira de bae.
又公牛二頭,公綿羊五隻,公山羊五隻一歲的公羔羊五隻,為作和平祭:以上是厄南的兒子阿希辣的供物。
84 Eyinom ne afɔremuka no afɔrebɔde a Israel mpanyimfo de ba bɛsraa afɔremuka no, nam so bɔɔ no atenase: dwetɛ mprɛte dumien, dwetɛ hweaseammɔ dumien ne sikakɔkɔɔ aduhuam nnwetɛbona dumien.
以上是傅油祝聖祭壇時,以色列領袖們為祝聖祭壇所奉獻的供物,計有銀盤十二個,銀盆十二個,金盂十二個;
85 Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no kari bɛyɛ kilogram aduasa, na prɛte biara kari bɛyɛ kilogram baako ne fa, na hweaseammɔ no nso mu duru yɛ kilogram baako.
銀盤每個重一百三十「協刻耳」,銀盆每個重七十,器皿的銀子依聖所的衡量,共重二千四百「協刻耳」;
86 Sikakɔkɔɔ a wɔde bɛkyɛe no mu duru yɛɛ bɛyɛ kilogram baako ne fa a ɛkyerɛ sɛ, sikakɔkɔɔ no akorade no mu biara duru yɛ nnwetɛbona du a wɔde aduhuam ahyɛ no ma.
盛滿香料的金盂十二個,依聖所衡量,每個盂重十「協刻耳」,這些盂的金子,共重一百二十「協刻耳」;
87 Wɔde anantwi dumien ne adwennini a wɔn mu biara adi afe na ɛbɛbɔɔ ɔhyew afɔre no a atoko afɔrebɔ nso ka ho. Wɔde mpapo bɛbɔɔ bɔne ho afɔre.
為作全燔祭的一切牲畜,計有公牛犢十二頭,公綿羊十二隻,一歲的公羔羊十二隻,還有同獻的素祭;此外尚有公山羊十二隻,為作贖罪祭;
88 Asomdwoe afɔre nneɛma a wɔde bae ni: nantwininimma aduonu anan, adwennini aduosia, mmirekyi aduosia, adwennini a wɔn mu biara adi afe aduosia.
為作和平祭的一切牲畜,計有公牛犢二十四頭,公綿羊六十隻,公山羊六十隻,一歲的公羔羊六十隻:以上是在傅油祝聖祭壇後,為祝聖祭壇所獻的供物。
89 Bere a Mose kɔɔ Ahyiae Ntamadan no mu sɛ ɔne Awurade rekɔkasa no, ɔtee nne bi fi soro a ɛrekasa kyerɛ no fi Mpata Beae no atifi hɔ, wɔ adaka no ho baabi a kerubim abien no sisi no ntam. Awurade faa saa kwan yi so kasa kyerɛɛ no.
當梅瑟進入會幕為同上主說話時,他聽見從約櫃的贖罪蓋上,兩革魯賓間,有與他說話的聲音:是上主在與他說話。

< 4 Mose 7 >