< 4 Mose 6 >
1 Awurade san ka kyerɛɛ Mose se,
Awurade sane ka kyerɛɛ Mose sɛ
2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima anaa ɔbea kɔyɛ Nasareni de tew ne ho wɔ Awurade anim a,
ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no sɛ, “Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa kɔyɛ Nasareni de te ne ho wɔ Awurade anim a,
3 ɛno akyi, saa bere a ɔwɔ ahotew no mu no, onni ho kwan sɛ ɔnom nsa a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsa a emu kaw.
ɛno akyi, saa ɛberɛ a ɔwɔ ahoteɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔnom nsã a ɛyɛ den anaa bobesa anaa nsã a emu ka.
4 Saa bere no mu no, onni ho kwan sɛ odi biribiara a efi bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono.
Saa ɛberɛ no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔdi biribiara a ɛfiri bobe mu, sɛ ɛyɛ nʼaba anaa ne hono.
5 “Saa bere no mu no, ɛnsɛ sɛ oyi ne tinwi, efisɛ ɔyɛ kronkron na wɔatew ne ho ama Awurade; ɛno nti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tinwi fuw no.
“Saa ɛberɛ no mu no, ɛnsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi, ɛfiri sɛ, ɔyɛ kronkron na wɔate ne ho ama Awurade; ɛno enti na ɛsɛ sɛ ɔma ne tirinwi fu no.
6 “Ne bɔhyɛ no nna no mu a watew ne ho ama Awurade no, onni ho kwan sɛ ɔkɔ owufo ho.
“Awurade bɔhyɛ no nna no mu no, ɔnni ho kwan sɛ ɔkɔ owufoɔ ho.
7 Sɛ owufo no yɛ nʼagya, ne na, ne nuabarima anaa ne nuabea koraa a, ɔnnkɔ ne ho, efisɛ ɔda so hyɛ ne bɔ a ɔhyɛ de tew ne ho maa Onyankopɔn no ase.
Sɛ owufoɔ no yɛ nʼagya, ne maame, ne nuabarima anaa ne nuabaa koraa a, ɔnnkɔ ne ho, ɛfiri sɛ, ne bɔ a ɔhyɛ de tee ne ho no, ɔda so hyɛ aseɛ,
8 Saa bere no mu nyinaa, wɔatew ne ho ama Awurade.
na saa ɛberɛ no mu nyinaa, wɔate ne ho ama Awurade.
9 “Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi no, ɛsɛ sɛ oyi ne tinwi a ɛho agu fi no. Afei, wobedwira ne ho afi fi a owufo no de aka no no ho.
“Sɛ obi wu tɔ ne nkyɛn de gu ne ho fi a, nnanson akyi, ɛsɛ sɛ ɔyi ne tirinwi a ɛho agu fi no. Afei, wɔbɛdwira ne ho afiri efi a owufoɔ no de aka no no.
10 Nʼadekyee a ɛyɛ da a ɛto so awotwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien brɛ ɔsɔfo wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
Nʼadekyeeɛ a ɛyɛ ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu brɛ ɔsɔfoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano.
11 Ɔsɔfo no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔre na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyew afɔre, na ayɛ mpata ama nea ne ho agu fi no. Na da no ara, ɛsɛ sɛ oti ne bɔhyɛ mu na ɔsan ma ne tinwi no fuw bio.
Ɔsɔfoɔ no de nnomaa no mu baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde ɔbaako abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, na ayɛ mpatadeɛ ama deɛ ne ho agu fi no. Na ɛda no ara, ɛsɛ sɛ ɔti ne bɔhyɛ mu na ɔsane ma ne tirinwi no fu bio.
12 Nna dodow a odii wɔ ne bɔhyɛ a edi kan no mu no nyinaa ahyew agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforo de afi ase, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ afɔdi ho afɔre.
Nna dodoɔ a ɔdii ne bɔhyɛ a ɛdi ɛkan no so no nyinaa ahye agu. Ɔbɛhyɛ Awurade bɔ foforɔ de afiri aseɛ, na ɔde odwennini ba a wadi afe bɛba abɛbɔ ɛfɔdie ho afɔdeɛ.
13 “Da a ne bɔhyɛ a ɛtew ɔno ne Awurade ntam no wie du no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
“Ɛda a ne bɔhyɛ a ɛte ɔno ne Awurade ntam no wie duru no, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano
14 Ɛhɔ na ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre ama Awurade. Ɔde oguan ba a wadi afe a onnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔre no. Ɛsɛ sɛ ɔde oguammere a wadi afe a onnii dɛm bɔ bɔne ho afɔre na ɔde odwennini a onnii dɛm bɔ asomdwoe afɔre.
kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma Awurade. Ɔde odwan ba a wadi afe a ɔnnii dɛm na ɛbɛbɔ saa afɔdeɛ no. Ɛsɛ sɛ ɔde odwanbereɛ a wadi afe a ɔnnii dɛm bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini a ɔnnii dɛm bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ.
15 Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne brodo a mmɔkaw mfra mu, asikresiam tetare a wɔde ngo afra; brodo ntrantraa bi a mmɔkaw mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduan ne nsa afɔrebɔde ka ho.
Nneɛma a ɔde bɛka ho no ne burodo a mmɔreka mfra mu, asikyiresiam taterɛ a wɔde ngo afra; burodo ntrawa bi a mmɔreka mfra mu a wɔde ngo ayɛ so a aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.
16 “Ɛsɛ sɛ Ɔsɔfo no de saa afɔrebɔde yi nyinaa ba Awurade anim na wabɛbɔ bɔne ho afɔre ne ɔhyew afɔre.
“Ɔsɔfoɔ no de saa afɔrebɔdeɛ yi nyinaa bɛba Awurade anim. Deɛ ɔde bɛdi ɛkan aba no yɛ bɔne ho afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ,
17 Ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoe afɔre a brodo kɛntɛnma a mmɔkaw nni mu nso ka ho na ɔde abɛbɔ aduan ne nsa afɔre.
afei, odwennini a wɔde no bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ a burodo kɛntɛnma a mmɔreka nni mu nso ka ho. Na deɛ ɛtwa toɔ a ɔde bɛba no ne aduane ne nsã afɔdeɛ a ɔde bɛma Awurade.
18 “Afei, ɔhotuafo no beyi ne tinwi a afuw kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ eyi wɔ Ahyiae Ntamadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoe afɔre a wɔrebɔ no wɔ gya mu no ahyew no.
“Afei, ɔhotuafo no bɛyi ne tirinwi a afu kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnnedeɛ a ɛkyerɛ sɛ, ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ yei wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔrebɔ no wɔ ogya mu no ahye no.
19 “Wɔayi ɔbarima no tinwi no awie no, ɔsɔfo no de odwennini no basa a wɔatoto tetare a mmɔkaw nni mu no baako ne brodo ntrantraa a mmɔkaw nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam.
“Wɔayi ɔbarima no tirinwi no awie no, ɔsɔfoɔ no de odwennini no basa a wɔatoto, taterɛ a mmɔreka nni mu no baako ne burodo ntrawa a mmɔreka nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam.
20 Ɔsɔfo no behim akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho tew ma ɔsɔfo no. Wɔbɛyɛ no sɛnea wɔyɛ odwennini no basa mu mfe mparow a wohim no wɔ Awurade anim no. Eyi akyi no, ɔhotuafo no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ wɔayi no afi ne bɔhyɛ no mu.
Ɔsɔfoɔ no bɛhim no akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho te ma ɔsɔfoɔ no. Wɔbɛyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ odwennini no basa mu mfempadeɛ a wɔhim no wɔ Awurade anim no. Yei akyi no, ɔhotuafoɔ no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ, wɔayi no afiri ne bɔhyɛ no mu.
21 “Eyinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahorow brɛ Awurade. Saa afɔrebɔ yi akyi no, otumi de afɔrebɔde biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.”
“Yeinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahodoɔ brɛ Awurade. Saa afɔrebɔ yi akyi no, ɔtumi de afɔrebɔdeɛ biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.”
22 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
23 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mmabarima no se, ɛsɛ sɛ wohyira Israelfo yi sononko sɛ:
“Ka kyerɛ Aaron ne ne mmammarima no sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyira Israelfoɔ yi sononko sɛ:
24 “‘Awurade nhyira mo na ɔnhwɛ mo so.
“‘Awurade nhyira mo na ɔnhwɛ mo so.
25 Awurade ntew nʼanim nkyerɛ mo na ɔnnom mo.
Awurade nte nʼanim nkyerɛ mo na ɔnnom mo.
26 Awurade mma nʼani so nhwɛ mo na ɔmma mo asomdwoe.’
Awurade mma nʼani so nhwɛ mo na ɔmma mo asomdwoeɛ.’
27 “Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmabarima hyira Israelfo, na mʼankasa nso mehyira wɔn.”
“Saa na ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mmammarima hyira Israelfoɔ, na mʼankasa nso mɛhyira wɔn.”