< 4 Mose 5 >

1 Eyi ne mmara a Awurade san hyɛ maa Mose:
Locutusque est Dominus ad Moysen, dicens:
2 “Ka kyerɛ Israelfo no se, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafo nyinaa fi atenae hɔ. Wɔn a kuru atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka funu nti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn.
Praecipe filiis Israel, ut eiiciant de castris omnem leprosum, et qui semine fluit, pollutusque est super mortuo:
3 Mmarima ne mmea nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa fi hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ na atenae a me ne mo bɛtena no ho rengu fi.”
tam masculum quam feminam eiicite de castris, ne contaminent ea cum habitaverint vobiscum.
4 Wodii Awurade mmara no so.
Feceruntque ita filii Israel, et eiecerunt eos extra castra, sicut locutus erat Dominus Moysi.
5 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Locutusque est Dominus ad Moysen, dicens:
6 “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima o, ɔbea o, odi Awurade huammɔ a, ɛyɛ bɔne.
Loquere ad filios Israel: Vir, sive mulier, cum fecerint ex omnibus peccatis, quae solent hominibus accidere, et per negligentiam transgressi fuerint mandatum Domini, atque deliquerint,
7 Ɛsɛ sɛ ɔka ne bɔne na ade a owiae no, otua ho ka nyinaa na ɔsan de ɛho ka no nkyɛmu ɔha mu aduonu ka ho de ma onipa ko a ɔbɔɔ no korɔn no.
confitebuntur peccatum suum, et reddent ipsum caput, quintamque partem desuper ei, in quem peccaverint.
8 Na sɛ onipa ko a wɔyɛɛ no bɔne no awu na onni obusuani biara a ɔbɛn no a wobetua ho ka ama no, na ɛsɛ sɛ wotua ma ɔsɔfo a, ɛsɛ sɛ wɔde odwennini ka ho sɛ mpatade. Ɛyɛ Awurade de.
Sin autem non fuerit qui recipiat, dabunt Domino, et erit sacerdotis, excepto ariete, qui offertur pro expiatione, ut sit placabilis hostia.
9 Akyɛde kronkron a Israelfo de bɛkyɛ ɔsɔfo no yɛ ne de.
Omnes quoque primitiae, quas offerunt filii Israel, ad sacerdotem pertinent:
10 Ɔsɔfo biara bɛfa akyɛde kronkron biara a ne nsa bɛka.”
et quidquid in Sanctuarium offertur a singulis, et traditur manibus sacerdotis, ipsius erit.
11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Locutusque est Dominus ad Moysen, dicens:
12 “Ka kyerɛ Israelfo no se, sɛ ɔbarima bi yere kɔbɔ aguaman
Loquere ad filios Israel, et dices ad eos: Vir, cuius uxor erraverit, maritumque contemnens
13 nanso onhu asɛm no mu nokware na onya ɔdanseni
dormierit cum altero viro, et hoc maritus deprehendere non quiverit, sed latet adulterium, et testibus argui non potest, quia non est inventa in stupro:
14 na ɔtwe ho ninkunu na ɔnte ne ho ase a,
si spiritus zelotypiae concitaverit virum contra uxorem suam, quae vel polluta est, vel falsa suspicione appetitur,
15 ɔbarima no de ne yere no bɛkɔ ɔsɔfo anim a ɔbea no ho afɔrebɔde a ɛyɛ atokosiam a wɔmfaa ohuam ngo mfrae lita abien ka ho. Efisɛ ɛyɛ ninkutwe afɔrebɔ. Ɛno na ɛbɛma nokware ada adi ama wɔahu sɛ ɔbea no di fɔ anaa odi bem.
adducet eam ad sacerdotem, et offeret oblationem pro illa decimam partem sati farinae hordeaceae: non fundet super eam oleum, nec imponet thus: quia sacrificium zelotypiae est, et oblatio investigans adulterium.
16 “Ɔsɔfo no de ɔbea no bɛba Awurade anim,
Offeret igitur eam sacerdos, et statuet coram Domino.
17 na wasaw Ahyiae Ntamadan no mu mfutuma de afra nsu kronkron a egu asuhina kɛse bi mu no.
assumetque aquam sanctam in vase fictili, et pauxillum terrae de pavimento tabernaculi mittet in eam.
18 Ɔbɛsan ne ti a wakyekyere no na ɔde ninkunu afɔrebɔde no agu ne nsam de ahwɛ sɛ ɔbarima no nsusuwii no yɛ nokware ampa ara anaasɛ ɛnyɛ nokware. Ɔsɔfo no begyina nʼanim a okura nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba no.
Cumque steterit mulier in conspectu Domini, discooperiet caput eius, et ponet super manus illius sacrificium recordationis, et oblationem zelotypiae: ipse autem tenebit aquas amarissimas, in quibus cum execratione maledicta congessit.
19 Ɔbɛma no aka ntam sɛ onnim asɛm no ho hwee na waka akyerɛ no se, sɛ wo ne ɔbarima biara nnae ka wo kunu nko ara ho de a, ɛno de, wo ho ntew mfi nsu nwenweenwen a ɛde mmusu ba yi ho. Na sɛ woabɔ aguaman a, ɛno de, Awurade bɛdome wo wɔ wo nkurɔfo mu. Ɔbɛma wo srɛ aporɔw na wo yafunu ahon. Na ɔbea no bɛka se, ‘Yiw, saa na ɛsɛ sɛ ɛba.’
adiurabitque eam, et dicet: Si non dormivit vir alienus tecum, et si non polluta es deserto mariti thoro, non te nocebunt aquae istae amarissimae, in quas maledicta congessi.
Sin autem declinasti a viro tuo, atque polluta es, et concubuisti cum altero viro:
his maledictionibus subiacebis: Det te Dominus in maledictionem, exemplumque cunctorum in populo suo: putrescere faciat femur tuum, et tumens uterus tuus disrumpatur.
ingrediantur aquae maledictae in ventrem tuum, et utero tumescente putrescat femur. Et respondebit mulier, Amen, amen.
23 “Ɔsɔfo no bɛkyerɛw nnome yi nyinaa agu nhoma bi mu na wahohoro agu nsu nwenweenwen no mu.
Scribetque sacerdos in libello ista maledicta, et delebit ea aquis amarissimis, in quas maledicta congessit,
24 Sɛ ɛsɛ sɛ ɔbea no nom nsu no na sɛ ɔnom wɔ bere a wayɛ bɔne a, ɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu.
et dabit ei bibere. Quas cum exhauserit,
25 Afei, ɔsɔfo no begye ninkunu afɔrebɔde no afi ɔbea no nsam na wahinhim wɔ Awurade anim na ɔde akɔ afɔremuka no so.
tollet sacerdos de manu eius sacrificium zelotypiae, et elevabit illud coram Domino, imponetque illud super altare: ita dumtaxat ut prius,
26 Ɔbɛsaw ne nsa ma de asi ne nyinaa anan na wahyew no wɔ afɔremuka no so na wama ɔbea no anom nsu no.
pugillum sacrificii tollat de eo, quod offertur, et incendat super altare: et sic potum det mulieri aquas amarissimas.
27 Sɛ ne ho agu fi na wabɔ aguaman atia ne kunu a, nsu a wanom no bɛyɛ nwenweenwen wɔ ne mu na ne yafunu ahon na ne srɛ aporɔw na wayɛ nnome wɔ ne nkurɔfo mu.
Quas cum biberit, si polluta est, et contempto viro adulterii rea, pertransibunt eam aquae maledictionis, et inflato ventre computrescet femur: eritque mulier in maledictionem, et in exemplum omni populo.
28 Sɛ ɔyɛ kronkron a ɔmmɔɔ aguaman a, wɔrenhaw no, na ɛrenkyɛ, obenyinsɛn.
Quod si polluta non fuerit, erit innoxia, et faciet liberos.
29 “Eyi ne mmara a ɛfa ɔbea a ne bra nye na ne kunu twe ne ho ninkunu
Ista est lex zelotypiae. Si declinaverit mulier a viro suo, et si polluta fuerit,
30 de hwehwɛ mu hu sɛ odi ne kunu nokware anaa onni no nokware no ho. Ɔde no bɛba Awurade anim na ɔsɔfo no adi dwuma a wɔabobɔ so no nyinaa.
maritusque zelotypiae spiritu concitatus adduxerit eam in conspectu Domini, et fecerit ei sacerdos iuxta omnia quae scripta sunt:
31 Wɔrenni ne kunu no asɛm wɔ baabiara sɛ wama ɔyare bɔne bi aba ne yere so, efisɛ ɛyɛ ɔno ara na ɔma ɛbaa saa.”
maritus absque culpa erit, et illa recipiet iniquitatem suam.

< 4 Mose 5 >