< 4 Mose 4 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se:
耶和華曉諭摩西、亞倫說:
2 “Kan Kohatfo no dodow a wɔwɔ Lewifo no abusua mu.
「你從利未人中,將哥轄子孫的總數,照他們的家室、宗族,
3 Saa nnipakan yi bɛyɛ mmarima nko ara a wɔadi fi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu.
從三十歲直到五十歲,凡前來任職、在會幕裏辦事的,全都計算。
4 “Kohat mma no dwumadi ne sɛ wɔbɛhwɛ akronkronne no so wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
哥轄子孫在會幕搬運至聖之物,所辦的事乃是這樣:
5 Sɛ wɔretu afi atenae hɔ a, Aaron ne ne mma mmarima na wobedi kan akɔ Ahyiae Ntamadan no mu akɔfa nkataanim no de akata adaka no ho.
起營的時候,亞倫和他兒子要進去摘下遮掩櫃的幔子,用以蒙蓋法櫃,
6 Afei, wɔde abirekyi nhoma bɛkata nkataanim no ho na wɔde ntama tuntum akata abirekyi nhoma no ho na wɔde nnua a wɔde soa adaka no ahyehyɛ ne nkaa no mu.
又用海狗皮蓋在上頭,再蒙上純藍色的毯子,把槓穿上。
7 “Afei, wɔmfa ntama tuntum nsɛw ɔpon a Daa Daa Brodo no da so no so; na wɔmfa mprɛte, nsanka, ne adidi nkankyee ne ɔnom afɔre nkuruwa no; brodo no ngu ntama no so ara.
又用藍色毯子鋪在陳設餅的桌子上,將盤子、調羹、奠酒的爵,和杯擺在上頭。桌子上也必有常設的餅。
8 Wɔde ntama kɔkɔɔ bɛkata so na wɔasan de abirekyi nhoma akata ntama kɔkɔɔ no so. Na afei, wɔde nnua a wɔde bɛsoa no ahyehyɛ ɔpon no mu.
在其上又要蒙朱紅色的毯子,再蒙上海狗皮,把槓穿上。
9 “Ɛsɛ sɛ wɔde ntama tuntum kata kaneadua no, akanea no, adabaw no, nkuku apampaa no ne ngo tumpan no ho.
要拿藍色毯子,把燈臺和燈臺上所用的燈盞、剪子、蠟花盤,並一切盛油的器皿,全都遮蓋。
10 Saa nneɛma yi nyinaa nso wɔde abirekyi nhoma a ɛyɛ den bɛkata ho na wɔde nea wɔakyekyere no nyinaa abegu ɔpon no so.
又要把燈臺和燈臺的一切器具包在海狗皮裏,放在抬架上。
11 “Ɛsɛ sɛ wɔde ntama tuntum kata sikakɔkɔɔ afɔremuka no so na wɔsan de abirekyi nhoma kata so bio na wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛ afɔremuka no mu.
在金壇上要鋪藍色毯子,蒙上海狗皮,把槓穿上。
12 “Hyiadan no mu som no ho nneɛma a aka no nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔde ntama bibiri kyekyere ho a wɔde abirekyi nhoma asan akyekyere ho na wɔde ato mpata a wɔde soa no so.
又要把聖所用的一切器具包在藍色毯子裏,用海狗皮蒙上,放在抬架上。
13 “Ɛsɛ sɛ wotu nsõ no nyinaa fi afɔremuka no mu gu, na wɔde ntama kɔkɔɔ kyekyere ho.
要收去壇上的灰,把紫色毯子鋪在壇上;
14 Ɛsɛ sɛ wɔde afɔremuka no ho ɔsom nneɛma nyinaa gu ntama no so. Saa nneɛma no ne nkankyee a wɔnoa mu, adinam, sofi, ne nkankyee a wɔde nsu a wɔde pete gu mu. Ɛsɛ sɛ wɔde abirekyi nhoma kata ne nyinaa so na wɔde nnua a wɔde soa no gu faako a ɛsɛ sɛ wɔde gu.
又要把所用的一切器具,就是火鼎、肉鍤子、鏟子、盤子,一切屬壇的器具都擺在壇上,又蒙上海狗皮,把槓穿上。
15 “Sɛ Aaron ne ne mma mmarima no wie kronkronbea hɔ nneɛma no anoboa a, Kohat ne nʼabusuafo bɛba abɛsoa akɔ baabiara a wɔretu nneɛma akɔ. Nanso wonni ho kwan sɛ wɔde wɔn nsa ka nneɛma a ɛho tew no bi. Wɔyɛ saa a, wobewuwu. Ɛsɛ sɛ Kohat mmabarima no soa nneɛma a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no.
將要起營的時候,亞倫和他兒子把聖所和聖所的一切器具遮蓋完了,哥轄的子孫就要來抬,只是不可摸聖物,免得他們死亡。會幕裏這些物件是哥轄子孫所當抬的。
16 “Aaron babarima Eleasar a ɔyɛ ɔsɔfo no na ɔbɛhwɛ ngo a wɔde bɛsɔ kanea, nnuhuam, daa aduan a wɔde bɔ afɔre, ɔsra ngo ne Ahyiae Ntamadan no nyinaa so. Biribiara a ɛwɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nso, ɔbɛhwɛ so.”
「祭司亞倫的兒子以利亞撒所要看守的是點燈的油與香料,並當獻的素祭和膏油,也要看守全帳幕與其中所有的,並聖所和聖所的器具。」
17 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
耶和華曉諭摩西、亞倫說:
18 “Monhwɛ sɛ wɔrentwa Kohatfo abusuakuw no mfi Lewifo mu.
「你們不可將哥轄人的支派從利未人中剪除。
19 Sɛ wɔresoa nneɛma a ɛho tew no a, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔrenwuwu ni: Ɛsɛ sɛ Aaron ne ne mma mmarima no ne wɔn kɔ hɔ kɔkyerɛ wɔn ade a ɛsɛ sɛ wɔn mu biara soa.
他們挨近至聖物的時候,亞倫和他兒子要進去派他們各人所當辦的,所當抬的。這樣待他們,好使他們活着,不致死亡。
20 Ɛnsɛ sɛ Kohatfo no kɔ hɔ kɔhwɛ akronkronne no koraa, na wɔanwuwu.”
只是他們連片時不可進去觀看聖所,免得他們死亡。」
21 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
耶和華曉諭摩西說:
22 “Kan Gerson asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no,
「你要將革順子孫的總數,照着宗族、家室,
23 fi mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma kronkron wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ no so.
從三十歲直到五十歲,凡前來任職、在會幕裏辦事的,全都數點。
24 “Gerson mmusua no dwuma a wobedi ni:
革順人各族所辦的事、所抬的物乃是這樣:
25 Wɔbɛsoa ntama a etwa Ahyiae Ntamadan mu hɔ, Ahyiae Ntamadan no ankasa ne nea ɛkata ho, abirekyi nhoma nkuruso ne ntama a ɛsɛn Ahyiae Ntamadan no ano no.
他們要抬帳幕的幔子和會幕,並會幕的蓋與其上的海狗皮,和會幕的門簾,
26 Afei, wɔbɛsoa nkataho a ɛkata adiwo hɔ fasu no ho no. Wɔbɛsoa ntama a etwa adiwo hɔ kwan no ano ne afɔremuka ne Ahyiae Ntamadan no ntam no. Wɔbɛsoa afɔremuka no, ntampehama ne nea ɛkeka ho nyinaa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ twe eyinom nyinaa.
院子的帷子和門簾(院子是圍帳幕和壇的)、繩子,並所用的器具,不論是做甚麼用的,他們都要經理。
27 Aaron anaa ne mmabarima no bi tumi ma Gerson asefo no bi dwuma di.
革順的子孫在一切抬物辦事之上都要憑亞倫和他兒子的吩咐;他們所當抬的,要派他們看守。
28 Eyi ne Gersonfo no adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu. Ɛsɛ sɛ wodi Aaron ba Itamar a ɔyɛ ɔsɔfo no nan ase.
這是革順子孫的各族在會幕裏所辦的事;他們所看守的,必在祭司亞倫兒子以他瑪的手下。」
29 “Kan Merari asefo a wɔfra Lewifo abusua mu no.
「至於米拉利的子孫,你要照着家室、宗族把他們數點。
30 Kan mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum so a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan mu hɔ.
從三十歲直到五十歲,凡前來任職、在會幕裏辦事的,你都要數點。
31 Sɛ wɔpagyaw Ahyiae Ntamadan no a, wɔn na ɛsɛ sɛ wɔsoa ne nnyinaso, nnua a esisi mu, ne nsisiso,
他們辦理會幕的事,就是抬帳幕的板、閂、柱子,和帶卯的座,
32 mpuran a wɔde yɛɛ adiwo hɔ afasu no ne ne nsisiso, nnyinaso, ntampehama ne biribiara a wɔde di ho dwuma. Fa dwumadi ahorow no hyɛ nnipa a wobɛbobɔ wɔn din no nsa.
院子四圍的柱子和其上帶卯的座、橛子、繩子,並一切使用的器具。他們所抬的器具,你們要按名指定。
33 Merari asefo no, Aaron babarima Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn so.”
這是米拉利子孫各族在會幕裏所辦的事,都在祭司亞倫兒子以他瑪的手下。」
34 Enti Mose ne Aaron ne mpanyimfo no bi kɔkan Kohatfo
摩西、亞倫與會眾的諸首領將哥轄的子孫,照着家室、宗族,
35 a mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum nyinaa a wobetumi ayɛ Ahyiae Ntamadan mu adwuma ka ho,
從三十歲直到五十歲,凡前來任職、在會幕裏辦事的,都數點了。
36 na wohuu sɛ wɔn nyinaa dodow yɛ mpem abien ne ahanson aduonum.
被數的共有二千七百五十名。
37 Eyinom ne Kohat asefo dodow a na wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu Wɔyɛɛ eyinom nyinaa de dii Awurade ahyɛde a ɔmaa Mose no so.
這是哥轄各族中被數的,是在會幕裏辦事的,就是摩西、亞倫照耶和華藉摩西所吩咐數點的。
38 Wɔkan Gersonfo no mmusua ne wɔn mmusuakuw.
革順子孫被數的,照着家室、宗族,
39 Wɔkan mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wobetumi ayɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
從三十歲直到五十歲,凡前來任職、在會幕裏辦事的,共有二千六百三十名。
40 Wɔn nyinaa dodow yɛɛ mpem abien ahansia ne aduasa.
41 Enti na Gersonfo a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nyinaa dodow ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no.
這是革順子孫各族中被數的,是在會幕裏辦事的,就是摩西、亞倫照耶和華藉摩西所吩咐數點的。
42 Merarifo no nso, wɔkan wɔn mmusua ne wɔn mmusuakuw.
米拉利子孫中各族被數的,照着家室、宗族,
43 Wɔkan wɔn mmarima a wɔadi mfe aduasa kosi aduonum a wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
從三十歲直到五十歲,凡前來任職、在會幕裏辦事的,共有三千二百名。
44 Wɔn nyinaa dodow yɛɛ mpem abiɛsa ne ahannu.
45 Enti Merarifo a wɔfata sɛ wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no mu no nyinaa dodow ne no. Mose ne Aaron na wɔkan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
這是米拉利子孫各族中被數的,就是摩西、亞倫照耶和華藉摩西所吩咐數點的。
46 Enti Mose ne Aaron ne Israel mpanyimfo nam Lewifo no mmusua ne wɔn afi so kan wɔn nyinaa.
凡被數的利未人,就是摩西、亞倫並以色列眾首領,照着家室、宗族所數點的,
47 Mmarima a na wɔadi fi mfe aduasa kosi mfe aduonum no nyinaa a na wɔfata sɛ wɔyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ no ne wɔn a wɔbɛsoa akɔ no
從三十歲直到五十歲,凡前來任職、在會幕裏做抬物之工的,共有八千五百八十名。
48 dodow yɛ mpem ahanwɔtwe ahannum ne aduɔwɔtwe.
49 Awurade hyɛ a ɔhyɛɛ Mose no nti na wɔnam so kan nnipa no.
摩西按他們所辦的事、所抬的物,憑耶和華的吩咐數點他們;他們這樣被摩西數點,正如耶和華所吩咐他的。

< 4 Mose 4 >