< 4 Mose 36 >

1 Gilead abusua no ntuanofo, Makir a ɔyɛ Manase babarima ne Yosef nena asefo, kɔɔ Mose ne Israel mmusua ntuanofo no nkyɛn de adesrɛde kɔtoo wɔn anim.
Or les chefs des pères de la famille des enfants de Galaad, fils de Makir, fils de Manassé, d'entre les familles des enfants de Joseph, s'approchèrent, et parlèrent devant Moïse, et devant les principaux qui étaient les chefs des pères des enfants d'Israël,
2 Wɔkae se, “Awurade hyɛɛ wo se bɔ ntonto na gyina so kyekyɛ asase no ma Israelfo no. Awurade ɔhyɛɛ wo se fa yɛn nuabarima Selofehad agyapade ma ne mmabea.
Et dirent: l'Eternel a commandé à mon Seigneur de donner aux enfants d'Israël le pays en héritage par sort; et mon Seigneur a reçu commandement de l'Eternel de donner l'héritage de Tsélophcad notre frère à ses filles.
3 Na sɛ ɛba sɛ wɔn mu bi kɔware wɔ abusua foforo mu a, ɔde asase a wɔde ama no no bɛkɔ aware. Sɛ ɛba saa a, yɛn abusua no asase a wɔde ama yɛn no so bɛtew.
Si elles sont mariées à quelqu'un des enfants des [autres] Tribus d'Israël, leur héritage sera ôté de l'héritage de nos pères, et sera ajouté à l'héritage de la Tribu de laquelle elles seront; ainsi il sera ôté de l'héritage qui nous est échu par le sort.
4 Sɛ Israelfo Mfirihyia Aduonum Afahyɛ no du so a, wɔde wɔn agyapade no bɛka abusua a wɔkɔwaree wɔ mu no de ho, na wobeyi afi yɛn agyanom abusua agyapade mu.”
Même quand le [temps du] Jubilé viendra pour les enfants d'Israël, on ajoutera leur héritage à l'héritage de la Tribu de laquelle elles seront; ainsi leur héritage sera retranché de l'héritage de nos pères.
5 Enti Mose de saa ɔhyɛ nsɛm a efi Awurade yi maa Israelfo no: “Yosef abusuakuw mu nnipa no asɛm no yɛ nokware.
Et Moïse commanda aux enfants d'Israël, suivant le commandement de la bouche de l'Eternel, en disant: Ce que la Tribu des enfants de Joseph dit, est juste.
6 Nea Awurade rehyɛ ama Selofehad mmabea no ni: Wotumi ware ɔbarima biara a wɔpɛ a ofi wɔn agya abusuakuw mu.
C'est ici ce que l'Eternel a commandé au sujet des filles de Tsélophcad, en disant: Elles se marieront à qui bon leur semblera, toutefois elles seront mariées dans quelqu'une des familles de la Tribu de leurs pères.
7 Ɛnsɛ sɛ Israel agyapade biara fi abusuakuw bi mu kɔ abusuakuw foforo nsam, efisɛ ɛsɛ sɛ Israel agyanom abusuakuw biara agyapade tena hɔ sɛnea ɛte no.
Ainsi l'héritage ne sera point transporté entre les enfants d'Israël de Tribu en Tribu; car chacun des enfants d'Israël se tiendra à l'héritage de la Tribu de ses pères.
8 Ɛsɛ sɛ mmabea a wɔwɔ Israel mmusuakuw mu nyinaa a agyapade tumi kɔ wɔn nsam no wareware wɔ wɔn agyanom mmusuakuw mu na Israel abusuakuw biara agyanom agyapade amfi wɔn abusuakuw mu.
Et toute fille qui sera héritière de quelque possession d'entre les Tribus des enfants d'Israël, sera mariée à quelqu'un de la famille de la Tribu de son père, afin que chacun des enfants d'Israël hérite l'héritage de ses pères.
9 Ɛnsɛ sɛ agyapade biara fi abusuakuw bi nsam kodi ɔfoforo nsam, ɛsɛ sɛ Israel Abusuakuw biara asase a wanya no tena hɔ.”
L'héritage donc ne sera point transporté d'une Tribu à l'autre, mais chacun d'entre les Tribus des enfants d'Israël se tiendra à son héritage.
10 Selofehad mmabea no yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
Les filles de Tsélophcad firent ainsi que l'Eternel avait commandé à Moïse.
11 Mahla, Tirsa, Hogla, Milka ne Noa nyinaa wareware wɔn agyanom nuabarimanom mma.
Car Mahla, Tirtsa, Hogla, Milca, et Noha, filles de Tsélophcad, se marièrent aux enfants de leurs oncles.
12 Wɔwarewaree wɔ Yosef babarima Manase mmusua mu enti wɔn agyapade no kaa wɔn abusuakuw no mu.
Ainsi elles furent mariées à ceux qui étaient des familles des enfants de Manassé, fils de Joseph; et leur héritage demeura dans la Tribu de la famille de leur père.
13 Eyinom ne mmara ne nhyehyɛe a Awurade nam Mose so de maa Israelfo wɔ Moab tataw so no, wɔ Asubɔnten Yordan a na wɔafi Yeriko atwa no.
Ce sont là les commandements et les jugements que l'Eternel ordonna par le moyen de Moïse aux enfants d'Israël, dans les campagnes de Moab, près du Jourdain de Jéricho.

< 4 Mose 36 >