< 4 Mose 33 >
1 Eyi ne akwantu nhyehyɛe a Israelfo dii so bere a Mose ne Aaron de wɔn fi Misraim no.
hae sunt mansiones filiorum Israhel qui egressi sunt de Aegypto per turmas suas in manu Mosi et Aaron
2 Mose kyerɛw faako a wɔfaa nyinaa sɛnea Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Eyinom ne mmeae ahorow a wɔsoɛɛ wɔ wɔn akwantu no mu.
quas descripsit Moses iuxta castrorum loca quae Domini iussione mutabant
3 Wosii mu fii Rameses kuropɔn no mu wɔ Twam Afahyɛ a edi kan no akyi ɔsram edi kan da ɛto so dunum. Wɔde akokoduru fii hɔ a Misraimfo no rehwɛ wɔn.
profecti igitur de Ramesse mense primo quintadecima die mensis primi altera die phase filii Israhel in manu excelsa videntibus cunctis Aegyptiis
4 Saa bere no na Misraimfo no resie wɔn mmakan a Awurade kunkum wɔn anadwo a ade rebɛkye ama wɔatu kwan no, efisɛ na Awurade de atemmu aba wɔn anyame no nyinaa so.
et sepelientibus primogenitos quos percusserat Dominus nam et in diis eorum exercuerat ultionem
5 Wofii Rameses no, wɔbɛbɔɔ atenae wɔ Sukot.
castrametati sunt in Soccoth
6 Wofii Sukot bɛbɔɔ atenae wɔ Etam, sare no ano.
et de Soccoth venerunt in Aetham quae est in extremis finibus solitudinis
7 Wofii Etam san wɔn akyi baa Pihahirot a ɛwɔ Baal-Sefon apuei fam, na wɔbɔɔ atenae bɛnee bepɔw Migdol.
inde egressi venerunt contra Phiahiroth quae respicit Beelsephon et castrametati sunt ante Magdolum
8 Wofi Pihahirot, na wotwaa Po Kɔkɔɔ no kɔɔ sare so. Wɔde nnansa nantew faa Etam sare so kɔbɔɔ atenae wɔ Mara.
profectique de Phiahiroth transierunt per medium mare in solitudinem et ambulantes tribus diebus per desertum Aetham castrametati sunt in Mara
9 Wofii Mara no, wɔbaa Elim; baabi a na mmura dumien ne mmedua aduɔson wɔ hɔ.
profectique de Mara venerunt in Helim ubi erant duodecim fontes aquarum et palmae septuaginta ibique castrametati sunt
10 Wofii Elim no, wɔbɔɔ atenae wɔ Po Kɔkɔɔ no ho.
sed et inde egressi fixere tentoria super mare Rubrum profectique de mari Rubro
11 Wofii Po Kɔkɔɔ no ho, kɔbɔɔ atenae wɔ Sin nweatam so.
castrametati sunt in deserto Sin
12 Wotu fii Sin sare so kɔbɔɔ atenae Dofka.
unde egressi venerunt in Dephca
13 Wofii Dofka kɔbɔɔ atenae wɔ Alus.
profectique de Dephca castrametati sunt in Alus
14 Wofii Alus kɔbɔɔ atenae wɔ Refidim, baabi a na wonnya nsu mma nnipa no nnom.
egressi de Alus Raphidim fixere tentoria ubi aqua populo defuit ad bibendum
15 Wofii Refidim no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Sinai sare so.
profectique de Raphidim castrametati sunt in deserto Sinai
16 Wofii Sinai sare so no, wɔkɔɔ atenae wɔ Kibrot-Hataawa.
sed et de solitudine Sinai egressi venerunt ad sepulchra Concupiscentiae
17 Wofii Kibrot-Hataawa no, wɔkɔbɔɔ atenae wɔ Haserot.
profectique de sepulchris Concupiscentiae castrametati sunt in Aseroth
18 Wofii Haserot kɔbɔɔ atenae wɔ Ritma.
et de Aseroth venerunt in Rethma
19 Wofii Ritma kɔbɔɔ atenae wɔ Rimon Peres.
profectique de Rethma castrametati sunt in Remmonphares
20 Wofii Rimon Peres kɔbɔɔ atenae wɔ Libna.
unde egressi venerunt in Lebna
21 Wofii Libna kɔbɔɔ atenae wɔ Risa.
et de Lebna castrametati sunt in Ressa
22 Wofii Risa kɔbɔɔ atenae wɔ Kahelata.
egressi de Ressa venerunt in Ceelatha
23 Wofii Kahelata kɔbɔɔ atenae wɔ Sefer Bepɔw so.
unde profecti castrametati sunt in monte Sepher
24 Wofii Sefer Bepɔw so kɔbɔɔ atenae wɔ Harada.
egressi de monte Sepher venerunt in Arada
25 Wofii Harada kɔbɔɔ atenae wɔ Makhelot.
inde proficiscentes castrametati sunt in Maceloth
26 Wofii Makhelot kɔbɔɔ atenae wɔ Tahat.
profectique de Maceloth venerunt in Thaath
27 Wofii Tahat kɔbɔɔ atenae wɔ Tera.
de Thaath castrametati sunt in Thare
28 Wofii Tera kɔbɔɔ atenae wɔ Mitka.
unde egressi fixerunt tentoria in Methca
29 Wofii Mitka kɔbɔɔ atenae wɔ Hasmona.
et de Methca castrametati sunt in Esmona
30 Wofii Hasmona kɔbɔɔ atenae wɔ Moserot.
profectique de Esmona venerunt in Moseroth
31 Wofii Moserot kɔbɔɔ atenae wɔ Beneyaakan.
et de Moseroth castrametati sunt in Baneiacan
32 Wofii Beneyaakan kɔbɔɔ atenae wɔ Horhagidgad.
egressique de Baneiacan venerunt in montem Gadgad
33 Wofii Horhagidgad kɔbɔɔ atenae wɔ Yotbata.
unde profecti castrametati sunt in Hietebatha
34 Wofii Yotbata kɔbɔɔ atenae wɔ Abrona.
et de Hietebatha venerunt in Ebrona
35 Wofii Abrona kɔbɔɔ atenae wɔ Esion-Geber.
egressique de Ebrona castrametati sunt in Asiongaber
36 Wofii Esion-Geber kɔbɔɔ atenae wɔ Kades, wɔ Sin sare so.
inde profecti venerunt in desertum Sin haec est Cades
37 Wofii Kades kɔbɔɔ atenae wɔ Bepɔw Hor so, wɔ Edom hye ano.
egressique de Cades castrametati sunt in monte Hor in extremis finibus terrae Edom
38 Bere a woduu Bepɔw Hor ase no, Awurade ka kyerɛɛ ɔsɔfo Aaron se ɔnkɔ bepɔw no atifi, na ɛhɔ na okowui. Asɛm yi sii mfe aduanan so a Israelfo tu fii Misraim no.
ascenditque Aaron sacerdos montem Hor iubente Domino et ibi mortuus est anno quadragesimo egressionis filiorum Israhel ex Aegypto mense quinto prima die mensis
39 Aaron dii mfe ɔha aduonu abiɛsa, bere a owuu wɔ Bepɔw Hor so no.
cum esset annorum centum viginti trium
40 Saa bere no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfo no reba nʼasase so.
audivitque Chananeus rex Arad qui habitabat ad meridiem in terra Chanaan venisse filios Israhel
41 Israelfo no toaa wɔn akwantu no so fi Bepɔw Hor so kɔbɔɔ atenae wɔ Salmona.
et profecti de monte Hor castrametati sunt in Salmona
42 Wofii Salmona kɔtenaa Punon.
unde egressi venerunt in Phinon
43 Wofii Punon kɔtenaa Obot.
profectique de Phinon castrametati sunt in Oboth
44 Wɔtoaa so kɔɔ Iye-Abarim, Moab hye so kɔtenaa hɔ.
et de Oboth venerunt in Ieabarim quae est in finibus Moabitarum
45 Wofii hɔ no, wɔkɔtenaa Dibon Gad.
profectique de Ieabarim fixere tentoria in Dibongad
46 Wofii Dibon Gad kɔtenaa Almon Diblataim.
unde egressi castrametati sunt in Elmondeblathaim
47 Wofii Almon Diblataim kɔtenaa Abarim mmepɔw a ɛbɛn Nebo no so.
egressi de Elmondeblathaim venerunt ad montes Abarim contra Nabo
48 Akyiri no, wotutu fii hɔ twaa mu wɔ Yeriko kɔbɔɔ atenae wɔ Moab tataw so wɔ Asubɔnten Yordan ho.
profectique de montibus Abarim transierunt ad campestria Moab super Iordanem contra Hiericho
49 Wɔwɔ saa beae hɔ no, wɔtenaa mmeae bebree a ɛbɛn Asubɔnten Yordan ho—efi Bet-Yesimot kosi Abel Sitim a ɛwɔ Moab tataw so no.
ibique castrametati sunt de Bethsimon usque ad Belsattim in planioribus locis Moabitarum
50 Bere a wɔabɔ atenase wɔ hɔ no na Awurade nam Mose so kasa kyerɛɛ Israelfo no se,
ubi locutus est Dominus ad Mosen
51 “Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan kodu Kanaan asase so a,
praecipe filiis Israhel et dic ad eos quando transieritis Iordanem intrantes terram Chanaan
52 mompam nnipa a wɔte hɔ no nyinaa na monsɛe wɔn abosom ne ahoni a wɔde abo ayɛ ne nsɔree a wɔasisi no petee mu wɔ mmepɔw so ne mmeae a wɔsom wɔn ahoni no nyinaa.
disperdite cunctos habitatores regionis illius confringite titulos et statuas comminuite atque omnia excelsa vastate
53 Mede asase no ama mo. Momfa na montena so.
mundantes terram et habitantes in ea ego enim dedi vobis illam in possessionem
54 Munnyina ntontobɔ so nkyekyɛ asase no, sɛnea mo mmusua no te. Wɔn a wɔdɔɔso no, wɔbɛma wɔn asase kɛse na wɔn a wosua no nso benya asase ketewa. Sɛnea ntonto no besi abɔ biara no na ɛbɛyɛ wɔn de. Monhwɛ mo agyanom mmusua so mfa nkyekyɛ.
quam dividetis vobis sorte pluribus dabitis latiorem et paucis angustiorem singulis ut sors ceciderit ita tribuetur hereditas per tribus et familias possessio dividetur
55 “Sɛ moampam nnipa a wɔte hɔ no a, wɔbɛyɛ mo ani ase mpe ne mo honam mu nsɔe. Wɔbɛhaw mo wɔ asase a mobɛtena so no so.
sin autem nolueritis interficere habitatores terrae qui remanserint erunt vobis quasi clavi in oculis et lanceae in lateribus et adversabuntur vobis in terra habitationis vestrae
56 Na mede nea masusuw sɛ mɛyɛ wɔn no, bɛyɛ mo.”
et quicquid illis facere cogitaram vobis faciam