< 4 Mose 3 >
1 Eyi ne nea ɛfa Aaron ne Mose mmusua ho bere a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so no.
Now these are the generations of Aaron and Moses in the day that the LORD spoke with Moses in mount Sinai.
2 Aaron mmabarima din na edidi so yi: Nadab, nʼabakan, Abihu, Eleasar ne Itamar.
And these are the names of the sons of Aaron: Nadab the first-born, and Abihu, Eleazar, and Ithamar.
3 Eyinom ne Aaron mma a wɔasra wɔn ngo na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ asɔfo.
These are the names of the sons of Aaron, the priests that were anointed, whom he consecrated to minister in the priest's office.
4 Nadab ne Abihu de, wowuwuu wɔ Awurade anim bere a wɔhyew afɔrebɔde wɔ ogya a ɛmfata so wɔ Sinai sare so no. Na wonni mma nti, Eleasar ne Itamar nko ara na wɔsom sɛ asɔfo, bere a wɔn agya Aaron te ase no.
And Nadab and Abihu died before the LORD, when they offered strange fire before the LORD, in the wilderness of Sinai, and they had no children; and Eleazar and Ithamar ministered in the priest's office in the presence of Aaron their father.
5 Awurade ka kyerɛɛ Mose se:
And the LORD spoke unto Moses, saying:
6 “Frɛ Lewifo no, na fa wɔn ma ɔsɔfo Aaron sɛ nʼaboafo.
'Bring the tribe of Levi near, and set them before Aaron the priest, that they may minister unto him.
7 Wɔbɛyɛ adwuma wɔ Ahyiae Ntamadan no mu ama ɔsɔfo Aaron ne nnipa no nyinaa.
And they shall keep his charge, and the charge of the whole congregation before the tent of meeting, to do the service of the tabernacle.
8 Afei, wɔbɛhwɛ nneɛma a wɔde siesie Ahyiae Ntamadan mu no so de asi Israelfo no anan mu ayɛ asodi a wɔyɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu.
And they shall keep all the furniture of the tent of meeting, and the charge of the children of Israel, to do the service of the tabernacle.
9 Fa Lewifo no ma Aaron ne ne mmabarima; wɔn ne Israelfo a wɔde wɔn bɛma no korakora.
And thou shalt give the Levites unto Aaron and to his sons; they are wholly given unto him from the children of Israel.
10 Ma Aaron ne ne mmabarima no nsom sɛ asɔfo; onipa foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.”
And thou shalt appoint Aaron and his sons, that they may keep their priesthood; and the common man that draweth nigh shall be put to death.'
11 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the LORD spoke unto Moses, saying:
12 “Mayi Lewifo no afi Israelfo no mu de wɔn asi Israel babea biara abakan a ɔyɛ ɔbarima anan mu. Lewifo no yɛ me de,
'And I, behold, I have taken the Levites from among the children of Israel instead of every first-born that openeth the womb among the children of Israel; and the Levites shall be Mine;
13 efisɛ abakan biara wɔ me. Bere a mikunkum mmakan wɔ Misraim no, migyaw Israel mmakan, sɛ wɔyɛ nnipa anaa mmoa. Wɔyɛ me dea. Mene Awurade.”
for all the first-born are Mine: on the day that I smote all the first-born in the land of Egypt I hallowed unto Me all the first-born in Israel, both man and beast, Mine they shall be: I am the LORD.'
14 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose wɔ Sinai sare so se,
And the LORD spoke unto Moses in the wilderness of Sinai, saying:
15 “Kan Lewifo no wɔ wɔn mmusua ne afi mu. Kan ɔbarima biara fi nea wadi ɔsram baako so.”
'Number the children of Levi by their fathers' houses, by their families; every male from a month old and upward shalt thou number them.'
16 Enti Mose kan wɔn sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
And Moses numbered them according to the word of the LORD, as he was commanded.
17 Eyinom ne Lewi mmabarima: Gerson, Kohat ne Merari.
And these were the sons of Levi by their names: Gershon, and Kohath, and Merari.
18 Gerson asefo ni: Libni ne Simei.
And these are the names of the sons of Gershon by their families: Libni and Shimei.
19 Kohat asefo: Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.
And the sons of Kohath by their families: Amram and Izhar, Hebron and Uzziel.
20 Merari asefo: Mahli ne Musi. Eyinom ne Lewifo, sɛnea wɔn mmusua ne wɔn afi te.
And the sons of Merari by their families: Mahli and Mushi. These are the families of the Levites according to their fathers' houses.
21 Gerson asefo no na wɔyɛ mmusua a wofi Libni ne Simei ase.
Of Gershon was the family of the Libnites, and the family of the Shimeites; these are the families of the Gershonites.
22 Na Gersonfo mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa a wofi Gerson mmusua mu no dodow yɛ mpem ahanson ne ahannum.
Those that were numbered of them, according to the number of all the males, from a month old and upward, even those that were numbered of them were seven thousand and five hundred.
23 Wɔn atenae wɔ Ahyiae Ntamadan no akyi wɔ atɔe fam.
The families of the Gershonites were to pitch behind the tabernacle westward;
24 Na Gersonfo no ntuanoni ne Lael babarima Eliasaf.
the prince of the fathers' house of the Gershonites being Eliasaph the son of Lael,
25 Saa mmusua abien yi na na wɔhwɛ Ahyiae Ntamadan no ne ne nkataho no ne ɔkwan nkataano no so.
and the charge of the sons of Gershon in the tent of meeting the tabernacle, and the Tent, the covering thereof, and the screen for the door of the tent of meeting,
26 Afei, na wɔhwɛ adiwo nkataano a etwa Ahyiae Ntamadan no ho ne afɔremuka ne adiwo nkataano nhoma ne ɛhɔ nneɛma a wɔde di dwuma ahorow no nyinaa so.
and the hangings of the court, and the screen for the door of the court — which is by the tabernacle, and by the altar, round about—and the cords of it, even whatsoever pertaineth to the service thereof.
27 Kohat asefo yɛ mmusua a wofi Amram, Ishar, Hebron ne Usiel ase.
And of Kohath was the family of the Amramites, and the family of the Izharites, and the family of the Hebronites, and the family of the Uzzielites; these are the families of the Kohathites:
28 Na Kehat mmusua no mu mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem awotwe ne ahansia. Wɔn na na wɔhwɛ kronkronbea no so.
according to the number of all the males, from a month old and upward, eight thousand and six hundred, keepers of the charge of the sanctuary.
29 Wɔmaa wɔn atenae wɔ Ahyiae Ntamadan no anafo fam.
The families of the sons of Kohath were to pitch on the side of the tabernacle southward;
30 Na Kohatfo ntuanoni no ne Usiel babarima Elisafan.
the prince of the fathers' house of the families of the Kohathites being Elizaphan the son of Uzziel,
31 Saa mmusua anan yi na na wɔhwɛ apam adaka, ɔpon, kaneadua, afɔremuka ahorow, ne nea ɛkeka ho a na wɔde di dwuma wɔ kronkronbea hɔ, mfimfini ntwamtam ne nneɛma a wɔde di dwuma ahorow wɔ hɔ nyinaa no so.
and their charge the ark, and the table, and the candlestick, and the altars, and the vessels of the sanctuary wherewith the priests minister, and the screen, and all that pertaineth to the service thereof;
32 Aaron babarima ɔsɔfo Eleasar no na na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Lewifo no nyinaa so. Ɔyɛɛ no panyin wɔ asɔfo a wɔhwɛ kronkronbea no so.
Eleazar the son of Aaron the priest being prince of the princes of the Levites, and having the oversight of them that keep the charge of the sanctuary.
33 Na Merari asefo no yɛ mmusua a wofi Mahli ne Musi ase.
Of Merari was the family of the Mahlites, and the family of the Mushites; these are the families of Merari.
34 Merarifo mmusua no mu na mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no dodow yɛ mpem asia ne ahannu.
And those that were numbered of them, according to the number of all the males, from a month old and upward, were six thousand and two hundred;
35 Merari abusua no ntuanoni ne Abihail babarima Suriel, na wɔtenaa Ahyiae Ntamadan no atifi fam.
the prince of the fathers' house of the families of Merari being Zuriel the son of Abihail; they were to pitch on the side of the tabernacle northward;
36 Dwumadi a wɔde hyɛɛ saa mmusuakuw abien yi nsa ne sɛ, wɔbɛhwɛ Ahyiae Ntamadan no nnyinaso so. Afei, wɔbɛhwɛ mmeamu nnua, mpuran, nsisiso ne ɛho nneɛma a wɔde di dwuma no nyinaa,
the appointed charge of the sons of Merari being the boards of the tabernacle, and the bars thereof, and the pillars thereof, and the sockets thereof, and all the instruments thereof, and all that pertaineth to the service thereof;
37 ne mpuran a ɛwɔ adiwo hɔ nyinaa ne ne nsisiso, nnyinaso, ne ntampehama nyinaa, wɔbɛhwɛ so.
and the pillars of the court round about, and their sockets, and their pins, and their cords.
38 Ahyiae Ntamadan no apuei fam, nea owia pue fi no, wogyaw maa Mose ne Aaron ne ne mmabarima sɛ wonsisi wɔn ntamadan wɔ hɔ. Saa nnipa yi na na wosi Israelfo no anan mu di Ahyiae Ntamadan no ho dwuma nyinaa. Obi foforo biara a ɔbɛbɛn kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ wokum no.
And those that were to pitch before the tabernacle eastward, before the tent of meeting toward the sunrising, were Moses, and Aaron and his sons, keeping the charge of the sanctuary, even the charge for the children of Israel; and the common man that drew nigh was to be put to death.
39 Lewifo a Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnkan wɔn sɛnea wɔn mmusua te a ɔbarima biara a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa ka ho no dodow yɛ mpem aduonu abien.
All that were numbered of the Levites, whom Moses and Aaron numbered at the commandment of the LORD, by their families, all the males from a month old and upward, were twenty and two thousand.
40 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kan Israelfo mmakan a wɔyɛ mmarima na wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no, na kyerɛw wɔn din.
And the LORD said unto Moses: 'Number all the first-born males of the children of Israel from a month old and upward, and take the number of their names.
41 Lewifo no bɛyɛ me de. Ma wonsi Israelfo mmakan nyinaa anan mu, na Lewifo nyɛmmoa mmakan nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Mene Awurade.”
And thou shalt take the Levites for Me, even the LORD, instead of all the first-born among the children of Israel; and the cattle of the Levites instead of all the firstlings among the cattle of the children of Israel.'
42 Enti Mose kan Israelfo mmakan nyinaa sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
And Moses numbered, as the LORD commanded him, all the first-born among the children of Israel.
43 Mmakan mmarima a wɔadi ɔsram ne nea ɛboro saa no a ɔkyerɛw wɔn din no ano si mpem aduonu abien ahannu ne aduɔson abiɛsa.
And all the first-born males according to the number of names, from a month old and upward, of those that were numbered of them, were twenty and two thousand two hundred and threescore and thirteen.
44 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the LORD spoke unto Moses, saying:
45 “Ma Lewifo nsi Israelfo mmakan anan mu. Na Lewifo nyɛmmoa mmakan nso nsi Israelfo nyɛmmoa mmakan anan mu. Lewifo yɛ me dea. Mene Awurade.
'Take the Levites instead of all the first-born among the children of Israel, and the cattle of the Levites instead of their cattle; and the Levites shall be Mine, even the LORD'S.
46 Ansa na mubegye Israelfo mmakan ahannu aduɔson abiɛsa no a wɔboro Lewifo no dodow so no,
And as for the redemption of the two hundred and three score and thirteen of the first-born of the children of Israel, that are over and above the number of the Levites,
47 momma wontua ti ade, sɛnea hyiadan mu nnwetɛbona te, a emu duru yɛ gram aduonum nson.
thou shalt take five shekels apiece by the poll; after the shekel of the sanctuary shalt thou take them — the shekel is twenty gerahs.
48 Fa ti ade sika no ma Aaron ne ne mma.”
And thou shalt give the money wherewith they that remain over of them are redeemed unto Aaron and to his sons.'
49 Enti Mose gyigyee Israelfo ahannu aduɔson abiɛsa a na wɔboro Lewifo no dodow so no ti ade.
And Moses took the redemption-money from them that were over and above them that were redeemed by the Levites;
50 Sika a wogyigyee no nyinaa ano sii dwetɛ kilogram dunum ne fa.
from the first-born of the children of Israel took he the money: a thousand three hundred and threescore and five shekels, after the shekel of the sanctuary.
51 Na Mose de maa Aaron ne ne mmabarima sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
And Moses gave the redemption-money unto Aaron and to his sons, according to the word of the LORD, as the LORD commanded Moses.