< 4 Mose 29 >

1 “‘Ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan wɔ afe biara mu no, munni torobɛnto afahyɛ no. Monyɛ nhyiamu kronkron no na obiara nyɛ adwumaden biara.
“‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan wɔ afe biara mu no, monhyɛ totorobɛnto afahyɛ no. Nnipa no nyinaa de kommyɛ bɛhyia na obiara renyɛ adwuma biara.
2 Momfa nantwi ba onini baako, Odwennini baako ne adwennini ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani.
Saa ɛda no, mode nantwie ba baako, odwennini baako ne nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yeinom yɛ afɔrebɔdeɛ a Awurade ani bɛsɔ na nʼani nso bɛgye ho.
3 Momfa esiam lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra mmɔ atoko afɔre no a nantwi no ka ho. Odwennini no, momfa lita anan ne fa nka ho
Mode aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ no a nantwie no ka ho. Wɔde lita ɛnan bɛka odwennini no ho
4 na lita abien ne fa nso nka nguantenmma no biara ho.
ɛnna lita mmienu ne fa nso ka nnwammaa no baako biara ho.
5 Momfa ɔpapo baako nka ho mmɔ bɔne ho afɔre mfa nyɛ mpata mma mo.
Ɛsɛ sɛ mosane de ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de yei yɛ mo mpatadeɛ.
6 Eyinom ka ɔhyew afɔre ne nsa afɔre a mobɔ no ɔsram biara ne daa de a wɔakyerɛ no ho. Ɛyɛ aduan afɔre a wɔde brɛ Awurade sɛ ehua a ɛsɔ ani.
Saa afɔrebɔ sononko yi ka ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no bosome biara ne ɛda no deɛ no ho; afei nso, ɛka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ a aburoo ne nsã afɔrebɔ ka ho no ho sɛdeɛ afɔrebɔ no ho mmara teɛ no. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛsɔ Awurade ani.
7 “‘Ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du so no monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛyɛ da a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛase mu wɔ Awurade anim na ɛnsɛ sɛ biara yɛ adwuma biara.
“‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so edu no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛyɛ ɛda a ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa yɛ komm ahobrɛaseɛ mu wɔ Awurade anim, na ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara yɛ adwuma biara.
8 Mommɔ ɔhyew afɔre a eyi hua a ɛsɔ Awurade ani. Afɔrebɔde no yɛ nantwi ba baako, odwennini baako, nguamma a wɔadi afe ason a wonnii dɛm biara.
Saa ɛda no, mobɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade—nʼani bɛsɔ. Afɔrebɔdeɛ no yɛ nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara.
9 Momfa nantwi ba no nsiesie atoko afɔre a mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita asia ne fa afra,
Fa nantwie ba no siesie atokoɔ afɔdeɛ a mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu ne ngo lita nsia ne fa afra.
10 na momfa lita anan ne fa nka odwennini no ho na momfa lita abien ne fa aka nguamma ason no mu biara ho.
Lita ɛnan na mode bɛka odwennini no ho ɛnna mode lita mmienu ne fa aka odwammaa baako biara ho.
11 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔre. Eyi ka bɔne afɔrebɔde a wɔbɔ de pata ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daadaa a aduan afɔrebɔde ne nsa afɔre ka ho no ho.
Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo baako bɔ bɔne ho afɔdeɛ. Yei ka bɔne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ de pata ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no daadaa a aduane afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ ka ho.
12 “‘Monyɛ nhyiamu kronkron wɔ ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so dunum no so, na monnyɛ adwumaden biara. Munni afahyɛ no nnanson mma Awurade.
“‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa sane hyia bio. Ɛnsɛ sɛ ɛda no, obiara yɛ adwuma. Ɛyɛ nnanson afahyɛ ahyɛaseɛ wɔ Awurade anim.
13 Nneɛma a mode bɛbɔ ɔhyew afɔre na ama ayi hua a ɛsɔ Awurade ani no yɛ nantwimma anini dumiɛnsa, adwennini abien ne adwennini dunan a wɔadi afe na wonnii dɛm biara.
Nneɛma a mode bɛbɔ saa afɔdeɛ sononko yi ama Awurade ani asɔ no bɛyɛ nantwie mma dumiɛnsa, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan.
14 Ɛsɛ sɛ mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia ne fa a wɔde ngo afra ka nantwimma dumiɛnsa no biara ho. Lita anan ne fa nka adwennini no baako biara ho,
Ɛsɛ sɛ, sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ, asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita nsia ne fa ka anantwie mma dumiɛnsa no biara ho. Lita ɛnan ka nnwennini no baako biara ho
15 na lita abien ne fa nka nguantenmma dunan no biara ho.
ɛnna lita mmienu ne fa aka nnwammaa dunan no baako biara ho.
16 Momfa ɔpapo mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew afɔre, atoko ne nsa afɔre a mobɔ no daa no ho.
Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ a mobɔ no ho a aburoo ne nsã afɔdeɛ ka ho.
17 “‘Da a ɛto so abien no, momfa anantwi anini mma dumien, adwennini abien ne adwennini a wɔadi afe dunan a wonnii dɛm biara mmɛbɔ afɔre.
“‘Ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ saa nnanson afahyɛ no mu no, mode anantwie mma dumienu, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe dunan a wɔnnii dɛm biara bɛbɔ afɔdeɛ.
18 Saa afɔrebɔde yi mu biara no, mode anantwinini, adwennini ne nguantenmma no ho aduan ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔahyɛ no bɛka ho.
Saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara, mode anantwinini, nnwennini ne nnwammaa no ho aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔahyɛ no bɛka ho.
19 Ɔhyew afɔre a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde no ho abɔ bɔne ho afɔre.
Ɔhyeɛ afɔrebɔ a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ no ho abɔ bɔne ho afɔdeɛ.
20 “‘Afahyɛ no da a ɛto so abiɛsa no, mode anantwinini dubaako, adwennini abien, nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara;
“‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no so no, mode anantwie mmaa dubaako, nnwennini mmienu, nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara
21 na sɛnea moyɛ no daa no, mode anantwi, adwennini ne nguantenmma no ne aduan ne nsa afɔrebɔde bɛka afɔrebɔde biara ho.
a sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode anantwie, nnwennini ne nnwammaa no ne aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka afɔrebɔdeɛ biara ho.
22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre de ka daa ɔhyew afɔrebɔ no ho a atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde ka ho.
Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ de ka daa ɔhyeɛ afɔrebɔ no ho a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho.
23 “‘Afahyɛ no da a ɛto so anan no, momfa anantwinini du, adwennini abien, ne nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre.
“‘Afahyɛ a ɛtɔ so nan no, mode anantwie mma edu, nnwennini mmienu, ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara
24 Momfa atoko afɔrebɔde ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka biara ho.
a mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho.
25 Momfa ɔpapo baako nyɛ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
Afei, momfa ɔpapo a sɛdeɛ moyɛ daa no atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho nka afɔrebɔ a mobɔ no daa no ho.
26 “‘Afahyɛ no da a ɛto so anum no, momfa anantwinini akron, adwennini abien ne nguantenmma a wɔadi afe no dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre.
“‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so enum no, momfa anantwie mma nkron, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara.
27 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguamma afɔrebɔ no ho.
Sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka ho.
28 Momfa ɔpapo baako nyɛ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
Momfa ɔpapo a aburoo afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sononko nka afɔdeɛ ahodoɔ a mobɔ no daa no ho.
29 “‘Afahyɛ no da a ɛto so asia no, momfa de anantwinini awotwe, adwennini abien ne nguantenmma a wɔadi afe dunan a wonnii dɛm biara mmɔ afɔre.
“‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nsia no, mode anantwie mma nwɔtwe, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan
30 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguantenmma afɔrebɔ no ho.
bɛka wɔn atokoɔ ne wɔn nsã afɔrebɔdeɛ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.
31 Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔrebɔ nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
Momfa ɔpapo a atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho mmɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛdeɛ moyɛ no daa no.
32 “‘Afahyɛ no da a ɛto so ason no, momfa anantwinini ason, adwennini abien ne nguamma a wɔadi afe a wonnii dɛm biara dunan mmɔ afɔre.
“‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so nson no, mode anantwie mma nson, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara dunan
33 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka anantwinini, adwennini ne nguantenmma afɔrebɔ no ho.
a mode atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka wɔn mu biara ho bɛbɔ afɔdeɛ.
34 Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho aka daa afɔrebɔ no ho sɛdeɛ moyɛ no daa no.
35 “‘Da a ɛto so awotwe no, monyɛ ɔpɔn nhyiamu sononko. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara saa da no.
“‘Ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, frɛ nnipa no nyinaa na wɔnhyia kommyɛ so. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara saa ɛda no.
36 Mommɔ aduan afɔre a ɔhyew afɔre a ɛwɔ hua a ɛsɔ Awurade ani wɔ mu. Momfa nantwinini baako, Odwennini baako, nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɔ.
Mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. Awurade ani sɔ saa afɔdeɛ no. Momfa nantwie ba baako, odwennini baako, nnwammaanini a wɔadi afe a wɔnnii dɛm nson mmɔ afɔdeɛ.
37 Momfa atoko ne nsa afɔrebɔde dodow a wɔakyerɛ no nka nantwinini, odwennini ne nguantenmma no ho.
Na sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ nka ho.
38 Momfa ɔpapo baako mmɔ bɔne ho afɔre nka daa ɔhyew, atoko ne nsa afɔrebɔde no ho.
Afei, mode ɔpapo baako bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a atokoɔ ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho a daa afɔdeɛ a mobɔ no nso ka ho.
39 “‘Mommɔ afɔre yinom mma mo Awurade wɔ mo afahyɛ ahorow no nu: mo hyew, atoko, nsa ne asomdwoe afɔre no; na momfa nka afɔre a mufi mo pɛ mu hyɛ ho bɔ no no ho. Muhyia, didi afirihyia no mu a, twa ara na etwa sɛ mobɔ saa afɔre yi. Na ɛka mo afɔre a mobɔ fa bɔ a moahyɛ anaa nea efi mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyew afɔre, atoko afɔre, nsa afɔre anaa asomdwoe afɔre no ho.’”
“‘Sɛ mohyia didi afirinhyia no mu a, twa ara na ɛtwa sɛ mobɔ saa afɔdeɛ yi ma Awurade. Na ɛka mo afɔrebɔ a mobɔ fa ɛbɔ a moahyɛ anaa deɛ ɛfiri mo pɛ mu a ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, atokoɔ afɔdeɛ, nsã afɔdeɛ anaa asomdwoeɛ afɔdeɛ no ho.’”
40 Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfo no sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
Mose kaa saa mmara yi nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ Awurade hyɛɛ no no.

< 4 Mose 29 >