< 4 Mose 28 >

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 “Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Monhwɛ na momfa mʼaduan afɔre mmrɛ me wɔ ne bere ano sɛ ehua a ɛsɔ mʼani.’
“Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, afɔrebɔdeɛ a mohye no wɔ afɔrebukyia so no yɛ mʼaduane a mʼani gye ho. ‘Enti, hwɛ na wɔmfa mmra wɔ ɛberɛ-ano-berɛ-ano na wɔmfa mmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mahyɛ no.
3 Ka kyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne aduan afɔre a ɛsɛ sɛ mode brɛ Awurade: nguamma abien a wɔadi afe a dɛm nni wɔn ho; momfa mmra sɛ daa ɔhyew afɔre.
Sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, momfa nnwennini mma a wɔadi afe a wɔnni dɛm biara na ɛmmɔ Awurade afɔdeɛ no. Ɛda biara, momfa mmienu mmɔ afɔdeɛ. Mommɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ ano.
4 Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre anɔpa na momfa ɔbaako mmɔ anwummere,
Momfa odwammaa no baako mmɔ afɔdeɛ anɔpa na momfa baako mmɔ anwummerɛ.
5 na momfa aburow lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo lita baako afra nka ho.
Sɛ morebɔ saa afɔdeɛ no a, momfa aburoo lita mmienu ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo afra nka ho.
6 Eyi ne ɔhyew afɔre a wofii ase wɔ Sinai Bepɔw so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no bere ano bere ano ma eyi hua. Ɛyɛ aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade.
Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔhyɛɛ aseɛ wɔ Sinai Bepɔ so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano ma ɛyi hwa. Ɛyɛ afɔdeɛ a wɔde ogya bɔ de ma Awurade.
7 Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔde a ɛyɛ nsa a apae lita baako a oguamma ka ho ka afɔrebɔde no ho a wobehwie agu beae bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim.
Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ nsã a apae lita baako a odwammaa ka ho ka afɔrebɔdeɛ no ho a wɔbɛhwie agu beaeɛ bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim.
8 Momfa oguamma a ɔto so abien no mmɔ afɔre anwummere a atoko ne nsa afɔrebɔ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade huam. Ɛyɛ ɔhyew afɔre.’
Momfa odwammaa a ɔtɔ so mmienu no mmɔ afɔdeɛ anwummerɛ a aburoo ne nsã afɔrebɔdeɛ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade hwam. Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔrebɔ.
9 “‘Sɛ edu homeda a, momfa nguantenmma a wɔadi afe a wonnii dɛm biara ne afɔrebɔde ahorow a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ atoko afɔrebɔde lita anan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsa ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔre no.
“‘Sɛ ɛduru homeda a, momfa nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔdeɛ. Ɛsɛ sɛ aburoo afɔrebɔdeɛ lita ɛnan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsã ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔdeɛ no.
10 Eyi ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no homeda biara de ka bere ano ɔhyew afɔre ne nsa afɔre ho no.
Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no homeda biara de ka ɛberɛ ano ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔrebɔ ho no.
11 “‘Saa ara nso na da a edi kan wɔ ɔsram biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre foforo bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔde no bɛyɛ nantwinini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm biara.
“‘Saa ara nso na ɛda a ɛdi ɛkan wɔ bosome biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ foforɔ bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ nantwinini mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa nson a wɔadi afe a wɔnnii dɛm biara.
12 Nantwinini biara no, ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikresiam lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Afei, mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita anan ne fa a wɔde ngo afra bɛbɔ aburow afɔre a Odwennini no ka ho;
Deɛ ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikyiresiam lita nsia ne ɛfa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Ɛno na mode bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu lita ɛnan a wɔde ngo afra bɛbɔ aburoo afɔdeɛ a odwennini no ka ho;
13 na oguamma biara nso, mode asikresiam lita abiɛsa. Eyi bɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade.
na odwammaa biara nso, mode asikyiresiam lita mmienu ne ɛfa. Saa afɔrebɔdeɛ yi wɔde ogya na ɛbɛhye, na ɛbɛsɔ Awurade ani.
14 Nantwi biara, nsa afɔrebɔde lita abien ka ho. Odwennini biara, nsa afɔrebɔde lita baako ne fa ka ho. Oguamma biara nso, nsa afɔrebɔde lita baako ka ho. Afe mu no, eyi na ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre wɔ ɔsram biara mu.
Afɔrebɔdeɛ biara no, nsã afɔrebɔ ka ho. Nantwie biara, nsã ntoa nsia ka ho. Odwennini biara, nsã ntoa ɛnan ka ho. Odwammaa biara nso, nsã ntoa mmiɛnsa ka ho. Afe mu no nyinaa mu, yei na ɛbɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ bosome biara mu.
15 Mo bere ano bere ano ɔhyew ne nsa afɔrebɔ akyi no, ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔre ma Awurade.
Afei, bosome biara mu ɛda a ɛdi ɛkan no, mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ ama Awurade. Mobɛbɔ saa afɔdeɛ yi de aka ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ a mobɔ no wɔ berɛ-ano-berɛ-ano no ho.
16 “‘Ɛsɛ sɛ mudi Awurade Twam Afahyɛ no afe biara sram a edi kan no da a ɛto so dunan no so.
“‘Afe biara bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no nso, mobɛdi Awurade Twam Afahyɛ no.
17 Da a edi so no, mubefi ase adi afahyɛ; munnni brodo a mmɔkaw wɔ mu nnanson.
Ɛda a ɛdi so no, mobɛfiti aseɛ adi dapɔnna a wɔde anigyeɛ di no nnanson no, nanso, morenni burodo a mmɔreka wɔ mu.
18 Afahyɛ no da a edi kan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahotew gua na obiara renyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.
Afahyɛ no ɛda a ɛdi ɛkan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahoteɛ dwa na obiara renyɛ adwuma biara.
19 Momfa nantwimma anini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre ama Awurade.
Mode nantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade.
20 Mode esiam muhumuhu lita ason a wɔde ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Afei, mode esiam lita anum bɛka odwennini no ho,
Mode esiam lita nson a mode ngo afra bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode esiam lita enum bɛka odwennini no ho,
21 na nguanten ason no biara nso, mode esiam lita abiɛsa aka ho.
na nnwan nson no biara nso, mode esiam lita mmiɛnsa aka ho.
22 Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre sɛ mpata ma mo ho.
Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ma mo ho.
23 Momfa saa afɔrebɔde yi nka nea daadaa mobɔ no ho.
Mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛka deɛ daadaa mobɔ no ho.
24 Momfa saa kwan yi so mmɔ aduan afɔre da biara saa ara nnanson sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani; ɛsɛ sɛ mobɔ ka ɔhyew afɔre ne nsa afɔre a mobɔ daa no ho.
Nna nson no mu ɛda biara adidie mu no, mobɛbɔ saa afɔdeɛ korɔ yi ara bi. Ɛbɛyɛ Awurade anisɔ yie.
25 Da a ɛto so ason no, monyɛ nhyiamu kronkron na monnyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.
Ɛda a ɛtɔ so nson no, ɛbɛyɛ ɛda kronkron bio a nnipa no nyinaa bɛhyia mu na saa ɛda no, obiara renyɛ adwuma biara.
26 “‘Aduankan da no a wɔfrɛ no Nnaawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa de kronkronyɛ sononko hyia, de di Otwabere Afahyɛ no. Da no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuw mu nnɔbae foforo bɛbɔ Awurade aduan afɔre. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.
“‘Aduanekan ɛda no a wɔfrɛ no Nnawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa bɔ nhyiamu kronkron ho dawuro de di Otwa berɛ Afahyɛ no. Ɛda no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuo mu nnɔbaeɛ foforɔ bɛbɔ Awurade aduane afɔdeɛ. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara yɛ adwuma saa ɛda no.
27 Momfa nantwimma anini abien, odwennini baako ne nguantenmma anini ason mmɛbɔ ɔhyew afɔre sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani.
Ɔhyeɛ afɔdeɛ sononko a ɛsɔ ani na ɛsɛ sɛ saa ɛda no, mobɔ ma Awurade. Afɔrebɔdeɛ no bɛyɛ anantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa anini a wɔadi mfeɛ nson.
28 Mode mo aburow lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Mode lita anan bɛka Odwennini no ho;
Mode mo aburoo lita nsia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwie baako ho. Mode lita ɛnan bɛka odwennini no ho;
29 na mode lita abiɛsa bɛka nguantenmma ason no biara ho.
na mode lita mmienu ne fa bɛka nnwammaa nson no biara ho.
30 Momfa ɔpapo baako na wɔmfa nyɛ mpata mma mo.
Afei, momfa ɔpapo baako nyɛ mpatadeɛ mma mo ho.
31 Saa afɔre ahorow yi ka daa ɔhyew afɔre, aburow afɔre ne nsa afɔre no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn bɛbɔ saa afɔre no nnii dɛm biara ɛ.
Saa afɔdeɛ ahodoɔ sononko yi ka daa ɔhyeɛ afɔdeɛ, aburoo afɔdeɛ ne nsã afɔdeɛ no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn rekɔbɔ saa afɔdeɛ no nnii dɛm biara ansa na mode wɔn abɔ saa afɔdeɛ no.

< 4 Mose 28 >