< 4 Mose 26 >

1 Ɔyaredɔm no akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne ɔsɔfo Aaron babarima Eleasar se,
瘟疫之後,耶和華曉諭摩西和祭司亞倫的兒子以利亞撒說:
2 “Monkan Israelfo mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa nyinaa na monhwɛ dodow a wobetumi akɔ ɔsa ama Israel wɔ abusua biara mu.”
「你們要將以色列全會眾,按他們的宗族,凡以色列中從二十歲以外、能出去打仗的,計算總數。」
3 Enti Mose ne ɔsɔfo Eleasar kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Moab tataw so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔatra Yeriko no se,
摩西和祭司以利亞撒在摩押平原與耶利哥相對的約旦河邊向以色列人說:
4 “Monkan mmarima a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.” Eyinom ne Israelfo a wofi Misraim bae no:
「將你們中間從二十歲以外的計算總數」;是照耶和華吩咐出埃及地的摩西和以色列人的話。
5 Eyinom ne Yakob babarima panyin Ruben asefo: Hanokfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok; Palufo abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;
以色列的長子是呂便。呂便的眾子:屬哈諾的,有哈諾族;屬法路的,有法路族;
6 Hesronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron; Karmifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi.
屬希斯倫的,有希斯倫族;屬迦米的,有迦米族;
7 Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan abiɛsa ahanson aduasa.
這就是呂便的各族;其中被數的,共有四萬三千七百三十名。
8 Na Palu yɛ Eliab babarima,
法路的兒子是以利押。
9 na Eliab mmabarima ne Nemuel, Datan ne Abiram. Saa Datan ne Abiram yi ara na wɔyɛ nnipa no ntuanofo a wɔka Kora akyidifo a wɔyɛɛ adwene tiaa Mose ne Aaron, de buu Awurade animtiaa no ho.
以利押的眾子是尼母利、大坍、亞比蘭。這大坍、亞比蘭,就是從會中選召的,與可拉一黨同向耶和華爭鬧的時候也向摩西、亞倫爭鬧;
10 Na asase mu bue menee wɔne Kora. Ogya fi Awurade nkyɛn bɛsɛee wɔn akyidifo ahannu aduonum. Na wɔyɛɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne.
地便開口吞了他們,和可拉、可拉的黨類一同死亡。那時火燒滅了二百五十個人;他們就作了警戒。
11 Nanso Kora ase antɔre.
然而可拉的眾子沒有死亡。
12 Eyinom ne mmusua a wofi Simeon ase: Nemuelfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Nemuel. Yaminfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yamin. Yakinfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakin.
按着家族,西緬的眾子:屬尼母利的,有尼母利族;屬雅憫的,有雅憫族;屬雅斤的,有雅斤族;
13 Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah; Saulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Saulo.
屬謝拉的,有謝拉族;屬掃羅的,有掃羅族。
14 Mmarima a na wɔwɔ Simeon mmusua mu nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abien ne ahannu.
這就是西緬的各族,共有二萬二千二百名。
15 Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Gad asefo: Sefonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sefon; Hagifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hagi; Sunifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suni;
按着家族,迦得的眾子:屬洗分的,有洗分族;屬哈基的,有哈基族;屬書尼的,有書尼族;
16 Osnifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Osni; Erifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eri;
屬阿斯尼的,有阿斯尼族;屬以利的,有以利族;
17 Arodfo abusua, wɔde too wɔn agya Arod; Arelifo abusua, wɔde too wɔn tete agya Areli.
屬亞律的,有亞律族;屬亞列利的,有亞列利族。
18 Mmarima a na wɔwɔ Gad mmusua mu no dodow yɛ mpem aduanan ne ahannum.
這就是迦得子孫的各族,照他們中間被數的,共有四萬零五百名。
19 Na Yuda wɔ mmabarima baanu a wɔn din de Er ne Onan a wowuwuu wɔ Kanaan asase so.
猶大的兒子是珥和俄南。這珥和俄南死在迦南地。
20 Yuda asefo mmusua a edidi so yi: Selafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sela; Peresfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Peres; Serafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Serah.
按着家族,猶大其餘的眾子:屬示拉的,有示拉族;屬法勒斯的,有法勒斯族;屬謝拉的,有謝拉族。
21 Eyinom ne mmusua a wofi Peres ase. Hesronfo abusua, a wɔde too wɔn tete agya Hesron; Hamulfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hamul.
法勒斯的兒子:屬希斯崙的,有希斯崙族;屬哈母勒的,有哈母勒族。
22 Mmarima a na wɔwɔ Yuda mmusua mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduɔson asia ne ahannum.
這就是猶大的各族,照他們中間被數的,共有七萬六千五百名。
23 Eyinom ne mmusua a wofi Isakar ase: Tolafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tola; Puwafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Puwa;
按着家族,以薩迦的眾子:屬陀拉的,有陀拉族;屬普瓦的,有普瓦族;
24 Yasubfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yasub; Simronfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Simron.
屬雅述的,有雅述族;屬伸崙的,有伸崙族。
25 Mmarima a na wɔwɔ Isakar mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahaasa.
這就是以薩迦的各族,照他們中間被數的,共有六萬四千三百名。
26 Eyinom ne mmusua a wofi Sebulon ase: Seredfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sered; Elonfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Elon. Yakleefo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yakleel.
按着家族,西布倫的眾子:屬西烈的,有西烈族;屬以倫的,有以倫族;屬雅利的,有雅利族。
27 Mmarima a na wɔwɔ Sebulon mmusua no mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia ne ahannum.
這就是西布倫的各族,照他們中間被數的,共有六萬零五百名。
28 Ɛnam Manase ne Efraim so na mmusua abien fii Yosef mu bae.
按着家族,約瑟的兒子有瑪拿西、以法蓮。
29 Manase asefo: Makirfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Makir; Gileadfo abusua, wɔde too wɔn tete agya, Makir babarima, Gilead.
瑪拿西的眾子:屬瑪吉的,有瑪吉族;瑪吉生基列;屬基列的,有基列族。
30 Eyinom ne mmusua a wofi Gileadfo ase: Yeserfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Yeser; Helekfo abusua, wɔde too wɔn agya Helek.
基列的眾子:屬伊以謝的,有伊以謝族;屬希勒的,有希勒族;
31 Asrielfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Asriel; Sekemfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sekem;
屬亞斯烈的,有亞斯烈族;屬示劍的,有示劍族;
32 Semidafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Semida; Heferfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Hefer.
屬示米大的,有示米大族;屬希弗的,有希弗族。
33 Hefer babarima Selofehad annya mmabarima nanso na ɔwɔ mmabea a wɔn din de Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa.
希弗的兒子:西羅非哈沒兒子,只有女兒。西羅非哈女兒的名字就是瑪拉、挪阿、曷拉、密迦、得撒。
34 Mmarima a na wɔwɔ Manase mmusua no nyinaa mu dodow yɛ mpem aduonum abien ne ahanson.
這就是瑪拿西的各族;他們中間被數的,共有五萬二千七百名。
35 Eyinom ne mmusua a wofi Efraim ase: Sutelafo abusua, wɔde too wɔn tete agya Sutela; Bekerfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Beker; Tahanfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Tahan.
按着家族,以法蓮的眾子:屬書提拉的,有書提拉族;屬比結的,有比結族;屬他罕的,有他罕族。
36 Eyinom ne Sutela asefo: Eranfo abusua, wɔde too wɔn tete agya Eran.
書提拉的眾子:屬以蘭的,有以蘭族。
37 Eyinom Efraim mmusua; wɔn dodow yɛ mpem aduasa abien ne ahannum. Eyinom ne mmusua a wɔyɛ Yosef asefo.
這就是以法蓮子孫的各族,照他們中間被數的,共有三萬二千五百名。按着家族,這都是約瑟的子孫。
38 Eyinom ne mmusua a wofi Benyamin ase. Belafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Bela; Asbelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Asbel; Ahiramfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Ahiram;
按着家族,便雅憫的眾子:屬比拉的,有比拉族;屬亞實別的,有亞實別族;屬亞希蘭的,有亞希蘭族;
39 Sufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Sufam; Hufamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Hufam.
屬書反的,有書反族;屬戶反的,有戶反族。
40 Eyinom ne mmusua a wofi Belafo mu; Ardfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Ard; Naamanfo a wɔde wɔn too wɔn tete agya Naaman.
比拉的眾子是亞勒、乃幔。屬 亞勒 的,有亞勒族;屬乃幔的,有乃幔族。
41 Na mmarima a na wɔwɔ Benyamin mmusua no mu nyinaa dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahansia.
按着家族,這就是便雅憫的子孫,其中被數的,共有四萬五千六百名。
42 Eyi ne abusua a efi Dan ase. Suhamfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Suham. Na Dan asefo no nyinaa yɛ Suhamfo.
按着家族,但的眾子:屬書含的,有書含族。按着家族,這就是但的各族。
43 Mmarima a na wɔwɔ saa mu no nyinaa dodow yɛ mpem aduosia anan ne ahannan.
照其中被數的,書含所有的各族,共有六萬四千四百名。
44 Eyinom ne mmusua a wofi Aser ase: Yimnafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yimna; Isuifo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Isui; Beriafo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Beria.
按着家族,亞設的眾子:屬音拿的,有音拿族;屬亦施韋的,有亦施韋族;屬比利亞的,有比利亞族。
45 Eyinom ne mmusua a wofi Beria ase: Heberfo de wɔn ho too wɔn tete agya Heber; Malkielfo de wɔn ho too wɔn tete agya Malkiel.
比利亞的眾子:屬希別的,有希別族;屬瑪結的,有瑪結族。
46 Na Aser wɔ ɔbabea bi a ne din de Sera.
亞設的女兒名叫西拉。
47 Mmarima a na wɔyɛ Aser asefo no nyinaa dodow yɛ mpem aduonum abiɛsa ne ahannan.
這就是亞設子孫的各族,照他們中間被數的,共有五萬三千四百名。
48 Eyinom ne mmusua a wofi Naftali ase: Yakseelfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yakseel; Gunifo abusua no, wɔde too wɔn agya Guni;
按着家族,拿弗他利的眾子:屬雅薛的,有雅薛族;屬沽尼的,有沽尼族;
49 Yeserfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Yeser; Silemfo abusua no, wɔde too wɔn tete agya Silem.
屬耶色的,有耶色族;屬示冷的,有示冷族。
50 Mmarima a na wɔwɔ Naftali mmusua nyinaa mu no dodow yɛ mpem aduanan anum ne ahannan.
按着家族,這就是拿弗他利的各族;他們中間被數的,共有四萬五千四百名。
51 Nnipa dodow a wɔkan wɔn no ano si mpem ahansia ne baako ahanson aduasa.
以色列人中被數的,共有六十萬零一千七百三十名。
52 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
耶和華曉諭摩西說:
53 “Kyekyɛ asase no ma mmusua no sɛ wɔn agyapade, sɛnea wɔn dodow te.
「你要按着人名的數目將地分給這些人為業。
54 Ma abusua a ɛso no agyapade kɛse na abusua a esua no agyapade ketewa.
人多的,你要把產業多分給他們;人少的,你要把產業少分給他們;要照被數的人數,把產業分給各人。
55 Hwɛ sɛ wɔnam ntontobɔ so bɛkyekyɛ asase no. Nea ɛsɛ sɛ kuw biara nya no begyina nʼagyanom abusuakuw din dodow so.
雖是這樣,還要拈鬮分地。他們要按着祖宗各支派的名字承受為業。
56 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ ntonto wɔ agyapade no kyekyɛ so wɔ akuw akɛse ne nketewa no mu.”
要按着所拈的鬮,看人數多,人數少,把產業分給他們。」
57 Eyinom ne Lewifo a wɔnam wɔn mmusua so kan wɔn: Wɔde Gersonfo too wɔn tete agya Gerson. Wɔde Kohatfo too wɔn tete agya Kohat. Wɔde Merarifo too wɔn tete agya Merari.
利未人,按着他們的各族被數的:屬革順的,有革順族;屬哥轄的,有哥轄族;屬米拉利的,有米拉利族。
58 Eyinom nso yɛ Lewifo mmusua: Libnifo, Hebronfo, Mahlifo, Musifo ne Korafo. Kohat yɛ Amram tete agya.
利未的各族有立尼族、希伯倫族、瑪利族、母示族、可拉族。哥轄生暗蘭。
59 Bere a Lewi wɔ Misraim no, wɔwoo ɔbabea a ne din de Yokebed. Kehat babarima Amram waree no. Wɔn na wɔwoo Aaron, Mose ne Miriam.
暗蘭的妻名叫約基別,是利未女子,生在埃及。她給暗蘭生了亞倫、摩西,並他們的姊姊米利暗。
60 Aaron woo Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
亞倫生拿答、亞比戶、以利亞撒、以他瑪。
61 Nanso, bere a Nadab ne Abihu de ogya a ɛnyɛ kronkron brɛɛ Awurade no, wowuwui.
拿答、亞比戶在耶和華面前獻凡火的時候就死了。
62 Nnipakan no mu no, na Lewifo nyinaa dodow yɛ mpem aduonu abiɛsa. Wɔkan mmarima a wɔadi fi ɔsram kosi mpanyimfo so. Nanso, wɔammu Lewifo no ano anka Israel nnipakan no ho, efisɛ wɔrekyɛ nsase no ama mmusuakuw no, wɔamma Lewifo no bi.
利未人中,凡一個月以外、被數的男丁,共有二萬三千。他們本來沒有數在以色列人中;因為在以色列人中,沒有分給他們產業。
63 Enti sɛnea Mose ne ɔsɔfo Eleasar fa kyerɛɛ nnipa no ano wɔ Moab bepɔw a ɛbɛn Asubɔnten Yordan a na wɔatwa Yeriko ne no.
這些就是被摩西和祭司以利亞撒所數的;他們在摩押平原與耶利哥相對的約旦河邊數點以色列人。
64 Na saa nnipa yi mu biara nni hɔ a ɔfra wɔn a Mose ne Aaron kan wɔn wɔ Sinai sare so no mu.
但被數的人中,沒有一個是摩西和祭司亞倫從前在西奈的曠野所數的以色列人,
65 Efisɛ Awurade ka kyerɛɛ saa Israelfo no se wobewuwu wɔ sare no so. Anka wɔn mu biara, gye Yefune ba Kaleb ne Nun babarima Yosua.
因為耶和華論到他們說:「他們必要死在曠野。」所以,除了耶孚尼的兒子迦勒和嫩的兒子約書亞以外,連一個人也沒有存留。

< 4 Mose 26 >