< 4 Mose 25 >

1 Bere a Israelfo no tenaa Sitim no, wɔn mu mmarima no bi fii ase ne Moab mmea no bɔɔ aguaman de guu wɔn ho fi.
And Israel abode in Shittim, and the people began to commit incest with the daughters of Moab.
2 Saa mmea yi too nsa frɛɛ wɔn ma wɔkɔbɔɔ afɔre maa wɔn anyame. Wodii Moabfo anyame so afɔrebɔ nnuan na wɔkotow wɔn nso.
And they called the people unto the sacrifices of their gods: and the people did eat, and bowed themselves down to their gods.
3 Enti Baal a ɛwɔ Peor no som bɛyɛɛ ɔhyɛ maa Israelfo. Eyi maa Awurade bo fuw ne nkurɔfo no yiye.
And Israel joined themselves unto Baal-peor; and the anger of the Lord was kindled against Israel.
4 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Fa saa nnipa yi ntuanofo no nyinaa, kunkum wɔn na fa wɔn gu owia so wɔ Awurade anim sɛnea ɛbɛyɛ a, nʼabufuwhyew no befi Israel so.”
And the Lord said unto Moses, Take all the heads of the people, and [cause them to] hang the [guilty] up before the Lord, in the face of the sun, that the fierce anger of the Lord may be turned away from Israel.
5 Enti Mose ka kyerɛɛ Israel atemmufo no no se, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara kunkum mo nkurɔfo a wɔde wɔn ho akɔhyɛ Baal a ɛwɔ Peor no ase no nyinaa.”
And Moses said unto the judges of Israel, Slay ye every one his men that have been joined unto Baal-peor.
6 Na Israelni bi de Midiani bea bi baa wɔn atenae hɔ maa Mose ne nnipa no nyinaa huu wɔn bere a na wogyinagyina Ahyiae Ntamadan pon no ano retwa adwo no.
And, behold, one of the children of Israel came, and brought unto his brethren a Midianitish woman, before the eyes of Moses, and before the eyes of all the congregation of the children of Israel, and these were weeping by the door of the tabernacle of the congregation.
7 Bere a Pinehas a ɔyɛ Eleasar babarima a na ɔyɛ ɔsɔfo Aaron nena huu eyi no, ofii wɔn mu, kɔfaa peaw kitae;
And when Phinehas, the son of Elazar, the son of Aaron the priest, saw it, he rose up from the midst of the congregation, and took a javelin in his hand;
8 na odii Israelni no akyi kɔɔ ntamadan no mu. Ɔde peaw no wɔɔ ɔbarima no san de wɔɔ ɔbea no yafunu mu. Enti ɔyaredɔm a na aba Israelfo no so no to twae;
And he went after the man of Israel into the tent, and thrust both of them through, the man of Israel, and the woman through her body: and the plague was stayed from the children of Israel.
9 nanso saa bere no, na nnipa mpem aduonu anan awuwu dedaw.
And those that died in the plague were twenty and four thousand.
10 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke unto Moses, saying,
11 “Eleasar babarima Pinehas a ɔyɛ ɔsɔfo Aaron nena ayi mʼabufuw afi Israelfo no so. Esiane sɛ wako apere mʼanuonyam wɔ wɔn mu sɛnea mepɛ ayɛ no nti, sɛnea meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛsɛe Israelfo no, magyae.
Phinehas, the son of Elazar, the son of Aaron the priest, hath turned away my wrath from the children of Israel, while he was zealous in my stead in the midst of them, that I consumed not the children of Israel in my indignation.
12 Enti ka kyerɛ no se, me ne no rebɛyɛ asomdwoe apam.
Therefore say, Behold, I give unto him my covenant of peace;
13 Saa apam yi mu, ɔno ne nʼasefo bɛyɛ asɔfo afebɔɔ, efisɛ watwe me ho ninkunu wɔ Israelfo mu de ayɛ mpata ama wɔn.”
And it shall be unto him and unto his seed after him a covenant of an everlasting priesthood; because he was zealous for his God, and made an atonement for the children of Israel.
14 Ɔbarima a wokum no ne Midiani bea no, na ne din de Simri a na ɔyɛ Salu a otua Simeon abusuakuw ano no babarima.
Now the name of the man of Israel that was slain, who was slain with the Midianitish woman, was Zimri, the son of Sahlu, a prince of a family division among the Simeonites.
15 Ɔbea no nso, na ne din de Kosbi a na ɔyɛ Midianhene babarima Sur babea.
And the name of the Midianitish woman that was slain was Cozbi, the daughter of Zur; he was head of tribes, of a family division in Midian.
16 Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
And the Lord spoke unto Moses, saying,
17 “Tow hyɛ Midianfo no so sɛ atamfo na kunkum wɔn.
Attack the Midianites and smite them;
18 Efisɛ wɔfaa mo sɛ atamfo, na wɔdaadaa mo ma mo som Baal a ɛwɔ Peor, ne Kosbi a ɔyɛ Midian ntuanoni babea, a wokum no wɔ Peor ɔyaredɔm da no.”
For they are enemies unto you with their wiles, wherewith they have beguiled you in the matter of Peor, and in the matter of Cozbi, the daughter of a prince of Midian, their sister, who was slain on the day of the plague for the sake of Peor.

< 4 Mose 25 >