< 4 Mose 24 >
1 Afei, Balaam huu sɛ ɛsɔ Awurade ani sɛ ohyira Israel no, wankɔ abisa sɛnea ɔtaa yɛ no; mmom, ɔtoo nʼani hwɛɛ sare no so.
And when Balaam saw that it pleased the LORD to bless Israel, he did not resort to sorcery as on previous occasions, but he turned his face toward the wilderness.
2 Bere a Balaam huu sɛ Israelfo no abobɔ wɔn atenae sɛnea wɔn mmusuakuw te no, Onyankopɔn honhom baa ne so,
When Balaam looked up and saw Israel encamped tribe by tribe, the Spirit of God came upon him,
3 na eyi ne nkɔmhyɛ a ɔmae: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ, nkɔmhyɛ a efi obi a nʼani hu ade yiye,
and he lifted up an oracle, saying: “This is the prophecy of Balaam son of Beor, the prophecy of a man whose eyes are open,
4 nea ɔte Onyankopɔn nsɛm nkɔmhyɛ; nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ; na ɔda fam, a nʼani hu ade:
the prophecy of one who hears the words of God, who sees a vision from the Almighty, who bows down with eyes wide open:
5 “Yakob, mo ntamadan yɛ fɛ, Israel, mo atenae yɛ ahomeka!
How lovely are your tents, O Jacob, your dwellings, O Israel!
6 “Ɛtrɛtrɛw sɛ abon, sɛ nturo a ɛwɔ asubɔnten ho. Wɔte sɛ pɛprɛ a Awurade adua, te sɛ sida a esisi nsu ho.
They spread out like palm groves, like gardens beside a stream, like aloes the LORD has planted, like cedars beside the waters.
7 Nsu bɛsen afi wɔn ahina mu. Wɔn aba benya nsu ama aboro so. “Wɔn hene bɛyɛ kɛse asen Agag; wɔn ahenni bɛkorɔn.
Water will flow from his buckets, and his seed will have abundant water. His king will be greater than Agag, and his kingdom will be exalted.
8 “Onyankopɔn de wɔn fii Misraim na ɛbae; wɔwɔ ahoɔden sɛ wuram nantwi. Wɔsɛe atirimɔdenfo aman na wobubu wɔn nnompe mu asinasin, wɔde wɔn bɛmma wowɔ wɔn.
God brought him out of Egypt with strength like a wild ox, to devour hostile nations and crush their bones, to pierce them with arrows.
9 Wobutuw da sɛ gyata; te sɛ gyatabere, hena na obetumi agyigye wɔn? “Wobehyira wɔn a wohyira wo, na wɔbɛdome wɔn a wɔdome wo.”
He crouches, he lies down like a lion; like a lioness, who dares to rouse him? Blessed are those who bless you and cursed are those who curse you.”
10 Balak bo fuw Balaam. Ɔbɔɔ ne nsam guu ne so kae se, “Mefrɛɛ wo se bɛdome mʼatamfo, nanso woahyira wɔn mprɛnsa yi nyinaa.
Then Balak’s anger burned against Balaam, and he struck his hands together and said to Balaam, “I summoned you to curse my enemies, but behold, you have persisted in blessing them these three times.
11 Fi ha kɔ wo nkyi ntɛm! Mekae se mɛkyɛ wo ade a ɛsom bo nanso, Awurade amma woannya akyɛde no.”
Therefore, flee at once to your home! I said I would richly reward you, but instead the LORD has denied your reward.”
12 Balaam buaa no se, “So manka ankyerɛ abɔfo a wosomaa wɔn baa me nkyɛn no se,
Balaam answered Balak, “Did I not already tell the messengers you sent me
13 ‘Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa koraa a, minni tumi sɛ mɛyɛ biribi atia Awurade ahyɛde, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’ Mmom nea Awurade aka no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.
that even if Balak were to give me his house full of silver and gold, I could not do anything of my own accord, good or bad, to go beyond the command of the LORD? I will speak whatever the LORD says.
14 Afei, meresan akɔ me nkurɔfo nkyɛn. Nanso ma menka nea Israelfo no bɛyɛ wo nkurɔfo no daakye no nkyerɛ wo.”
Now I am going back to my people, but come, let me warn you what this people will do to your people in the days to come.”
15 Eyi ne nkɔmhyɛ a Balaam de mae: “Beor ba Balaam nkɔmhyɛ, nkɔmhyɛ a efi ɔbarima a nʼani hu ade yiye,
Then Balaam lifted up an oracle, saying, “This is the prophecy of Balaam son of Beor, the prophecy of a man whose eyes are open,
16 nea ɔte Onyankopɔn nsɛm no nkɔmhyɛ, nea ɔwɔ nimdeɛ a efi Ɔsorosoroni no hɔ, nea onya anisoadehu a efi Otumfo no hɔ, na ɔda fam, a nʼani hu ade no:
the prophecy of one who hears the words of God, who has knowledge from the Most High, who sees a vision from the Almighty, who bows down with eyes wide open:
17 “Mihu no, nanso ɛnyɛ mprempren; mehwɛ no, nanso ɔmmɛn. Nsoromma bepue afi Yakob mu; ahempema bepue afi Israel mu. Ɔbɛdwerɛw Moabfo ti, Moabfo nyinaa tikora.
I see him, but not now; I behold him, but not near. A star will come forth from Jacob, and a scepter will arise from Israel. He will crush the skulls of Moab and strike down all the sons of Sheth.
18 Wɔbɛfa Edom, na Seir a ɔyɛ ne tamfo no, wobedi ne so nkonim, na Israel bɛkɔ so ayɛ den.
Edom will become a possession, as will Seir, his enemy; but Israel will perform with valor.
19 Ɔhene bi bɛsɔre wɔ Yakob mu ɔno na ɔbɛsɛe kurow no mu nkaefo.”
A ruler will come from Jacob and destroy the survivors of the city.”
20 Afei, Balaam hwɛɛ Amalekfo na ɔhyɛɛ nkɔm: “Amalek na na ɔyɛ aman nyinaa abakan, nanso nʼawiei bɛyɛ ɔsɛe pasaa.”
Then Balaam saw Amalek and lifted up an oracle, saying: “Amalek was first among the nations, but his end is destruction.”
21 Afei, ohuu Kenifo, na ɔhyɛɛ ne nkɔm: “Mo atenae wɔ bammɔ, wɔanwen mo berebuw wɔ abotan mu;
Next he saw the Kenites and lifted up an oracle, saying: “Your dwelling place is secure, and your nest is set in a cliff.
22 Nanso wɔbɛsɛe mo Kenifo bere a Asur fa mo nnommum no.”
Yet Kain will be destroyed when Asshur takes you captive.”
23 Afei ɔhyɛɛ ne nkɔm: “Aa! Sɛ Onyankopɔn yɛ sɛɛ a, hena na ɔbɛtena nkwa mu?
Once more Balaam lifted up an oracle, saying: “Ah, who can live unless God has ordained it?
24 Ahyɛn befi Kipro mpoano aba; wobedi Eber ne Asur so. Nanso wɔn nso, wɔbɛsɛe wɔn pasaa.”
Ships will come from the coasts of Cyprus; they will subdue Asshur and Eber, but they too will perish forever.”
25 Afei, Balaam sɔree na ɔsan kɔɔ ne kurom, na Balak nso kɔɔ ne kwan.
Then Balaam arose and returned to his homeland, and Balak also went on his way.