< 4 Mose 22 >
1 Afei, Israelfo no kɔɔ Moab tataw so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanim no.
Afei, Israelfoɔ no kɔɔ Moab tata so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanimu no.
2 Sipor babarima Balak huu nea Israelfo ayɛ Amorifo no nyinaa,
Sipor babarima Moabhene Balak hunuu deɛ Israelfoɔ ayɛ Amorifoɔ.
3 na Moab huu Israelfo dodow a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfo bɔɔ huboa.
Ɛberɛ a ɔhunuu Israelfoɔ dodoɔ a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfoɔ bɔɔ huboa.
4 Moabfo no ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo no se, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a ɛwɔ ha no, sɛnea nantwi we sare.” Enti Sipor ba Balak a na ɔyɛ Moabhene saa bere no
Ntɛm ara, wɔne Midian mpanimfoɔ tuu agyina. Wɔkaa sɛ, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a wɔhunu sɛdeɛ nantwie we serɛ.” Enti, Moab ɔhene Balak
5 somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Balak kae se, “Nnipadɔm bi fi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔabɛtena abɛn me.
somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Ɔsrɛɛ Balaam sɛ ɔmmɛboa no. Ɔkaa sɛ, “Nnipadɔm bi firi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔrehunahuna me.
6 Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, efisɛ wɔyɛ den sen me. Ebia ɛbɛma matumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afi asase no so. Efisɛ minim nhyira a ɛba wɔn a wuhyira wɔn no so, na minim mmusu a ɛba wɔn a wodome wɔn no so nso.”
Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, ɛfiri sɛ wɔdɔɔso dodo. Ebia metumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afiri asase no so. Na menim nhyira a ɛba wɔn a wohyira wɔn no so, ɛnna menim musuo a ɛba wɔn a wodome wɔn so.”
7 Moab ne Midian mpanyimfo no fii hɔ a na wokita sika a wɔde rekotua Balaam ka ama wadome Israelfo no. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa nea ehia Balak no kyerɛɛ no.
Nnipa a ɔsomaa wɔn no yɛ atitire a wɔfiri Moab ne Midian. Wɔfaa sika sɛ wɔde rekɔtua Balaam ka ama wadome Israelfoɔ. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa deɛ ɛhia Balak kyerɛɛ no.
8 Balaam kae se, “Monna mma ade nkye mo. Ade kye a, nea Awurade bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti Moab mpanyimfo no dae.
Balaam kaa sɛ, “Monna ma adeɛ nkye mo. Adeɛ kye a, deɛ Awurade bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti wɔdaeɛ.
9 Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bebisaa no se, “Saa nnipa yi yɛ hefo?”
Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Saa nnipa yi yɛ ɛhefoɔ?”
10 Obuae se, “Wɔde nkra afi Moabhene Balak nkyɛn abrɛ me se:
Ɔbuaa sɛ, “Wɔfiri Moabhene Balak nkyɛn.
11 Nnipadɔm bi fi Misraim aba ne hye so. Enti bra na bɛdome wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne wɔn ako apam wɔn.”
Na nnipadɔm bi firi Misraim aba ne hyeɛ so, na ɔpɛ sɛ mekɔ hɔ ntɛm so na mekɔdome wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi adi wɔn so.”
12 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, “Nkɔ. Ɛnsɛ sɛ wodome wɔn, efisɛ mahyira wɔn!”
Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɔ. Ɛnsɛ sɛ wodome wɔn, ɛfiri sɛ, mahyira wɔn!”
13 Ade kyee anɔpa no, Balaam ka kyerɛɛ Balak nkurɔfo no se, “Monsan nkɔ fie! Awurade ampene sɛ me ne mo nkɔ.”
Adeɛ kyeeɛ no, anɔpa, Balaam ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Monsane nkɔ fie! Awurade rempene mma mennyɛ saa.”
14 Enti Balak mpanyimfo no san bɛbɔɔ amanneɛ se, “Balaam ne yɛn amma.”
Enti, ɔhene Balak ananmusifoɔ no sane wɔn akyi bɛbɔɔ amaneɛ sɛ ɔse ɔremma.
15 Balak somaa nnipa dodow pa ara a anuonyamfo a wɔkyɛn kan dɔm no fra wɔn mu.
Balak sɔ hwɛɛ bio. Saa ɛberɛ no deɛ, ɔsomaa nnipa dodoɔ pa ara a animuonyamfoɔ a wɔkyɛn kane dɔm no fra wɔn mu.
16 Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Sipor ba Balak se ni, ‘Mma biribiara nsiw wo kwan sɛ wobɛba me nkyɛn,
Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhene Balak se ɔsrɛ wo sɛ bra.
17 efisɛ metua wo ka yiye. Bra na bɛdome saa nnipa no ma me.’”
Ɔbɛhyɛ wo animuonyam na sika biara a wɔbɛgye no no nso, ɔbɛtua. Ka sika a wobɛgye! Ɔse, wo deɛ, bra na bɛdome saa nnipa no ma yɛn.”
18 Nanso, Balaam buae se, “Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa mpo a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛde a Awurade a ɔyɛ me Nyankopɔn no ahyɛ no so.
Nanso, Balaam buaa sɛ, “Sɛ ɔma me ahemfie a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ no ma tɔ koraa a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛdeɛ a Awurade a ɔyɛ me Onyankopɔn no ahyɛ no so.
19 Nanso, monna ha mma ade nkye na yɛnhwɛ sɛ Awurade bɛka asɛm foforo bi aka nea waka dedaw no ho anaa.”
Nanso, monna ha ma adeɛ nkye na yɛnhwɛ sɛ Awurade bɛka asɛm foforɔ bi aka deɛ waka dada no ho anaa.”
20 Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, “Esiane sɛ nnipa no abɛfrɛ wo no nti, Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yiye na yɛ nea mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no nko ara.”
Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam sɛ, “Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yie na yɛ deɛ mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no nko ara.”
21 Ade kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum, tenaa ne so ne Moab mpanyimfo no sii mu.
Adeɛ kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu, tenaa ne so ne wɔn hyɛɛ aseɛ kɔeɛ.
22 Nanso, Onyankopɔn bo fuw Balaam ahopere a ɔde kɔe no; enti ɔsomaa Awurade bɔfo ma ogyinaa akwantemfi sɛ onsiw no kwan. Na Balaam te nʼafurum so a nʼasomfo baanu ka ne ho.
Nanso, Onyankopɔn bo fuu Balaam ahopere a ɔde kɔeɛ no; enti ɔsomaa ɔsoro Awurade ɔbɔfoɔ kɔgyinaa akwantemfi sɛ ɔnkum no wɔ hɔ. Ɛberɛ a Balaam ne asomfoɔ baanu rekorɔ no,
23 Afurum no huu Awurade bɔfo no sɛ okura afoa gyina kwan no mfimfini no, ɔman faa wuram. Balaam hwee no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfa ɔkwan no so.
prɛko pɛ, Balaam afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ ɔkura sekan gyina ɛkwan no mfimfini. Aboa no kwae faa wiram nanso Balaam kaa ne so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛfa ɛkwan mu.
24 Na Awurade ɔbɔfo no gyina ɔkwan hiahiaa bi a ɛwɔ bobeturo afasu abien ntam.
Baabi a na Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ no yɛ bobefuo afasuo mmienu ntam.
25 Bere a afurum no huu Awurade bɔfo no, otwerii ɔfasu no ho maa Balaam nan pemee. Enti Balaam san hwee aboa no.
Ɛberɛ a afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔde ne ho twee ɔfasuo no ho maa Balaam nan pɛkyɛeɛ. Nanso, Balaam kɔɔ so hwee aboa no bio.
26 Afei, Awurade bɔfo no kɔɔ nʼanim kogyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afurum no nnya baabi nnan ne ho mfa nifa anaa benkum.
Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kɔɔ ɛkwan no anafoɔ kɔgyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afunumu no nnya baabi mfa.
27 Enti obutuw ɔkwan no mu. Balaam bo fuw yiye ma ɔde abaa no hwee no.
Enti, ɔbutuu ɛkwan no mu. Balaam de abufuo kaa aboa no mmaa.
28 Afei, Awurade buee afurum no ano, na obisaa Balaam se, “Mayɛ wo dɛn na nti a wohwe me mprɛnsa saa?”
Afei, Awurade hyɛɛ afunumu no ma ɔkasaeɛ! Ɔbisaa ne wura no sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ enti a ɛsɛ sɛ wohwe me mprɛnsa?”
29 Balaam nso buaa no se, “Woama mayɛ ɔkwasea! Na sɛ mikura afoa a, anka mekum wo mprempren.”
Balaam nso buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, woama masɛ ɔkwasea. Na sɛ mekura sekan a, anka mɛkum wo.”
30 Afurum no nso bisaa no se, “Menyɛ wʼafurum a woatena me so daa de abesi nnɛ? So mayɛ sɛɛ pɛn?” Obuae se, “Dabi.”
Afunumu no nso bisaa no sɛ, “Me ne wo tenaeɛ yi, mayɛ sei pɛn?” Ne wura no buaa sɛ, “Dabi.”
31 Afei, Awurade buee Balaam ani ma ohuu ɔsoro bɔfo no sɛ watwe afoa gyina ɔkwan no mfimfini. Enti ɔde nʼanim butuw fam.
Afei, Awurade buee Balaam ani ma ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ no sɛ watwe sekan gyina ɛkwan no mfimfini enti ɔkɔbutuu nʼanim.
32 Awurade bɔfo no bisaa no se, “Adɛn nti na woahwe wʼafurum no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ wʼakwan mu no wunni ahwɛyie wɔ mʼanim.
Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wohwe wʼafunumu no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebɛka ama woagyae, ɛfiri sɛ, worepɛ adeɛ asɛe.
33 Afurum no huu me a ɔman faa nkyɛn mprɛnsa. Sɛ wamman a, anka mekum wo na magyaa no.”
Afunumu no hunuu me mprɛnsa a emu biara ɔkwae faa baabi; anyɛ saa a, anka mɛkum wo na magyaa no.”
34 Balaam ka kyerɛɛ Awurade bɔfo no se, “Mafom. Na minnim sɛ wugyina ɔkwan no mu a worebesiw me kwan. Sɛ wʼani nnye ho a mɛsan akɔ.”
Afei, Balaam ka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ no sɛ, “Mafom. Na mennim sɛ wowɔ hɔ. Sɛ wompɛ sɛ metoa mʼakwantuo no so deɛ a, meresane akɔ efie.”
35 Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko ara na ka.” Enti Balaam ne Balak mpanyimfo no kɔe.
Nanso, Awurade ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko na ka.” Enti Balaam ne wɔn kɔeɛ.
36 Bere a Balak tee sɛ Balaam reba no, ofii kurow no mu kohyiaa no wɔ Moabfo kurow mu wɔ Arnon hye so, wɔ nʼasase ano.
Ɛberɛ a ɔhene Balak tee sɛ Balaam reba no, ɔfirii kuro no mu kɔhyiaa no Asubɔnten Arnon ho wɔ ne hyeɛ so.
37 Balak bisaa Balaam se, “Mamfrɛ wo ɔhare so ana? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? So merentumi ntua wo ka ana?”
Ɔbisaa Balaam sɛ, “Adɛn enti na wokyɛɛ saa? Anaasɛ, mehyɛɛ wo bɔ sɛ mɛhyɛ wo animuonyam no na wonnye nni?”
38 Balaam buae se, “Ɛwɔ mu sɛ maba de, nanso merentumi nka nea mepɛ biara. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ mʼano no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.”
Balaam buaa sɛ, “Ɛwom sɛ maba deɛ, nanso menni tumi biara a mɛka asɛm biara agye asɛm a Onyankopɔn bɛka akyerɛ me sɛ menka no nko na mɛka.”
39 Balaam kaa Balak ho ne no kɔɔ Kiria-Husot.
Balaam kaa ɔhene no ho ne no kɔɔ Kiria-Husot,
40 Balak kum anantwi ne nguan bɔɔ afɔre na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho.
baabi a ɔhene Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔdeɛ na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanimfoɔ sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ no.
41 Ade kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ofi hɔ too nʼani huu sɛ Israelfo no sam wɔn atenae hɔ.
Adeɛ kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ɔfiri hɔ too nʼani hunuu sɛ Israelfoɔ no sam aseɛ hɔ.